< Ezechiel 45 >
1 Když pak ujmete zemi v dědictví, obětovati budete obět Hospodinu, díl svatý té země, zdélí pětmecítma tisíc loket, zšíří pak deset tisíc, a budeť svatý po všem pomezí svém vůkol.
“‘Sɛ mokyekyɛ asase no mu sɛ agyapade a, ɛsɛ sɛ mode fa bi ma Awurade sɛ ɔmantam kronkron a ne tenten yɛ anammɔn mpem aduasa ason ne ahanum, na ne trɛw nso yɛ anammɔn mpem aduasa; saa beae no nyinaa bɛyɛ kronkron.
2 Z něhož bude místo svaté pět set zdélí, a pět set zšíří, čtyřhrané vůkol, a ať má padesáte loket prostranství vůkol.
Wobegyaw asase yi mu bi a ɛyɛ ahinanan a ne fa biara yɛ anammɔn ahanson ne aduonum ama kronkronbea, na mfikyisase a atwa ho ahyia no trɛw yɛ anammɔn aduɔson anum.
3 Z toho pak odměření odměříš dýlku pětmecítma tisíc loket, a šířku deset tisíc, aby na něm byla svatyně, i svatyně svatých.
Munsusuw ɔmantam kronkron asase no mu bi a ne tenten yɛ anammɔn mpem aduasa ason ne ahannum na ne trɛw nso yɛ anammɔn mpem dunum. Ɛhɔ na wobesi kronkronbea, Kronkron Mu Kronkron no.
4 Díl ten země svatý jest. Kněží služebníků při svatyni býti má, těch, kteříž přistupují, aby přisluhovali Hospodinu, aby měli místo pro domy i místo svaté pro svatyni.
Ɛbɛyɛ asase no fa a ɛyɛ kronkron ma asɔfo a wɔsom wɔ kronkronbea na wɔbɛn Awurade, na wɔsom wɔ nʼanim. Ɛhɔ na wobesisi wɔn afi na ayɛ beae kronkron ama kronkronbea no nso.
5 Těch pak pětmecítma tisíc loket dýlka a deset tisíc šířka ať jest také Levítům, služebníkům domu, jim k držení dvadceti komůrek.
Asase a ne tenten yɛ anammɔn mpem aduasa ason ne ahannum na ne trɛw nso yɛ anammɔn mpem dunum bɛyɛ beae a wɔbɛkyekye nkurow ama Lewifo a wɔsom wɔ asɔredan mu no atena mu sɛ wɔn agyapade.
6 Místo pak k vystavení na něm města oddělíte pět tisíc loket na šíř, a na dýl pětmecítma tisíc, naproti oběti místa svatého; bude pro všecken dům Izraelský.
“‘Wobegyaw asase a ne trɛw yɛ anammɔn mpem ason ne ahannum na ne tenten nso yɛ anammɔn mpem aduasa ason ne ahannum a ɛtoa beae kronkron no so no ama kuropɔn no; ɛbɛyɛ Israelfi nyinaa de.
7 Knížeti pak s obou stran té oběti místa svatého, i položení města před oběti místa svatého, a před položením města od strany západní díl k západu, a po straně východní díl k východu, dlouhost pak naproti každému z těch dílů od pomezí západního ku pomezí východnímu.
“‘Ɔhene no bɛfa asase a ɛne ɔmantam kronkron no ne kuropɔn no dabea bɔ hye. Ɛbɛtrɛw akɔ atɔe fam ne apuei fam akɔpem atɔe ne apuei ahye so, na ɛne mmusuakuw no mu baako asase abɔ hye wɔ atifi fam ne anafo fam.
8 To bude míti za vládařství v Izraeli, a nebudou více utiskati knížata má lidu mého, ale rozdadí zemi domu Izraelskému po pokoleních jejich.
Asase no bɛyɛ nʼagyapade wɔ Israel. Na me mmapɔmma renhyɛ me nkurɔfo so bio, na mmom wɔbɛma Israelfo kwan ama wɔafa asase no sɛnea wɔn mmusuakuw no te.
9 Takto praví Panovník Hospodin: Dostitě již, ó knížata Izraelská, nátisk a zhoubu odložte, a soud a spravedlnost konejte, sejměte těžké roboty vaše s lidu mého, praví Panovník Hospodin.
“‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Moadu akyiri pa ara. Israel mmapɔmma! Munnyae mo basabasayɛ ne mo nhyɛso na monyɛ nea ɛteɛ na eye. Munnyae me nkurɔfo nsase a mugyigyei no, Otumfo Awurade asɛm ni.
10 Váhu spravedlivou a efi spravedlivou i bát spravedlivý míti budete.
Ɛsɛ sɛ mode nsania ne asusude a ɛyɛ pɛ susuw ade.
11 Efi i bát v jednu míru ať jest, aby chomer bral v se deset bátů, efi pak desátý díl chomeru; podlé chomeru ať jest míra.
Kɛntɛn baako, a ɛyɛ lita ɔha aduɔwɔtwe abien, na mode besusuw ade biara dodow; ɛfah ne bat bɛyɛ kɛntɛn baako mu nkyemu du.
12 Lot dvadceti peněz; dvadceti lotů, pětmecítma lotů, a patnácte lotů libra bude vám.
Dwetɛ mpɔw na mode besusuw ade mu duru. Dwetɛ mpɔw baako bɛyɛ gram du abien, na dwetɛ mpɔw aduosia ayɛ gram ahanson aduonu.
