< Skutky Apoštolů 20 >

1 Když pak přestala ta bouřka, povolav Pavel učedlníků, a požehnav jich, vyšel odtud, aby se bral do Macedonie.
Basabasayɛ yi akyi no, Paulo frɛɛ asuafo no kaa nsɛm de hyɛɛ wɔn nkuran, kraa wɔn fii hɔ kɔɔ Makedonia.
2 A když prošel ty krajiny, a napomenutí jim učiniv mnohými řečmi, přišel do země Řecké.
Okyinkyin faa amantam no mu, tuu asuafo no fo de hyɛɛ wɔn nkuran. Afei obeduu Hela. Odii hɔ asram abiɛsa.
3 A pobyv tam za tři měsíce, (kdež Židé učinili jemu zálohy, ) když se měl plaviti do Syrie, umínil navrátiti se skrze Macedonii.
Bere a ɔresiesie ne ho akɔ Siria no, ɔtee sɛ Yudafo no abɔ ne ho pɔw; enti ɔsan nʼakyi kɔfaa Makedonia kɔe.
4 I šel s ním Sópater Berienský až do Azie, a z Tessalonicenských Aristarchus a Sekundus a Gáius Derbeus a Timoteus, z Azianských pak Tychikus a Trofimus.
Piro a ofi Beroia no ba Sopater ne Paulo na wɔkɔe. Wɔn a wɔka ne ho kɔe no nso bi ne Aristarko ne Sekundo a wofi Tesalonika ne Gaio a ofi Derbe ne Timoteo ne Tihiko ne Trofimo a wofi Asiaman mu no.
5 Ti šedše napřed, dočkali nás v Troadě.
Saa nnipa yi dii kan kɔtwɛn yɛn wɔ Troa.
6 My pak plavili jsme se po velikonoci z Filippis, a přišli jsme k nim do Troady v pěti dnech, a tu jsme pobyli za sedm dní.
Yedii Apiti Afahyɛ no wiei no, yefii Filipi, na nnaanum akyi no, yɛkɔtoo wɔn wɔ Troa, dii nnaawɔtwe wɔ hɔ.
7 Tedy první den po sobotě, když se učedlníci sešli k lámání chleba, Pavel mluvil k nim, maje nazejtří jíti pryč, i prodlil řečí až do půlnoci.
Nnaawɔtwe no mu da a edi kan no, yehyiaa mu sɛ anuanom, didii. Esiane sɛ na ade kye a Paulo befi kurow no mu no nti, ɔkasa kyerɛɛ anuanom no kosii ɔdasu mu.
8 A bylo mnoho světel na té síni, kdež byli shromážděni.
Na akanea pii wɔ abansoro dan a wɔahyia wɔ hɔ no mu.
9 Jeden pak mládenec, jménem Eutychus, sedě na okně, jsa obtížen hlubokým snem, když tak dlouho Pavel kázal, spě, spadl s třetího ponebí dolů a vzat jest mrtvý.
Bere a Paulo rekasa no, na aberante bi a wɔfrɛ no Eutiko te mfɛnsere ano retɔ nko. Ɔdaa hatee ma ofii abansoro dan a ɛto so abiɛsa no so bɛhwee fam. Wɔmaa no so no na wawu.
10 I sstoupiv dolů Pavel, zpolehl na něj, a objav jej, řekl: Nermuťtež se, však duše jeho v něm jest.
Paulo sian baa fam, kobutuw no so, maa no so kae se, “Munnsuro, efisɛ onwuu ɛ!”
11 A vstoupiv, lámal chléb a jedl, a kázaní jim učiniv dlouho až do svitání, tak odšel pryč.
Afei ɔsan foro kɔɔ abansoro no so kobubuu brodo ne asuafo no dii. Paulo toaa ne kasa no so kosii adekyee ansa na ɔregyaw wɔn hɔ.
12 I přivedli toho mládence živého, a byli velice potěšeni.
Anuanom no de anigye de aberante a wonyan no no kɔɔ fie.
13 My pak vstoupivše na lodí, plavili jsme se do Asson, odtud majíce k sobě vzíti Pavla; nebo byl tak poručil, maje sám jíti po zemi.
