< Matouš 17 >

1 A po šesti dnech pojal Ježíš Petra a Jakuba a Jana bratra jeho, i uvedl je na horu vysokou soukromí,
Nnansia akyi no Yesu faa Petro, Yakobo ne ne nua Yohane de wɔn kɔɔ bepɔw tenten bi a so yɛ dinn atifi.
2 A proměnil se před nimi. I zastkvěla se tvář jeho jako slunce, roucho pak jeho učiněno bílé jako světlo.
Wɔwɔ hɔ no, wohuu sɛ ne nipadua asakra ama nʼanim ahyerɛn sɛ owia, ma nʼatade ayɛ fitafita sɛ nwera.
3 A aj, ukázali se jim Mojžíš a Eliáš, rozmlouvající s ním.
Prɛko pɛ, Mose ne Elia bepuee hɔ a na wɔne Yesu rekasa.
4 A odpověděv Petr, řekl Ježíšovi: Pane, dobré jest nám tuto býti. Chceš-li, uděláme tuto tři stánky, tobě jeden a Mojžíšovi jeden a Eliášovi jeden.
Petro kae se, “Awurade, ɛyɛ nwonwa sɛ yɛn nso yɛwɔ ha bi. Sɛ wopɛ a, anka mɛbɔ asese abiɛsa na mede baako ama wo, na mede baako ama Mose, na mede baako ama Elia.”
5 Když pak on ještě mluvil, aj, oblak světlý zastínil je. A aj, hlas z toho oblaku řkoucí: Tentoť jest ten můj milý Syn, v němž mi se dobře zalíbilo, toho poslouchejte.
Petro gu so rekasa no, omununkum hann bi bɛkataa wɔn so na nne bi fi omununkum no mu kae se, “Oyi ne me Dɔba a ɔsɔ mʼani. Muntie no!”
6 To uslyšavše učedlníci, padli na tváři své a báli se velmi.
Asuafo no tee nne no, wɔbɔɔ hu ma wɔde wɔn anim butubutuw fam.
7 A přistoupiv Ježíš, dotekl se jich, řka: Vstaňte a nebojte se.
Yesu baa wɔn nkyɛn, besusoo wɔn mu kae se, “Monsɔre! Munnsuro!”
8 Pozdvihše pak očí svých, žádného neviděli, než samého Ježíše.
Wɔmaa wɔn ani so no, wɔanhu obiara sɛ Yesu nko ara.
9 Když pak sstupovali s té hory, přikázal jim Ježíš, řka: Žádnému nepravte tohoto vidění, dokudž by Syn člověka nevstal z mrtvých.
Ɛbaa sɛ wɔresian afi bepɔw no so no, Yesu bɔɔ wɔn ano se, “Monnka nea moahu no nkyerɛ obiara kosi sɛ menyan afi awufo mu.”
10 I otázali se ho učedlníci jeho, řkouce: Což to pak zákonníci praví, že má Eliáš prvé přijíti?
Yesu asuafo no bisaa no se, “Adɛn nti na daa Yudafo mpanyin ka ti mu se, ɛsɛ sɛ Elia san ba ansa na Agyenkwa no aba?”
11 Ježíš pak odpovídaje, řekl jim: Eliáš zajisté přijde prvé, a napraví všecky věci.
Yesu buaa wɔn se, “Nea wɔreka no wɔ mu. Ɛsɛ sɛ Elia di kan ba bɛtoto nneɛma yiye.
12 Ale pravím vám, že Eliáš již přišel, a však nepoznali ho, ale učinili mu, což chtěli. Takť i Syn člověka trpěti bude od nich.
Na nokware ni, Elia aba dedaw na wɔanhu no, na dodow no ara ne no anni no yiye. Na me, Agyenkwa no nso, mehu amane wɔ wɔn nsam saa ara.”
13 Tedy srozuměli učedlníci, že jim to pravil o Janovi Křtiteli.
Afei asuafo no hui sɛ Osuboni Yohane ho asɛm na ɔreka no.
14 A když přišli k zástupu, přistoupil k němu člověk, a poklekl před ním na kolena,
Bere a osian duu bepɔw no ase no, ohuu sɛ nnipadɔm retwɛn no. Ɔbarima bi bebuu Yesu nkotodwe kae se,
15 A řekl: Pane, smiluj se nad synem mým, nebo náměsičník jest, a těžce se trápí. Často zajisté padá do ohně a častokrát do vody.
“Owura, hu me ba bi a otwa mmɔbɔ, efisɛ ɔwɔ ɔhaw kɛse mu. Sɛ otwa no ba a, etumi twa no hwe ogya anaa nsu mu.
