< Matouš 21 >
1 A když se přiblížili k Jeruzalému, a přišli do Betfage k hoře Olivetské, tedy Ježíš poslal dva učedlníky své,
Aka kakra na Yesu ne nʼasuafoɔ no aduru Yerusalem no, wɔbɛnee kuro bi a wɔfrɛ no Betfage a ɛwɔ Ngo Bepɔ no so hɔ no. Ɛhɔ na Yesu somaa nʼasuafoɔ no mu baanu sɛ, wɔnni ɛkan nkɔ.
2 Řka jim: Jdětež do městečka, kteréž proti vám jest, a hned naleznete oslici přivázanou a oslátko s ní. Odvěžtež je a přiveďte ke mně.
Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ moduru hɔ a, mobɛhunu sɛ wɔasa afunumu bi ne ne ba ahoma. Monsane wɔn, na momfa wɔn mmrɛ me.
3 A řekl-liť by kdo co vám, rcete, že Pán jich potřebuje, a hnedť propustí je.
Sɛ obi bisa mo sɛ ɛdeɛn na moreyɛ a, monka nkyerɛ onipa ko no sɛ, ‘Wɔn ho hia Awurade,’ na ntɛm ara ɔbɛma mo de wɔn aba.”
4 Toto se pak všecko stalo, aby se naplnilo povědění skrze proroka, řkoucího:
Wɔyɛɛ yei hyɛɛ tete nkɔmhyɛ a ɛka sɛ,
5 Povězte dceři Sionské: Aj, král tvůj béře se tobě tichý, a sedě na oslici, a na oslátku té jhu podrobené.
“Monka nkyerɛ Ɔbabaa Sion sɛ wo ɔhene reba wo nkyɛn. Ɔdwo, na ɔte afunumu ne, afunumu ba so,” no mu den.
6 I jdouce učedlníci, a učinivše tak, jakž jim byl přikázal Ježíš,
Asuafoɔ baanu no yɛɛ deɛ Yesu ka kyerɛɛ wɔn no.
7 Přivedli oslici i oslátko, a vložili na ně roucha svá, a jej na vrchu na ně posadili.
Wɔde mmoa no brɛɛ no no, wɔde wɔn ntoma sesɛɛ afunumu no so, maa Yesu tenaa ne so.
8 Mnohý pak zástup stlali roucha svá na cestě, jiní pak ratolesti z stromů sekali, a metali na cestu.
Nnipadɔm a wɔwɔ hɔ no bi de wɔn ntoma sesɛɛ ɛkwan a ɔde aboa no nam so no so. Ebinom nso bubuu nnua mman de sesɛɛ ɛkwan no mu saa ara.
9 A zástupové, kteříž s předu i s zadu šli, volali, řkouce: Hosanna synu Davidovu. Požehnaný, kterýž se béře ve jménu Páně. Hosanna na výsostech.
Ɛdɔm no tu teneeɛ de osebɔ teateaam sɛ, “Hosiana Dawid Ba!” “Nhyira ne deɛ ɔnam Awurade din mu reba no.” “Hosiana wɔ ɔsoro nohoa!”
10 A když vjel do Jeruzaléma, zbouřilo se všecko město, řkouce: I kdo jest tento?
Ɛberɛ a ɔduruu Yerusalem no, kuro no nyinaa bɔɔ twi. Ɛhɔfoɔ no bisaa sɛ, “Na hwan ni?”
11 Zástupové pak pravili: Toto jest ten Ježíš, prorok z Nazaréta Galilejského.
Nnipadɔm no buaa sɛ, “Ɛyɛ Yesu, Odiyifoɔ a ɔfiri Nasaret a ɛwɔ Galileaman mu no.”
12 I všel Ježíš do chrámu Božího, a vymítal všecky prodávající a kupující v chrámě, a stoly penězoměnců a stolice prodávajících holubice převracel,
Yesu firii hɔ no, ɔkɔɔ asɔrefie. Ɔduruu hɔ no, ɔpamoo adwadifoɔ a wɔwɔ hɔ no nyinaa, kaa sikasesafoɔ apono nyinaa guu fam, bubuu apata a wɔtɔn mmorɔnoma wɔ mu no nyinaa guiɛ.
