< Skutky Apoštolů 12 >

1 A při tom času dal se v to Heródes král, aby ssužoval některé z církve.
Saa bere yi mu ara na Ɔhene Herode kyekyeree asafomma no bi fii ase yɛɛ wɔn ayayade.
2 I zamordoval Jakuba, bratra Janova, mečem.
Ɔde afoa kum Yohane nua Yakobo.
3 A vida, že se to líbilo Židům, umínil jíti i Petra. (A byli dnové přesnic.)
Ohuu sɛ Yudafo no ani gye nea ɔyɛe no ho no, ɔmaa wɔkɔkyeree Petro nso. Asɛm yi sii Apiti Afahyɛ no mu.
4 Kteréhož jav, do žaláře vsadil, poručiv jej šestnácti žoldnéřům k ostříhání, chtěje po velikonoci vyvesti jej lidu.
Wɔkyeree Petro no, wɔde no too afiase a na asraafo baanan na wɔwɛn no bere biara. Herode yɛɛ nʼadwene sɛ obedi nʼasɛm wɔ Twam Afahyɛ no akyi wɔ ɔman no anim.
5 I byl Petr ostříhán v žaláři, modlitba pak ustavičná k Bohu dála se za něj od církve.
Bere a na Petro da afiase no nyinaa na asafo no bɔ mpae dennen, srɛ Onyankopɔn sɛ ɔnhwɛ ne so.
6 A když jej již vyvesti měl Heródes, té noci spal Petr mezi dvěma žoldnéři, svázán byv dvěma řetězy, a strážní přede dveřmi ostříhali žaláře.
Anadwo a ade rebɛkye ama Herode adi Petro asɛm wɔ ɔman no anim no, na Petro da asraafo baanu ntam a wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn abien agugu no asesa asraafo baanu a wɔwɛn no no. Na asraafo baanu rewɛn afiase pon no ano nso.
7 A aj, anděl Páně postavil se, a světlo se zastkvělo v žaláři; a udeřiv Petra v bok, zbudil ho, řka: Vstaň rychle. I spadli jemu ti řetězové z rukou.
Amono mu hɔ ara, Onyankopɔn bɔfo begyinaa afiase hɔ ma ɛhɔ hyerɛnee. Ɔbɔfo no wosow Petro, nyan no ka kyerɛɛ no se, “Sɔre ntɛm!” Mpofirim na nkɔnsɔnkɔnsɔn no tetew fii Petro nsa.
8 Tedy řekl jemu anděl: Opaš se a podvaž obuv svou. Tedy učinil tak. I řekl jemu: Oděj se pláštěm svým, a poď za mnou.
Afei ɔbɔfo no ka kyerɛɛ Petro se, “Hyɛ wʼatade ne wo mpaboa.” Petro wiee no, ɔbɔfo no san ka kyerɛɛ no se, “Fura wo ntama na di mʼakyi.”
9 Tedy vyšed, bral se za ním, a nevěděl, by to pravé bylo, co se dálo skrze anděla, ale domníval se, že by vidění viděl.
Petro dii nʼakyi fii adi. Wɔrekɔ no na ɛyɛ no sɛ adaeso anaa anisoadehu, efisɛ na onnye nni sɛ ɛyɛ asɛmpa ara.
10 A prošedše skrze první i druhou stráž, přišli k bráně železné, kteráž vede do města, a ta se jim sama od sebe otevřela. A vyšedše, přešli ulici jednu, a hned odšel anděl od něho.
Wotwaa awɛmfo a wodi kan no ne wɔn a wɔto so abien no ho beduu dade pon a ɛda kurow no ano no ho. Woduu hɔ no ɔpon no ankasa bue ma wɔfaa mu kɔe. Wɔfaa borɔn bi so kɔɔ anim kakra no, ɔbɔfo no gyaw Petro hɔ.
11 Tedy Petr přišed sám k sobě, řekl: Nyní právě vím, že poslal Pán anděla svého, a vytrhl mne z ruky Heródesovy, a ze všeho očekávání lidu Židovského.
Petro ani baa ne ho so ma ɔkae se, “Afei mahu sɛ nea esii no nyinaa yɛ nokware! Awurade somaa ne bɔfo na obegyee me fii Herode nsam ne nea Yudafo hwehwɛe sɛ wɔyɛ me no mu.”
12 A pováživ toho, šel k domu Marie, matky Janovy, kterýž přijmí měl Marek, kdež se jich bylo mnoho sešlo, a modlili se.
Petro huu nea asi no, ɔkɔɔ Yohane a na wɔfrɛ no Marko no a na ne din de Maria no fi. Saa bere no na nnipa bebree ahyia wɔ hɔ rebɔ mpae.