13 Tato pak obět pozdvižení bude, kterouž obětovati budete: Šestý díl efi z chomeru pšenice, též šestý díl efi dáte z chomeru ječmene.
“‘Akyɛde sononko a ɛsɛ wode ma ni: Awi kilogram abiɛsa ne atoko kilogram abien ne fa.
14 Nařízení pak o oleji (bát jest míra oleje): Desátý díl bátu z míry chomeru, desíti bátů; nebo deset bátů jest chomer.
Ngo dodow a wɔatwa ato hɔ no nyɛ lita abien ne fa.
15 A dobytče jedno ze dvou set bravů z dobrých pastvišť Izraelských, k oběti suché a zápalné a k obětem pokojným, k očištění vás, praví Panovník Hospodin.
Afei wɔmfa nguankuw ahannu a wɔwɔ Israel adidibea a hɔ wɔ nsu no mu baako. Eyinom na wɔde bɛyɛ aduan afɔrebɔde, ɔhyew afɔrebɔde ne asomdwoe afɔrebɔde a ɛbɛyɛ mpata ama nnipa no, Otumfo Awurade na ose.
16 Všecken lid té země, i s knížetem Izraelským zavázán bude k té oběti zhůru pozdvižení.
Ɛsɛ sɛ Israelfo nyinaa kɔka ɔheneba no ho na ɔde nʼafɔrebɔde ba.
17 Nebo kníže povinen bude zápaly, a suché i mokré oběti, v svátky a na novměsíce, i v soboty, na všecky slavnosti domu Izraelského; on obětovati bude za hřích, i obět suchou i zápalnou, i oběti pokojné, aby se očištění dálo za dům Izraelský.
Ɛbɛyɛ ɔheneba no asɛde sɛ ɔde afɔrebɔde a wɔde ma ɔsom afahyɛ bi te sɛ ɔsram foforo afahyɛ, homenna ne nna a ɛtete saa no ba. Ɔde bɔne ho afɔrebɔde, ɔhyew ho afɔrebɔde, atoko afɔrebɔde, nsa afɔrebɔde ne asomdwoe afɔrebɔde bɛba abɛyɛ nkabomde ama Israel.
18 Takto praví Panovník Hospodin: Prvního měsíce, prvního dne vezmeš volka mladého bez poškvrny, kterýmž očistíš svatyni.
“‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Ɔsram a edi kan no da a edi kan no, ɛsɛ sɛ wɔde nantwinini ba baako a ne ho nni dɛm dwira kronkronbea hɔ.
19 I nabéře kněz krve té oběti za hřích, a pomaže veřejí domu, a čtyř rohů toho přepásání na oltáři, i veřeje brány síně vnitřní.
Ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no de bɔne afɔrebɔde no mogya no bi keka asɔredan no apongua, afɔremuka no apa a ɛwɔ soro no ntwea so anan no ne mfimfini adiwo no apongua ho.
20 Takž také učiní sedmého dne téhož měsíce, za každého pobloudilého i za hloupého. Tak očistíte dům.
Ɛsɛ sɛ woyɛ ade koro yi ara wɔ ɔsram no da a ɛto so ason de ma obiara a wanhyɛ da na ɔyɛɛ bɔne anaa nim a onnim nti ɔbɛyɛ bɔne, na wonam so de ayɛ mpata ama asɔredan no.
21 Prvního měsíce, čtrnáctého dne, budete míti Fáze, svátek sedmi dnů, chlebové přesní jísti se budou.
“‘Ɔsram a edi kan no da a ɛto so dunan no, ɛsɛ sɛ mudi Twam Afahyɛ a ɛyɛ aponto a wɔde nnanson na ɛyɛ no, saa bere no, mubedi brodo a mmɔkaw nni mu.
22 A bude obětovati kníže v ten den za sebe i za všecken lid té země volka za hřích.
Saa da no ɛsɛ sɛ ɔhene no de nantwinini a wɔde bɛbɔ afɔre ama no ne asase no so nnipa nyinaa ba.
23 A po sedm dní svátku obětovati bude zápal Hospodinu, sedm volků a sedm skopců bez poškvrny na den, po těch sedm dní, a za hřích kozla na den.
Da biara wɔ nnanson Afahyɛ no mu, ɛsɛ sɛ ɔhene no de nantwinini ason ne adwennini ason a wɔn ho nni dɛm biara ba sɛ ɔhyew afɔrebɔde ma Awurade, ne ɔpapo sɛ bɔne afɔrebɔde.
24 A obět suchou, efi na volka a efi na skopce, připraví též oleje hin na efi.
Nea ɛsɛ sɛ ɔde ba sɛ aduan afɔrebɔde yɛ kɛntɛn baako (lita aduonu abien) a ɛka nantwinini biara ho ne kɛntɛn baako (lita aduonu abien) nso a ɛka Odwennini baako biara ho. Ngo lita anan nso ka kɛntɛn biara ho.
25 Sedmého měsíce, patnáctého dne, v svátek tolikéž obětovati bude po sedm dní, jakož za hřích, tak zápal, tak obět suchou i olej.
“‘Nnanson Afahyɛ a wofi ase wɔ ɔsram a ɛto so ason no da a ɛto so dunum no mu no, ɔhene no de saa nneɛma no ara bɛba sɛ bɔne afɔrebɔde, ɔhyew afɔrebɔde, aduan afɔrebɔde ne ngo.