Yɛde hyɛn dii kan kɔɔ Aso sɛ yɛrekɔfa Paulo wɔ hɔ, efisɛ na waka akyerɛ yɛn se ɔrefa fam akɔ hɔ.
14 A když se k nám připojil v Asson, vzavše jej, přijeli jsme do Mitylénu.
Ɔbɛkaa yɛn ho wɔ Aso na yɛne no toaa so kɔɔ Mitilene.
15 A odtud plavíce se, druhý den byli jsme proti Chium, a třetího dne připlavili jsme se k Sámu, a pobyvše v Trogyllí, nazejtří přišli jsme do Milétu.
Ade kyee no, yekoduu Kio. Ne nnaanu so no yeduu Samo na nʼadekyee no, yekoduu Mileto.
16 Nebo Pavel byl umínil pominouti Efez, aby se nemeškal v Azii; nebo pospíchal, by možné jemu bylo, aby byl o letnicích v Jeruzalémě.
Esiane sɛ na Paulo ho pere no sɛ onyae a anka obedu Yerusalem akodi Pentekoste Afahyɛ no wɔ hɔ no nti, ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔrennyina Efeso, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrenkyɛ wɔ Asia.
17 Tedy z Milétu poslav do Efezu, povolal k sobě starších církve.
Paulo soma fii Mileto kɔɔ Efeso kɔka kyerɛɛ asafo mpanyimfo no se wonhyia no.
18 Kteříž když přišli k němu, řekl jim: Vy víte od prvního dne, v kterýž přišel jsem do Azie, kterak jsem po všecken ten čas s vámi byl,
Wɔbae no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Efi da a edi kan a mebaa Asia no, munim ɔkwan a mefaa so ne mo tenae.
19 Slouže Pánu se vší pokorou i s mnohými slzami a pokušeními, kteráž na mne přicházela z úkladů Židovských,
Ɛwɔ mu sɛ ɛnam Yudafo no pɔwbɔ so ma mihuu amane bebree de, nanso mede ahobrɛase ne nusu yɛɛ mʼadwuma sɛ Awurade somfo.
20 Kterak jsem ničeho nepominul, což by užitečného bylo, abych vám neoznámil, a neučil vás vůbec zjevně i po domích,
Munim sɛ bere a na merekyerɛkyerɛ mo wɔ gua mu ne afi mu no, mamfa biribiara a so bɛba mo mfaso no anhintaw mo.
21 Svědectví vydávaje i Židům i Řekům o pokání k Bohu, a o víře v Pána našeho Ježíše Krista.
Mebɔɔ Yudafo ne amanamanmufo no kɔkɔ sɛ wɔntwe wɔn ho mfi wɔn bɔne ho na wɔmfa wɔn ho mma Onyankopɔn, na wonnye Yesu Kristo nni.
22 A aj, nyní já sevřín jsa duchem, beru se do Jeruzaléma, nevěda, co mi se v něm má státi,
“Afei esiane sɛ Honhom Kronkron ahyɛ me no nti, merekɔ Yerusalem a minnim asɛm a ɛbɛto me wɔ hɔ.
23 Než že Duch svatý po městech osvědčuje mi, pravě, že vězení a ssoužení mne očekávají.
Nea minim ara ne sɛ kuropɔn biara a mɛkɔ so no, Honhom Kronkron bɔ me kɔkɔ sɛ wɔde me bɛto afiase na mahu amane.
24 Však já nic na to nedbám, aniž jest mi tak drahá duše má, jen abych běh svůj s radostí vykonal, a přisluhování, kteréž jsem přijal od Pána Ježíše, k osvědčování evangelium milosti Boží.
Sɛnea ɛbɛyɛ a metumi adu botae a esi mʼanim no ho na mawie dwuma a Awurade Yesu de maa me se menka Onyankopɔn dom ho asɛmpa no nti, mammu me kra sɛ ade a ɛsom bo.
