< Ezdráš 10 >

1 Když se pak Ezdráš, padna před domem Božím, tak modlil a vyznával s pláčem, sešel se k němu z lidu Izraelského zástup velmi veliký mužů i žen i dětí. A když plakal lid pláčem velikým,
Ɛberɛ a Ɛsra bɔɔ mpaeɛ, kaa saa bɔne yi no, na ɔresu de ne ho toto fam wɔ Onyankopɔn Asɔredan no anim. Na nnipadɔm a wɔyɛ Israelfoɔ, mmarima, mmaa ne mmɔfra bɛkaa ne ho ne no twaa adwo.
2 Tedy mluvil Sechaniáš syn Jechielův z synů Elamových, a řekl Ezdrášovi: Myť jsme zhřešili proti Bohu svému, že jsme pojímali ženy cizozemky z národů zemí, a však vždy Izrael může míti naději při té věci.
Na Yehiel babarima Sekania a ɔyɛ Elam aseni no ka kyerɛɛ Ɛsra sɛ, “Yɛpae mu ka sɛ yɛanni yɛn Onyankopɔn nokorɛ, ɛfiri sɛ, yɛawareware abosonsomfoɔ mmaa a wɔwɔ asase no so. Nanso, yei akyi no, anidasoɔ wɔ hɔ ma Israel.
3 Nyní tedy vejděme v smlouvu s Bohem svým, zapudíce všecky ženy i syny jejich podlé rady Páně a těch, jenž se třesou před přikázaním Boha našeho, a tak podlé zákona ať se stane.
Afei, momma yɛne yɛn Onyankopɔn nyɛ apam, na yɛnnyaa yɛn yerenom abosonsomfoɔ no awadeɛ, na yɛmpam wɔne wɔn mma. Yɛbɛtie afotuo a wo ne afoforɔ a wɔdi yɛn Onyankopɔn mmara no so de ama yɛn. Yɛbɛdi Onyankopɔn mmara no so.
4 Vstaň, nebo na tobě jest ta věc, a my budeme při tobě. Posilň se a učiň tak.
Ma wo bo nyɛ duru, ɛfiri sɛ, ɛyɛ wʼasɛdeɛ sɛ wokyerɛ yɛn ɛkwan a yɛbɛfa so ama biribiara akɔ so tee, na yɛde yɛn ahoɔden nyinaa bɛboa.”
5 I vstal Ezdráš a zavázal přísahou přednější kněží a Levíty a všecken lid Izraelský, aby tak učinili. I přisáhli.
Na Ɛsra sɔre gyinaeɛ, na ɔhyɛɛ sɛ asɔfoɔ no ntuanofoɔ, Lewifoɔ ne Israelfoɔ nyinaa nka ntam sɛ, wɔbɛyɛ deɛ Sekania aka no. Na wɔn nyinaa kaa ntam a ano yɛ den.
6 A vstav Ezdráš od domu Božího, odšel do pokojíka Jochananova, syna Eliasibova, i všel tam, a nejedl chleba, ani vody nepil; nebo zámutek měl pro přestoupení těch, jenž se přestěhovali.
Na Ɛsra sɔre firii Onyankopɔn Asɔredan no anim kɔɔ Eliasib babarima Yehohanan dan mu. Ɔdaa hɔ, nanso wannidi annom. Na ɔda so di awerɛhoɔ ɛsiane asutwafoɔ a wɔasane aba no nokorɛ a wɔannie no enti.
7 Zatím dali provolati v Judstvu a v Jeruzalémě všechněm přestěhovaným, aby se shromáždili do Jeruzaléma,
Afei, wɔbɔɔ dawuro Yuda ne Yerusalem nyinaa sɛ, asutwafoɔ a wɔasane aba no nyinaa mmra Yerusalem.
8 Kdo by pak koli nepřišel ve třech dnech, podlé rady knížat a starších, aby všecken statek svůj propadl, a sám odloučen byl od shromáždění přestěhovaných.
Na wɔn a wɔamma nnansa ntam no, sɛ ntuanofoɔ ne mpanimfoɔ pɛ a, wɔde wɔn nsa bɛto wɔn agyapadeɛ so, na wɔapam wɔn afiri asutwafoɔ no mu.
9 A protož shromáždili se všickni muži Judští i Beniamin do Jeruzaléma ke dni třetímu, dvadcátého dne měsíce, (a ten měsíc byl devátý). I seděl všecken lid na ulici domu Božího, třesouce se pro tu věc i pro déšť.
Nnansa ntam no, na Yudafoɔ ne Benyaminfoɔ aboa wɔn ho ano wɔ Yerusalem. Asɛm yi sii wɔ Kislew bosome (bɛyɛ Ɔpɛnima) da a ɛtɔ so dunkron, na wɔn nyinaa tenatenaa adwaberem hɔ wɔ Onyankopɔn Asɔredan no anim. Na wɔn ho repopo, ɛfiri sɛ, deɛ ɛdi ɛkan no, na asɛm no mu yɛ duru, na deɛ ɛtɔ so mmienu no, na osuo nso retɔ.