13 A řekl jim: Psánoť jest: Dům můj dům modlitby slouti bude, ale vy učinili jste jej peleší lotrovskou.
Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Atwerɛsɛm no ka sɛ, ‘Mʼasɔrefie yɛ beaeɛ a wɔbɔ mpaeɛ.’ Nanso, mo deɛ, mode hɔ ayɛ akorɔmfoɔ atenaeɛ.”
14 I přistoupili k němu slepí a kulhaví v chrámě, a uzdravil je.
Afei anifirafoɔ ne mmubuafoɔ baa ne nkyɛn wɔ asɔrefie hɔ ma ɔsaa wɔn nyinaa yadeɛ.
15 Vidouce pak přední kněží a zákonníci divy, kteréž činil, a dítky, any volají v chrámě a praví: Hosanna synu Davidovu, rozhněvali se.
Nanso, ɛberɛ a asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin bi hunuu anwanwadeɛ yi na wɔtee nso sɛ mmɔfra nkumaa a wɔwɔ asɔrefie hɔ reteateam sɛ, “Nhyira nka Dawid Ba no” no, anyɛ wɔn dɛ.
16 A řekli jemu: Slyšíš-liž, co tito praví? Ježíš pak řekl jim: I ovšem. Nikdá-liž jste nečtli, že z úst nemluvňátek a těch, kteříž prsí požívají, dokonal jsi chválu?
Enti, wɔbisaa Yesu sɛ, “Wote nsɛm a mmɔfra no reka no anaa?” Yesu buaa sɛ, “Aane. Na monkenkanee saa Atwerɛsɛm a ɛka sɛ, “‘Mmɔfra ne nkɔkoaa mpo de wɔn ano kamfo wo’ no da anaa?”
17 A opustiv je, šel ven z města do Betany, a tu zůstal.
Afei, ɔfirii hɔ sane kɔɔ Betania kɔdaa hɔ.
18 Ráno pak navracuje se do města, zlačněl.
Adeɛ kyee anɔpa a ɔresane akɔ Yerusalem no, ɛkɔm dee no.
19 A vida jeden fíkový strom podlé cesty, šel k němu, a nic na něm nenalezl, než lístí toliko. I dí jemu: Nikdy více neroď se z tebe ovoce na věky. I uschl fík ten pojednou. (aiōn )
Ɔhunuu sɛ borɔdɔma dua bi si ɛkwan ho baabi. Ɔkɔɔ hɔ kɔhwɛɛ sɛ borɔdɔma no bi wɔ so, nanso ɔduruu hɔ no, ɔhunuu sɛ nhahan nko ara na ɛwɔ so. Ɔdomee borɔdɔma dua no sɛ, “Ɛfiri ɛnnɛ, worenso aba bio!” Ɛhɔ ara borɔdɔma dua no wuiɛ. (aiōn )
20 A vidouce to učedlníci, divili se, řkouce: Kterak hned usechl fík ten!
Asɛm yi yɛɛ Yesu asuafoɔ no nwanwa ma wɔbisaa no sɛ, “Na ɛyɛɛ ɛdeɛn enti na borɔdɔma dua no so nhahan poroo ntɛm saa?”
21 I odpověděv Ježíš, řekl jim: Amen pravím vám: Budete-li míti víru a nebudete-li pochybovati, netoliko to fíkovému stromu učiníte, ale kdybyste i této hoře řekli: Zdvihni se a vrz sebou do moře, staneť se.
Yesu nso buaa wɔn sɛ, “Nokorɛm, sɛ mowɔ gyidie a ɛnhinhim a, mobɛtumi ayɛ ade korɔ yi ara bi, anaa deɛ ɛkyɛn saa mpo. Anka mobɛtumi aka akyerɛ Ngo Bepɔ yi sɛ, ‘Tutu kɔgu ɛpo mu’, na ɛbɛtutu akɔgu mu nso.
22 A všecko, zač byste koli prosili na modlitbě, věříce, vezmete.
Biribiara a mode gyidie bɛbisa wɔ mpaeɛbɔ mu no, mo nsa bɛka.”
23 A když přišel do chrámu, přistoupili k němu přední kněží a starší lidu, když učil, řkouce: Jakou mocí tyto věci činíš? A kdo tobě tu moc dal?
Yesu sane kɔɔ asɔrefie hɔ a ɔrekyerɛkyerɛ no, asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin baa ne kyɛn bɛbisaa no tumi ko a ɔgyina so pamoo adwadifoɔ ne sikasesafoɔ no firii asɔrefie hɔ no.