25 A aj, já nyní vím, že již více neuzříte tváři mé vy všickni, mezi kterýmiž jsem chodil, káže o království Božím.
“Minim sɛ mo a maka Onyankopɔn ahenni no ho asɛm akyerɛ mo no mu biara renhu me bio.
26 Protož osvědčujiť vám v dnešní den, žeť jsem čist od krve všech.
Ɛno nti nnɛ, mereka akyerɛ mo se, sɛ ɛba sɛ mo mu bi yera a, na emfi me.
27 Nebo jsem neobmeškal zvěstovati vám všeliké rady Boží.
Efisɛ mamfa Onyankopɔn asɛm no mu biribiara anhintaw mo.
28 Buďtež tedy sebe pilni i všeho stáda, v němž Duch svatý ustanovil vás biskupy, abyste pásli církev Boží, kteréž sobě dobyl svou vlastní krví.
Monhwɛ mo ho so ne nguankuw a Honhom Kronkron de wɔn ahyɛ mo nsa sɛ ahwɛfo no yiye. Monhwɛ wɔn yiye, efisɛ Onyankopɔn de ne Ba no mogya na agye wɔn.
29 Nebo já to vím, že po mém odjití vejdou mezi vás vlci hltaví, kteříž nebudou odpouštěti stádu.
Minim sɛ me kɔ akyi no, atoro akyerɛkyerɛfo a wɔn ho yɛ hu sɛ mpataku bewura mo mu abɛsɛe mo.
30 A z vás samých povstanou muži, kteříž budou mluviti převrácené věci, aby obrátili učedlníky po sobě.
Bere bi bɛba a mo mu ebinom bɛsɔre, nam atoro so atwe asuafo no mu bi adi wɔn akyi.
31 Protož bděte, v paměti majíce, že jsem po tři léta nepřestával dnem i nocí s pláčem napomínati jednoho každého.
Ɛno nti monna mo ho so! Monkae sɛ, mfirihyia abiɛsa a midii wɔ mo nkyɛn no, menam amanehunu ne yaw mu tuu mo fo awia ne anadwo.
32 A již nyní, bratří, poroučím vás Bohu a slovu milosti jeho, kterýž mocen jest vzdělati, a dáti vám dědictví mezi všemi posvěcenými.
“Afei mede mo hyɛ Onyankopɔn ne ne dom nsɛm a etumi hyɛ mo gyidi den na ɛma munya nʼagyapade a wasiesie ama ahotefo no nsa.
33 Stříbra neb zlata neb roucha nežádal jsem od žádného.
Mʼani ammere obi dwetɛ anaa sika anaa ntama.
34 Nýbrž sami víte, že toho, čehož mi kdy potřebí bylo, i těm, kteříž jsou se mnou, dobývaly ruce tyto.
Mo ara mudi adanse sɛ, me nsa ano adwuma so na menam mehwɛɛ me ho ne wɔn a wɔka me ho no.
35 Vše ukázal jsem vám, že tak pracujíce, musíme snášeti mdlé, a pamatovati na slova Pána Ježíše; nebť on řekl: Blahoslaveněji jest dáti nežli bráti.
Mede mʼabrabɔ ayɛ nhwɛso akyerɛ mo sɛ, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho yɛ adwuma de boa ahiafo na yɛkae sɛ, Awurade Yesu ankasa kae se, ‘Ɔma mu wɔ nhyira sen ogye.’”
36 A to pověděv, klekna na kolena svá, modlil se s nimi se všemi.
Paulo kasa wiei no, ɔne wɔn nyinaa buu nkotodwe bɔɔ mpae.
37 I stal se pláč veliký ode všech, a padajíce na hrdlo Pavlovo, líbali jej,
Wɔn nyinaa sui, bam no, maa no nanteyiye.
38 Rmoutíce se nejvíce nad tím slovem, kteréž řekl, že by již více neměli tváři jeho viděti. I provodili jej až k lodí.
Nea ɛyɛɛ wɔn awerɛhow koraa ne asɛm a ɔka kyerɛɛ wɔn se wɔrenhu no bio no. Afei wɔn nyinaa kogyaa no hyɛn no mu.

< Skutky Apoštolů 20 >