< 2 Petrův 2 >
1 Bývali pak i falešní proroci v lidu, jakož i mezi vámi budou falešní učitelé, kteříž uvedou sekty zatracení, i toho Pána, kterýž je vykoupil, zapírajíce, uvodíce na sebe rychlé zahynutí.
Atoro adiyifo kɔɔ tetefo no mu, na saa ara nso na atoro adiyifo bɛba mo mu ara ne no. Wɔbɛma nkyerɛkyerɛ bɔne a nokware nni mu na wɔapa Owura a ogyee wɔn no, na ɛnam so ama ɔsɛe aba wɔn so prɛko pɛ.
2 A mnozí následovati budou jejich zahynutí, skrze něž cesta pravdy bude v porouhání dávána.
Nnipa bebree bɛfa akwammɔne so na esiane nea wɔyɛ no nti, nnipa bɛkasa atia nokware kwan no.
3 A lakomě skrze vymyšlené řeči vámi kupčiti budou; kterýchž odsouzení již dávno nemešká, a zahynutí jejich nespí.
Saa atoro adiyifo yi nam wɔn sikanibere so bɛto anansesɛm akyerɛ mo de apɛ mo so mfaso. Wɔn temmufo siesiee ne ho akyɛ, na saa ara nso na wɔn sɛefo no nso asɔre agyina.
4 Nebo poněvadžť Bůh andělům, kteříž zhřešili, neodpustil, ale strhna je do žaláře, řetězům mrákoty oddal, aby k odsouzení chováni byli, (Tartaroō )
Onyankopɔn amfa abɔfo a wɔyɛɛ bɔne no ho ankyɛ wɔn. Ɔtow wɔn guu asaman sum mu baabi, guu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn, na ɛhɔ na wɔretwɛn atemmu no. (Tartaroō )
5 I prvnímu světu neodpustil, ale sama osmého Noé, kazatele spravedlnosti, zachoval, když potopu na svět bezbožníků uvedl,
Onyankopɔn amma tete wiase no amfa ne ho anni. Ɔmaa nsuyiri baa wɔn a na wonsuro Onyankopɔn no so. Wɔn a ogyee wɔn nkwa no ne Noa a ɔkaa trenee ho asɛm no ne nnipa baason bi.
6 A města Sodomských a Gomorských v popel obrátiv, podvrácením potupil, příklad budoucím bezbožníkům ukázav,
Onyankopɔn buu Sodom ne Gomora fɔ de ogya sɛee wɔn, de bɔɔ wɔn a wonsuro Onyankopɔn no kɔkɔ.
7 A spravedlivého Lota, těch nešlechetníků prostopašným obcováním ztrápeného, vytrhl;
Ogyee Lot a ɔyɛ ɔtreneeni no fii nnipa nnebɔneyɛfo nsam.
8 Ten zajisté spravedlivý, bydliv mezi nimi, den ode dne hleděním i slyšením spravedlivou duši nešlechetnými jejich skutky trápil:
Na saa ɔtreneeni no te saa nnipa nnebɔneyɛfo no mu; na afide a na saa nnipa no yɛ no adekyee ne adesae no haw no yiye.
9 Umíť Pán pobožné z pokušení vytrhnouti, nepravých pak ke dni soudu potrestaných dochovati,
Sɛ ɛte saa de a, na ɛkyerɛ sɛ Awurade nim ɔkwan a ɔfa so gye nʼakyidifo fi ɔhaw mu, na onim ɔkwan a ɔfa so kora nnipa nnebɔneyɛfo, twe wɔn aso de twɛn atemmuda no.
10 A zvláště těch, kteříž po těle v žádosti nečisté chodí, a vrchností pohrdají, smělí, sobě se zalibující, neostýchají se důstojnostem porouhati;
Ne titiriw no, eyi fa wɔn a wodi wɔn honam akɔnnɔ akyi na wɔpa Onyankopɔn tumi no ho. Saa atoro akyerɛkyerɛfo yi wɔ akokoduru na wommu anuonyamfo a wɔwɔ ɔsoro no, efisɛ wonsuro sɛ wɔyaw wɔn.
11 Ješto andělé, jsouce větší v síle a v moci nevynášejí proti nim přede Pánem potupného soudu.
Na abɔfo a wɔwɔ ahoɔden ne tumi sen saa atoro akyerɛkyerɛfo yi mpo nka nsɛmmɔne mmu wɔn atɛn wɔ Awurade anim.