24 Odpovídaje pak Ježíš, řekl jim: Otížiť se i já vás na jednu věc, kterouž povíte-li mi, i já vám povím, jakou mocí tyto věci činím?
Yesu kaa sɛ, “Merebɛbisa mo asɛm baako bi, na mommua me ansa.
25 Křest Janův odkud byl? S nebe-li, čili z lidí? A oni rozvažovali mezi sebou, řkouce: Díme-li s nebe, díť nám: Proč jste pak nevěřili jemu?
Onyankopɔn na ɔsomaa Yohane Osubɔni anaa ɛnyɛ ɔno?” Wɔdwennwenee ho kaa sɛ, “Sɛ yɛka sɛ ‘Ɛfiri Onyankopɔn’ a, wɔbɛbisa yɛn deɛ enti a yɛannye deɛ Yohane kaeɛ no annie?
26 Pakli díme: Z lidí, bojíme se zástupu. Nebo všickni mají Jana za proroka.
Na sɛ yɛka sɛ, ‘Ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔsomaa no’ nso a, ɛdɔm no bɛha yɛn ɛfiri sɛ, wɔn nyinaa nim sɛ Yohane yɛ odiyifoɔ.”
27 I odpovídajíce Ježíšovi, řekli: Nevíme. Řekl jim i on: Aniž já vám povím, jakou mocí tyto věci činím.
Enti, wɔn mmuaeɛ a wɔmaeɛ ara ne sɛ, “Yɛnnim!” Ɛhɔ ara na Yesu nso kaa sɛ, “Sɛ monnim deɛ a, me nso meremmua mo.”
28 Ale co se vám zdá? Člověk jeden měl dva syny. A přistoupiv k prvnímu, řekl: Synu, jdi na vinici mou dnes, a dělej.
Yesu kaa sɛ, “Saa asɛm a merebɛka yi modwene ho sɛn? Ɔbarima bi wɔ mmammarima baanu. Ɔka kyerɛɛ wɔn mu panin no sɛ, ‘Me ba, ɛnnɛ kɔ mʼafuom na kɔyɛ adwuma wɔ hɔ.’
29 Ale on odpověděv, řekl: Nechci. A potom usmysliv sobě, šel.
“Ne ba no kaa sɛ, ‘Merenkɔ,’ nanso akyire yi, ɔsesaa nʼadwene na ɔkɔeɛ.
30 I přistoupiv k druhému, řekl též. A on odpověděv, řekl: Jdu, pane. Ale nešel.
“Afei agya no ka kyerɛɛ akumaa no sɛ, ‘Wo nso kɔ.’ Ɔno nso kaa sɛ, ‘Agya, mate, mɛkɔ.’ Nanso wankɔ.
31 Který z těch dvou naplnil vůli otcovu? Řekli jemu: Ten první. Dí jim Ježíš: Amen pravím vám, že publikáni a nevěstky předcházejí vás do království Božího.
“Saa mmɔfra baanu yi mu hwan na ɔtie nʼagya asɛm?” Wɔbuaa sɛ, “Ne ba panin no a.” Afei, Yesu kyerɛɛ asɛm no ase sɛ, “Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ abɔnefoɔ ne nnwamanfoɔ bɛkɔ Ɔsoro Ahennie mu ansa na moakɔ.
32 Nebo přišel k vám Jan cestou spravedlnosti, a nevěřili jste mu, ale publikáni a nevěstky uvěřili jemu. Vy pak viděvše to, aniž jste potom usmyslili sobě, abyste věřili jemu.
Ɛfiri sɛ, Yohane baa mo nkyɛn sɛ ɔrebɛkyerɛ mo tenenee kwan, na moannye no anni. Nanso ɔtogyefoɔ ne nnwamanfoɔ gyee no diiɛ. Na mohunuu yei mpo no, moansakyera mo adwene, na moannye no anni.”
33 Jiné podobenství slyšte: Byl jeden hospodář, kterýž vzdělal vinici, a opletl ji plotem, a vkopal v ní pres, a ustavěl věži, i pronajal ji vinařům, a odšel pryč přes pole.
Yesu buu wɔn bɛ foforɔ bi sɛ, “Ɛda bi, ɔbarima bi a ɔwɔ bobefuo a wagye ban afa ho, na watu amena a wɔkyi nsã wɔ mu, de afuo no gyaa akuafoɔ bi. Yei akyi no, ɔtuu ɛkwan kɔɔ ɔman foforɔ bi so.
