< Žalmy 112 >
1 Halelujah. Blahoslavený muž, kterýž se bojí Hospodina, a v přikázaních jeho má velikou líbost.
Monkamfo Awurade. Nhyira nka onipa a osuro Awurade na onya nʼahyɛde mu anigye pii.
2 Mocné na zemi bude símě jeho, rodina upřímých požehnání dojde.
Ne mma bɛyɛ atumfo wɔ asase no so; atreneefo awo ntoatoaso benya nhyira.
3 Zboží a bohatství v domě jeho, a spravedlnost jeho zůstává na věky.
Ahonya ne sika wɔ ne fi, na ne trenee tena hɔ daa.
4 Vzchází ve tmách světlo upřímým, milostivý jest, milosrdný a spravedlivý.
Sum mu mpo hann pue ma nnipa a wɔteɛ, ma ɔdomfo, mmɔborɔhunufo ne ɔnokwafo.
5 Dobrý člověk slitovává se i půjčuje, a řídí své věci s soudem.
Yiyedi bɛba wɔn a wɔn tirim yɛ mmerɛw na wɔde fɛm kwa, wɔn a wɔde atɛntrenee yɛ wɔn nneɛma no so.
6 Nebo nepohne se na věky, v paměti věčné bude spravedlivý.
Ampa ara ɔrenhinhim da biara da; wɔbɛkae onipa trenee daa.
7 Slyše zlé noviny, nebojí se; stálé jest srdce jeho, a doufá v Hospodina.
Ɔte asɛmmɔne a, ɛmmɔ no hu; ne koma si pi wɔ Awurade mu ahotoso mu.
8 Utvrzené srdce jeho nebojí se, až i uzří pomstu na svých nepřátelích.
Ne koma wɔ bammɔ, na onsuro; awiei no ɔde nkonimdi behyia nʼatamfo.
9 Rozděluje štědře, a dává nuzným; spravedlnost jeho zůstává na věky, roh jeho bude vyvýšen v slávě.
Ɔtow nʼakyɛde pete aman so ma ahiafo nea wohia, nʼadɔe no tena hɔ daa; wɔbɛkae wɔn daa na wɔahyɛ wɔn anuonyam.
10 Bezbožný vida to, zlobiti se, zuby svými škřipěti a schnouti bude; žádost bezbožníků zahyne.
Omumɔyɛfo behu ama ayɛ no yaw, ɔbɛtwɛre ne se na wafɔn; omumɔyɛfo tirimpɔw bɛyɛ ɔkwa.