10 Tedy vyvstal Ezdráš kněz a řekl k nim: Vy jste zhřešili, že jste pojímali ženy cizozemky, abyste přidali k provinění lidu Izraelského.
Na ɔsɔfoɔ Ɛsra sɔre gyina kaa sɛ, “Moayɛ bɔne, ɛfiri sɛ, moawareware abosonsomfoɔ mmaa. Enti seesei, yɛwɔ afɔbuo a ano yɛ den mu sene kane deɛ no.
11 Protož již vyznejte se Hospodinu Bohu otců svých, a čiňte vůli jeho, a oddělte se od národů cizích, i od žen cizozemek.
Mompae mu nka mo bɔne nkyerɛ Awurade, mo agyanom Onyankopɔn, na monyɛ nʼapɛdeɛ. Monte mo ho mfiri nnipa a wɔwɔ asase no so ne abosonsomfoɔ mmaa no ho.”
12 I odpovědělo všecko to shromáždění, a řekli hlasem velikým: Podlé slova tvého povinni jsme tak učiniti.
Afei badwa no nyinaa maa wɔn nne so kaa sɛ, “Ampa, wʼasɛm no yɛ nokorɛ. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ deɛ woaka no.
13 Ale lidu mnoho jest, a prška, a nemůžeme vně státi. K tomu není ta práce jednoho dne ani dvou, nebo mnoho jest nás, kteříž jsme v tom přestoupili.
Wɔtoaa so sɛ: Yei nyɛ da koro anaa nnanu adwuma, ɛfiri sɛ, yɛn mu bebree na saa bɔne kɛseɛ yi ka yɛn. Saa ɛberɛ yi yɛ osutɔberɛ, enti yɛrentumi ntena ha nkyɛre.
14 Nechť jsou postavena, prosíme, knížata naše ze všeho shromáždění, a kdož koli jest v městech našich, kterýž pojal ženy cizozemky, ať přijde v čas uložený, a s nimi starší z jednoho každého města i soudcové jejich, až bychom tak odvrátili hněv prchlivosti Boha našeho od sebe pro tu věc.
Momma yɛn mpanimfoɔ nsi yɛn anan nyɛ biribiara. Obiara a ɔware ɔbosonsomni baa no ne ntuanofoɔ ne atemmufoɔ a wɔwɔ kuro yi mu bɛhyia ɛberɛ a yɛahyɛ no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Onyankopɔn abufuhyeɛ a ɛfa saa asɛm yi ho no bɛfiri yɛn so.”
15 Takž Jonatan syn Azahelův, a Jachziáš syn Tekue, postaveni byli nad tím, Mesullam pak a Sabbetai, Levítové, pomáhali jim.
Asahel babarima Yonatan ne Tikwa babarima Yahasia na wɔtiaa saa asɛm yi mu, na Mesulam ne Sabetai a ɔyɛ Lewini no foaa wɔn so.
16 Tedy učinili tak při těch, jenž přestěhováni byli. I odděleni jsou Ezdráš kněz a muži přední čeledí otcovských po domích otců svých, všickni ti ze jména, a zasedli prvního dne měsíce desátého, aby to vyhledali.
Enti, yei ne nhyehyɛeɛ a wɔfaa so. Ɛsra yii ntuanofoɔ maa wɔsii wɔn mmusua anan, na ɔde edin bi too ntuanoni biara so. Bosome Kislew (bɛyɛ Ɔpɛnimaa) da a ɛtɔ so aduonu nkron no, ntuanofoɔ no tenaa ase hwehwɛɛ asɛm no mu.
17 Což i konali při všech mužích, kteříž byli pojali ženy cizozemky, až do prvního dne prvního měsíce.
Afe a ɛdi so no mu, Abib bosome (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛtɔ so aduonu nson no na wɔawie mmarima a wɔawareware abosonsomfoɔ mmaa no nyinaa ho asɛnka.
18 Našli se pak z synů kněžských, jenž zpojímali ženy cizozemky tito: Z synů Jesua syna Jozadakova, a z bratří jeho: Maaseiáš, Eliezer, Jarib a Gedaliáš.
Asɔfoɔ a na wɔawareware abosonsomfoɔ no din nie: Yosadak babarima Yesua ne ne nuammarimanom: Maaseia, Elieser, Yarib ne Gedalia.
19 Ale povolili, aby zapudili ženy své. A ti, kteříž provinili, obětovali skopce z stáda za vinu svou.
Wɔkaa ntam sɛ wɔbɛgyaa wɔn yerenom, wɔn mu biara gyee nʼafɔdie too mu, na wɔde nnwennini bɛbɔɔ ɛfɔdie ho afɔdeɛ.
