< 2 Korintským 6 >
1 Protož napomáhajíce, i napomínáme vás, abyste milosti Boží nadarmo nebrali,
Anuanom a yɛne Onyankopɔn bɔ mu yɛ adwuma, yɛsrɛ mo sɛ Onyankopɔn adom a mo nsa aka no, munnnye no kwa.
2 (Neboť praví: V čas příhodný uslyšel jsem tě, a v den spasení spomohl jsem tobě. Aj, nyníť jest čas příhodný, aj, nyní dnové spasení.)
Onyankopɔn se, “Bere a ɛsɛ mu no, mebua wo, na nkwagye da no, mɛboa wo.” Muntie! Dɔnhwerew yi mu na ɛsɛ sɛ munya Onyankopɔn adom, na nnɛ ne nkwagye da no.
3 Žádného nedávajíce v ničemž pohoršení, aby bylo bez ouhony přisluhování,
Yɛmpɛ sɛ obiara benya yɛn adwuma ho asɛmmɔne aka, enti yɛmpɛ sɛ yɛde hintidua to obiara kwan mu.
4 Ale ve všem se chovajíce jako Boží služebníci, ve mnohé trpělivosti, v utištěních, v nedostatcích, v úzkostech,
Biribiara a yɛbɛyɛ no, ɛsɛ sɛ yɛda yɛn ho adi sɛ Onyankopɔn nkoa na yɛde boasetɔ tumi gyina ɔhaw ne amane nyinaa ano.
5 V ranách, v žalářích, v nepokojích, v pracech, v bděních, v postech,
Wɔahwe yɛn, wɔde yɛn ato afiase, dɔm baa yɛn so, wɔama yɛayɛ adwuma a ɛboro yɛn so, yɛasi pɛ akyen kɔm.
6 V čistotě, v umění, v dlouhočekání, v dobrotivosti, v Duchu svatém, v lásce neošemetné,
Nanso yɛnam yɛn kronkronyɛ, osuahu, boasetɔ ne ayamye so ada yɛn ho adi sɛ yɛyɛ Onyankopɔn asomfo. Afei yɛnam Honhom Kronkron no so, yɛn nokware dɔ,
7 V slovu pravdy, v moci Boží, skrze odění spravedlnosti na pravo i na levo,
yɛn nokwasɛm a yɛka ne Onyankopɔn tumi so kyerɛ sɛ yɛyɛ Onyankopɔn asomfo. Trenee ne yɛn akode a yɛde kɔ ɔtamfo so na yɛde bɔ yɛn ho ban nso.
8 Skrze slávu i pohanění, skrze zlou i dobrou pověst, jako bludní, a jsouce pravdomluvní,
Sɛ wɔhoahoa yɛn o, sɛ wogu yɛn anim ase o, sɛ wɔyaw yɛn o, sɛ wɔkamfo yɛn o, yɛkɔ so ara som Onyankopɔn. Wobu yɛn sɛ atorofo nanso yɛka nokware.
9 Jako neznámí, a jsouce známí, jako umírající, a aj, živi jsme, jako potrestaní, a nezmordovaní,
Wɔyɛ wɔn ho sɛnea wonnim yɛn nanso obiara nim yɛn. Yewui, sɛnea muhu no, nanso yɛte ase. Ɛwɔ mu sɛ wɔtwee yɛn aso nanso wɔankum yɛn.
10 Jako smutní, a však se vždycky radujíce, jako chudí, však mnohé zbohacujíce, jako nic nemajíce, a však všemi věcmi vládnouce.
Wɔmaa yɛn werɛ howee, nanso yɛn ani gye daa. Yɛsɛ ahiafo, nanso yɛma nnipa bebree nya wɔn ho. Ɛyɛ sɛ yɛn nsam nni hwee, nanso yɛwɔ biribiara.
11 Ústa naše otevřína jsou k vám, ó Korinští, srdce naše rozšířeno jest.
Me nnamfonom a mowɔ Korinto, yɛabue yɛn koma mu aka nokware no akyerɛ mo.
12 Nejste v nás ssouženi, než ssouženi jste v střevách svých.
Yɛmfaa biribiara nhintaw mo wɔ yɛn koma mu, na mo na mode nsɛm ahintaw yɛn wɔ mo koma mu.
13 O takovéžť pak odměně jakožto synům pravím: Rozšiřtež se i vy.
Mprempren, mekasa kyerɛ mo sɛ me mma: sɛnea yɛdwene mo ho no, mo nso monnwene yɛn ho saa ara bi. Mommfa biribiara nhintaw yɛn. Mummue mo koma mu!
14 Netáhněte jha s nevěřícími. Nebo jaký jest spolek spravedlnosti s nepravostí? A jaké obcování světla s temnostmi?
Munnyaa mo ho mma abosonsomfo, efisɛ moyɛ no saa a, ɛnyɛ ye. Ɛbɛyɛ dɛn na nea eye ne nea enye behyia? Ɛbɛyɛ dɛn na hann ne sum atena faako?
15 A jaké srovnání Krista s Beliálem? Aneb jaký díl věrnému s nevěrným?
Ɛbɛyɛ dɛn na Kristo ne Ɔbonsam adwene ahyia? Dɛn na ogyidini ne nea ɔnyɛ ogyidini wɔ yɛ?
16 A jaké spolčení chrámu Božího s modlami? Nebo vy jste chrám Boha živého, jakž pověděl Bůh: Přebývati budu v nich, a procházeti se, a budu jejich Bohem, a oni budou mým lidem.
Ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn asɔredan ne ɔbonsam ahoni ayɛ nhyehyɛe? Yɛyɛ Onyankopɔn a ɔte ase no asɔredan sɛnea Onyankopɔn no ankasa aka se, “Mede me nkurɔfo bɛyɛ me fi na matena wɔn mu; mɛyɛ wɔn Nyankopɔn na wɔayɛ me nkurɔfo.”
17 A protož vyjdětež z prostředku jejich, a oddělte se, praví Pán; a nečistého se nedotýkejte, a já přijmu vás.
Awurade se, “Monkɔ. Mumfi hɔ nkɔ mommfa mo ho nka biribiara a ɛho ntew. Montew mo ho mfi nea ɛho ntew ho na megye mo.
18 A budu vám za Otce, a vy mi budete za syny a za dcery, praví Pán všemohoucí.
Na, “Mɛyɛ mo Agya, na mobɛyɛ me mmabarima ne me mmabea.” Otumfo Awurade na ose.