13 A když Petr potloukl na dvéře, vyšla děvečka, aby poslechla, jménem Ródé.
Petro bɔɔ abɔntenpon no mu na abaawa bi a wɔfrɛ no Roda betiei.
14 A poznavši hlas Petrův, pro radost neotevřela dveří, ale vběhši, zvěstovala, že Petr stojí u dveří.
Bere a ɔtee nne no, anigye nti wammue ɔpon no. Ɔsan nʼakyi kɔbɔɔ amanneɛ se, “Petro gyina ɔpon no akyi.”
15 A oni řekli jí: Blázníš. Ona pak potvrzovala, že tak jest. Tedy oni řekli: Anděl jeho jest.
Wɔka kyerɛɛ no se, “Gyama worebɔ dam.” Nanso ɔkɔɔ so kaa se ɛyɛ nokware. Wɔn nso ka kyerɛɛ no se, “Gyama ɛbɛyɛ ne saman.”
16 Ale Petr předce tloukl. A otevřevše, uzřeli jej, i ulekli se.
Petro kɔɔ so bɔɔ ɔpon no akyi. Wobuee a wohuu Petro no, wɔn ho dwiriw wɔn.
17 A pokynuv na ně rukou, aby mlčeli, vypravoval jim, kterak jej Pán vyvedl z žaláře, a řekl: Pověztež to Jakubovi a bratřím. A vyšed, bral se na jiné místo.
Ɔde ne nsa nyamaa wɔn se wɔnyɛ komm. Ɔkaa ɔkwan a Awurade nam so yii no fii afiase no kyerɛɛ wɔn. Afei ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Monka asɛm a asi yi nkyerɛ Yakobo ne anuanom a wɔaka no;” na ofii hɔ kɔɔ baabi foforo.
18 A když byl den, stal se rozbroj nemalý mezi žoldnéři o to, co se stalo při Petrovi.
Ade kyee no, awɛmfo no ho yeraw wɔn yiye sɛ wonhu faako a Petro afa.
19 Heródes pak ptaje se na něj, a nenalezna, vytazovav se na strážných, kázal je pryč vésti; a odebrav se z Judstva do Cesaree, přebýval tam.
Herode hyɛɛ sɛ wɔnhwehwɛ no, nanso wɔanhu no. Wodii awɛmfo no asɛm, buu wɔn kumfɔ. Eyi akyi no, Herode fii Yudea kɔɔ Kaesarea kɔtenaa hɔ kakra.
20 A v ten čas Heródes rozzlobil se proti Tyrským a Sidonským. Kteřížto jednomyslně přišli k němu, a namluvivše Blasta, předního komorníka královského, žádali za pokoj, proto že jejich krajiny potravu měly z království.
Bere a Herode wɔ Kaesarea no, abɔfo bi a wɔasoma wɔn fi Tiro ne Sidon behuu no. Na Herode bo afuw Tirofo ne Sidonfo. Nanso abɔfo yi guan toaa Blasto a na ɔyɛ dabehene no sɛnea ɛbɛyɛ a asomdwoe bɛba, efisɛ na saa nkurow yi nya wɔn nnuan nyinaa fi Herode asase so.
21 V uložený pak den Heródes, obleka se v královské roucho, a posadiv se na soudné stolici, učinil k nim řeč.
Wɔhyɛɛ da bi maa Herode hyɛɛ nʼahentade tenaa nʼahengua mu kasa kyerɛɛ wɔn.
22 I zvolal lid, řka: Boží hlas, a ne lidský.
Herode kasa wiei no, nnipa no teɛɛ mu se, “Eyi yɛ onyame bi nne na ɛnyɛ onipa bi de!”
23 A i hned ranil jej anděl Páně, proto že nevzdal slávy Bohu; a rozlez se červy, umřel.
Mpofirim, Onyankopɔn bɔfo bɛbɔɔ no ma ɔyare dɔɔ mmoa ma owui, esiane obu a wamfa amma Onyankopɔn no nti.
24 A slovo Páně rostlo a rozmáhalo se.
Onyankopɔn asɛm kɔɔ so trɛw maa nnipa bebree gye dii.
25 Barnabáš pak a Saul navrátili se z Jeruzaléma, vykonavše službu, pojavše s sebou i Jana, kterýž přijmí měl Marek.
Barnaba ne Saulo wiee wɔn dwumadi no, wɔsan fii Yerusalem a na Yohane a wɔfrɛ no Marko no ka wɔn ho.

< Skutky Apoštolů 12 >