20 A z synů Immer: Chanani a Zebadiáš.
Imer abusua mu no: Hanani ne Sebadia.
21 Z synů Charim: Maaseiáš, Eliah, Semaiáš, Jechiel a Uziáš.
Harim abusua mu no: Maaseia, Elia, Semaia, Yehiel ne Usia.
22 Z synů Paschur: Elioenai, Maaseiáš, Izmael, Natanael, Jozabad a Elasa.
Pashur abusua mu no: Elioenai, Maaseia, Ismael, Netanel, Yosabad ne Elasa.
23 A z Levítů: Jozabad, Simei, Kelaiáš, (jenž jest Kelita), Petachiáš, Juda a Eliezer.
Yeinom ne Lewifoɔ a na afɔdie da wɔn so: Yosabad, Simei, Kelaia, Kelita, Petahia, Yuda ne Elieser.
24 Z zpěváků pak Eliasib, a z vrátných Sallum, Telem a Uri.
Dwomtofoɔ a na afɔdie da ne so no yɛ: Eliasib. Yeinom ne aponoanohwɛfoɔ a na afɔdie da wɔn so: Salum, Telem ne Uri.
25 A z lidu Izraelského, z synů Faresových: Ramiáš, Jeziáš, Malkiáš, Miamin, Eleazar, Malkiáš a Benaiáš.
Yeinom ne nnipa bi a wɔyɛ Israelfoɔ a na afɔdie da wɔn so: Paros abusua mu no: Ramia, Yisia, Malkia, Miamin, Eleasa, Malkia ne Benaia.
26 Z synů Elamových: Mataniáš, Zachariáš, Jechiel, Abdi, Jeremot a Eliah.
Elam abusua mu no: Matania, Sakaria, Yehiel, Abdi, Yeremot ne Elia.
27 Z synů Zattu: Elioenai, Eliasib, Mataniáš, Jeremot, Zabad, a Aziza.
Satu abusua mu no: Elioenai, Eliasib, Matania, Yeremot, Sabad ne Asisa.
28 Též z synů Bebai: Jochanan, Chananiáš, Zabbai, Atlai.
Bebai abusua mu no: Yehohanan, Hanania, Sabai ne Atlai.
29 Z synů Báni: Mesullam, Malluch, Adaiáš, Jasub, Seal, Jeramot.
Bani abusua mu no: Mesulam, Maluk, Adaia, Yasub, Seal ne Yeremot.
30 Z synů Pachat Moábových: Adna a Chélal, Benaiáš, Maaseiáš, Mataniáš, Bezaleel, Binnui a Manasse.
Pahat-Moab abusua mu no: Adna, Kelal, Benaia, Maaseia, Matania, Besaleel, Binui ne Manase.
31 Z synů Charimových: Eliezer, Isiáš, Malkiáš, Semaiáš, Simeon,
Harim abusua mu no: Elieser, Yisia, Malkia Semaia ne Simeon.
32 Beniamin, Malluch, Semariáš.
Benyamin, Maluk ne Semaria.
33 Z synů Chasumových: Mattenai, Mattata, Zabad, Elifelet, Jeremai, Manasses, Simei.
Hasum abusua mu no: Matenai, Matata, Sabad, Elifelet, Yeremai, Manase ne Simei.
34 Z synů Báni: Maadai, Amram, Uel,
Bani abusua mu no: Maadai, Amram ne Uel,
35 Benaiáš, Bediáš, Keluhu,
Benaia, Bedeia, Keluhi,
36 Vaniáš, Meremot, Eliasib,
Wania, Meremot, Eliasib,
37 Mattaniáš, Mattenai, Jaasav,
Matania, Matenai ne Yaasu.
38 Báni, Binnui, Simei,
Binui abusua mu no: Simei,
39 Selemiáš, Nátan a Adaiáš,
Selemia, Natan, Adaia,
40 Machnadbai, Sasai, Sarai,
Maknadebai, Sasai, Sarai,
41 Azarel, Selemiáš, Semariáš,
Asarel, Selemia, Semaria,
42 Sallum, Amariáš a Jozef.
Salum, Amaria ne Yosef.
43 Z synů Nébových: Jehiel, Mattitiáš, Zabad, Zebina, Jaddav, Joel a Benaiáš.
Nebo abusua mu no: Yeiel, Matitia, Sabad, Sebina, Yadau, Yoɛl ne Benaia.
44 Ti všickni pojali byli ženy cizozemky, a byly z těch žen některé, že i děti zplodily.
Na mmarima yi mu biara aware ɔbosonsomni baa a na wɔn mu bi mpo ne wɔn yerenom yi wɔ mma.

< Ezdráš 10 >