16 I přivedl jsem ho učedlníkům tvým, ale nemohli ho uzdraviti.
Enti mede no brɛɛ wʼasuafo no sɛ wɔnsa no yare; nanso wɔantumi.”
17 Odpovídaje pak Ježíš, řekl: Ó národe nevěrný a převrácený, dokud budu s vámi? Dokudž vás snášeti budu? Přiveďte mi jej sem.
Yesu kae se, “Mo nnɛ mma asoɔdenfo a munni gyidi! Me ne mo ntena nkosi da bɛn? Momfa no mmrɛ me wɔ ha.”
18 I přimluvil tomu ďábelství Ježíš. I vyšlo od něho; a uzdraven jest ten mládenec v tu hodinu.
Yesu teɛteɛɛ honhommɔne a ɛwɔ abarimaa no mu no ma etu fii ne mu ma amono mu hɔ ara ne ho tɔɔ no.
19 Tedy přistoupivše učedlníci k Ježíšovi soukromí, řekli: Proč jsme my ho nemohli vyvrci?
Afei asuafo no baa Yesu nkyɛn wɔ kokoa mu bebisaa no se, “Adɛn nti na yɛantumi antu honhommɔne no?”
20 Ježíš pak řekl jim: Pro nevěru svou. Amen zajisté pravím vám: Budete-li míti víru jako zrno horčičné, díte hoře této: Přejdi odsud tam, i přejde, a nebudeť vám nic nemožného.
Yesu buaa wɔn se, “Efisɛ mo gyidi sua.” Ɔtoaa so se, “Sɛ mowɔ gyidi sɛ onyaa abaa esua koraa no a, anka mubetumi aka akyerɛ bepɔw yi se, ‘Tutu kɔ nohɔ!’ na ebetutu akɔ akyirikyiri.
21 Toto pak pokolení nevychází, jediné skrze modlitbu a půst.
Na saa honhommɔne a ɛte sɛɛ yi de, ɛrentumi ntu da, gye sɛ monam mpaebɔ ne mmuadadi so.”
22 A když byli v Galilei, řekl jim Ježíš: Syn člověka bude vydán v ruce lidské,
Da bi a Yesu ne nʼasuafo no wɔ Galilea no, ɔka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Wɔrebeyi Onipa Ba no de no ahyɛ wɔn a
23 A zamordujíť jej, ale třetího dne z mrtvých vstane. I zarmoutili se náramně.
wɔwɔ tumi no nsa, na wɔakum no na ne nnansa so no, wanyan aba nkwa mu bio.” Asuafo no tee saa asɛm yi no, wɔn werɛ howee, na wɔn koma nso tui.
24 A když přišli do Kafarnaum, přistoupili ku Petrovi ti, kteříž plat vybírali, a řekli: Což mistr váš nedává platu?
Bere a wobeduu Kapernaum no nso, ɛhɔ asɔre no mu towgyefo baa Petro nkyɛn bebisaa no se, “Enti wo wura tua tow?”
25 A on řekl: Dává. A když přišel domů, předšel jej Ježíš, řka: Co se tobě zdá, Šimone? Králové zemští od kterých berou daň aneb plat? Od synů-li svých, čili od cizích?
Petro buaa no se, “Yiw otua.” Petro fii hɔ no, ɔkɔɔ fie kɔbɔɔ Yesu amanneɛ a ɛfa towtua no ho. Yesu amma nʼano ansi koraa na obisaa no se, “Na wo Petro, wo nso wudwen ho dɛn? Ahemfo twa tow ma wɔn ara wɔn manfo tua anaasɛ wotwa ma ahɔho a wodi wɔn so no?”
26 Dí jemu Petr: Od cizích. I řekl mu Ježíš: Tedy synové jsou svobodní.
Petro buaa se, “Wotwa tow no ma ahɔho no.” Yesu nso buae se, “Petro mo! Ɛno de na ɛnsɛ sɛ ɔman mma no tua tow biara.
27 Ale abychom jich nepohoršili, jda k moři, vrz udici, a tu rybu, kteráž nejprvé uvázne, vezmi, a otevra ústa její, nalezneš groš. Ten vezma, dej jim za mne i za sebe.
Na mmom, esiane sɛ mempɛ sɛ wɔfa yɛn ho abufuw no nti, kɔ asu no mu kɔto darewa. Apataa a wubeyi no adi kan no, bue nʼanom. Wubehu sika a ɛbɛso me ne wo tow no tua sɛ ɛhyɛ nʼanom; yi na fa kotua ma wɔn.”

< Matouš 17 >