34 A když se přiblížil čas ovoce, poslal služebníky své k vinařům, aby vzali užitky její.
Ɛduruu ɛberɛ a bobe no bereeɛ a ɛsɛ sɛ wɔteɛ no, ɔsomaa ne ho nnipa baa akuafoɔ no hɔ sɛ wɔmmɛgye ne kyɛfa mmrɛ no.
35 Vinaři pak zjímavše služebníky jeho, jiného zmrskali, jiného zabili, a jiného ukamenovali.
“Wɔduruu hɔ ara pɛ na akuafoɔ no to hyɛɛ nnipa no so, boroo ɔbaako, kum ɔbaako ɛnna wɔsii ɔbaako nso aboɔ.
36 Opět poslal jiných služebníků více než prvé. I učinili jim též.
Afei, ɔsane somaa nnipa a wɔn dodoɔ sene wɔn a ɔsomaa wɔn kane no sɛ wɔnkɔ akuafoɔ no nkyɛn, nanso asɛm korɔ no ara bi na ɛsiiɛ.
37 Naposledy pak poslal k nim syna svého, řka: Ustýdnouť se syna mého.
Yei akyi, ɔsomaa ɔno ankasa ne ba akuafoɔ no nkyɛn susuu sɛ, wɔde anidie bɛma no.
38 Vinaři pak uzřevše toho syna, řekli mezi sebou: Tentoť jest dědic; poďte, zabíme jej, a uvažme se v dědictví jeho.
“Nanso, akuafoɔ no hunuu sɛ ne ba no afiti reba pɛ, wɔfaa ne ho adwene kaa sɛ, ‘Ɔdedifoɔ no na ɔreba no; momma yɛnkum no, na yɛmfa afuo no!’
39 I chytivše ho, vyvrhli jej ven z vinice, a zabili.
Ɛhɔ ara, wɔtwee no firii afuo no mu, kɔkumm no too baabi.
40 Protož když přijde pán vinice, co učiní vinařům těm?
“Sɛ afuowura no sane ba a, mogye di sɛ ɛdeɛn na ɔbɛyɛ saa akuafoɔ no?”
41 Řekli jemu: Zlé ty zle zatratí, a vinici svou pronajme jiným vinařům, kteříž budou vydávati jemu užitek časy svými.
Yudafoɔ mpanin no buaa sɛ, “Ɔno nso bɛkum saa atirimuɔdenfoɔ no na ɔde afuo no ama akuafoɔ foforɔ a wɔde ne kyɛfa bɛma no ɛberɛ a ɛsɛ mu.”
42 Řekl jim Ježíš: Nikdy-li jste nečtli v písmích: Kámen, kterýž zavrhli dělníci, ten učiněn jest v hlavu úhlovou? Ode Pána stalo se toto, a jest divné před očima našima.
Yesu bisaa wɔn bio sɛ, “Monkanee Twerɛsɛm no mu da sɛ, “‘Ɛboɔ a adansifoɔ apo no ɛno ara na abɛyɛ ɛdan no ntweaso tiboɔ. Awurade na wayɛ yei, na ɛyɛ nwanwa wɔ yɛn ani so?’
43 Protož pravím vám, že bude odjato od vás království Boží, a bude dáno lidu činícímu užitky jeho.
“Deɛ mereka ara ne sɛ, wɔbɛgye Onyankopɔn Ahennie no afiri mo nsam de akɔma ɔman foforɔ a wɔbɛbu nʼafudeɛ no ho nkonta pa akyerɛ no.
44 A kdož by padl na ten kámen, rozrazíť se; a na kohož upadne, setřeť jej.
Wɔn a wɔbɛhwe saa botan yi so no mu bɛbubu, na deɛ nokorɛ no bɛhwe ne so no nso bɛpɛkyɛ.”
45 A slyšavše přední kněží ta podobenství jeho, porozuměli, že by o nich mluvil.
Ɛberɛ a asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin no tee aseɛ sɛ Yesu asɛm a ɔreka no fa wɔn ho no,
46 I hledajíce ho jíti, báli se zástupů; nebo ho měli za proroka.
wɔpɛɛ sɛ wɔyɛ no bɔne, nanso na wɔsuro ɛdɔm no ɛfiri sɛ, na wɔagye Yesu atom sɛ ɔyɛ Odiyifoɔ.