12 Tito pak jako nerozumná hovada, kteráž za přirozením jdou, zplozená k zjímání a k zahynutí, tomu, čemuž nerozumějí, rouhajíce se, v tom svém porušení zahynou,
Nanso saa nnipa yi yɛ wɔn nneɛma te sɛ mmoa a wunni adwene, wɔwo wɔn sɛ wɔnkyere wɔn nkum wɔn. Wogu nneɛma biara a wɔnte ase no ho fi. Wɔbɛsɛe wɔn sɛ mmoa.
13 A odplatu nepravosti ponesou, jakožto ti, kteříž sobě za rozkoš položili, aby se na každý den v líbostech svých kochali, poškvrny a mrzkosti, ti, kteříž s vámi hodujíce, v svých lstech se kochají,
Wobetua wɔn ɔhaw a wɔma ɛbaa no so ka. Nea wɔn ani gye ho ne sɛ wɔbɛyɛ biribiara a eye ma wɔn honam akɔnnɔ no awia ketee. Sɛ wɔne mo to nsa didi a, egu wɔn anim ase. Efisɛ saa bere no na wɔka nnaadaasɛm.
14 Oči majíce plné cizoložstva, a bez přestání hřešící, přeluzujíce duše neustavičné, srdce majíce vycvičené v lakomství, synové zlořečenství.
Wɔnhwehwɛ hwee sɛ mmea nguamanfo efisɛ wɔpɛ sɛ daa wɔyɛ bɔne. Wɔdaadaa nnipa a wɔyɛ mmerɛw kɔ bɔne mu. Wɔayɛn wɔn koma ama anibere. Wɔwɔ Onyankopɔn nnome ase.
15 Kteříž opustivše cestu přímou, zbloudili, následujíce cesty Balámovy syna Bozorova, kterýž mzdu nepravosti zamiloval.
Wɔaman afi ɔkwan tee no so enti wɔayera. Wɔafa ɔkwan a Beor ba Bileam a ɔde ne sika a onya no yɛ bɔne no kɔfaa so no so.
16 Ale měl, od koho by pokárán byl pro svůj výstupek. Nebo jhu poddaná oslice němá, člověčím hlasem promluvivši, zbránila nemoudrosti proroka.
Eyi ma wɔkaa nʼanim wɔ ne bɔne no ho. Nʼafurum de onipa nne kasa de siw odiyifo no adammɔsɛm no ho kwan.
17 Tiť jsou studnice bez vody, mlhy vichrem zbouřené, jimžto mrákota tmy schována jest na věčnost. ()
Saa nnipa yi te sɛ asuti a ayow anaasɛ omununkum a mframa bɔ no. Onyankopɔn de wɔn asie sum kabii mu wɔ baabi. ()
18 Nebo přepyšně marné věci vypravujíce, žádostmi těla a chlipnostmi loudí ty, kteříž byli v pravdě utekli od těch, jenž bludu obcují,
Wɔka ahantansɛm ne nkwaseasɛm na wɔnam wɔn honam akɔnnɔ ho nnaadaa so twetwe wɔn a wɔatwe wɔn ho afi nnebɔneyɛfo ho no.
19 Slibujíce jim svobodu, ješto sami jsou služebníci porušení, poněvadž, od kohož kdo jest přemožen, tomu jest i v službu podroben.
Wɔhyɛ wɔn ahofadi ho bɔ wɔ bere a wɔn ankasa yɛ bɔne nkoa efisɛ onipa yɛ biribiara a edi no so no akoa.
20 Jestliže by pak ti, kteříž ušli poškvrn světa, skrze známost Pána a spasitele Jezukrista, opět zase v to zapleteni jsouce, přemoženi byli, učiněn jest poslední způsob jejich horší nežli první.
Na sɛ onipa sua yɛn Awurade ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo ho asɛm, na ɔnam so guan fi wiase yi mu akwammɔne so, na akyiri no ɔkɔ bɔne mu bio ma ɔdan bɔne akoa a, ɛno de ɛyɛ hu sen ne kan no.
21 Lépe by zajisté jim bylo nepoznávati cesty spravedlnosti, nežli po nabytí známosti odvrátiti se od vydaného jim svatého přikázaní.
Sɛ anka wonnim Kristo koraa a, anka eye ma wɔn sen sɛ wobesua ne ho nsɛm na afei wɔbɛdan wɔn akyi akyerɛ mmara Kronkron a wɔde maa wɔn no.
22 Ale přihodilo se jim to, což se v přísloví pravém říkává: Pes navrátil se k vývratku svému, a svině umytá do kaliště bláta.
Nea ɛbaa wɔn so no kyerɛ sɛ, saa bɛ yi yɛ nokware. “Ɔkraman san kɔtaforo ne fe na prako a wɔaguare no no nso koguare wɔ dontori mu.”