< Zaharija 1 >

1 Osmoga mjeseca druge godine Darijeve dođe riječ Jahvina proroku Zahariji, sinu Berekjinu, sinu Idonovu.
Ɔsram a ɛto so awotwe wɔ ɔhene Dario adedi afe a ɛto so abien mu no, Awurade asɛm baa odiyifo Sakaria a ɔyɛ Berekia babarima na ɔno nso yɛ Ido babarima nkyɛn se:
2 “Jahve se teško razgnjevio na oce vaše!
“Awurade bo fuw mo tete agyanom.
3 Zatim im reci: 'Ovako govori Jahve nad Vojskama: Vratite se meni, i ja ću se vratiti vama' - riječ je Jahve nad Vojskama.
Enti ka kyerɛ nkurɔfo no se: Sɛɛ na Asafo Awurade se: ‘Monsan mmra me nkyɛn, na mɛsan aba mo nkyɛn,’ nea Asafo Awurade se ni.
4 'Ne budite poput svojih otaca koje su pozivali negdašnji proroci.' Ovako govori Jahve nad Vojskama: 'Vratite se sa zlih putova svojih i od zlih djela. Ali oni nisu slušali ni pazili na mene' - govori Jahve.
Monnyɛ sɛ mo tete agyanom, a adiyifo a wodii kan no pae mu ka kyerɛɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Asafo Awurade se: Monnan mfi mo akwammɔne ne nneyɛe bɔne ho,’ nanso wɔantie na wɔanyɛ aso amma no.
5 Gdje su sad oci vaši? Zar će dovijeka živjeti proroci?
Mo tete agyanom wɔ he mprempren? Na adiyifo no, wɔte ase daa ana?
6 Ali moje riječi i odredbe, koje sam naložio slugama svojim prorocima, nisu li stigle vaše oce? Oni se obratiše i priznaše: 'Jahve nad Vojskama učinio je s nama kako bijaše namislio učiniti prema našim putovima i našim djelima.'”
Na me nsɛm a menam mʼasomfo adiyifo so kae no, amma mo tete agyanom no so ana? “Afei wonuu wɔn ho na wɔkae se, ‘Asafo Awurade ayɛ yɛn nea ɛfata yɛn akwan ne nneyɛe, sɛnea ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛyɛ no.’”
7 Dvadeset i četvrtog dana, jedanaestoga mjeseca, a to je mjesec Šebat, druge godine Darijeve, dođe riječ Jahvina proroku Zahariji, sinu Berekjinu, sinu Idonovu.
Na da a ɛto so aduonu anan wɔ ɔsram a ɛto so dubaako a wɔfrɛ no Sebat, wɔ ɔhene Dario adedi afe a ɛto so abien so no, Awurade asɛm baa odiyifo Sakaria a ɔyɛ Ido babarima Berekia babarima no nkyɛn.
8 Imao sam noću viđenje. Gle, na riđanu čovjek jaše među mirtama koje imaju duboko korijenje, a iza njega konji riđi, smeđi i bijeli.
Anadwo no minyaa anisoadehu, mihuu ɔbarima bi a ɔte ɔpɔnkɔ kɔkɔɔ so wɔ mʼanim! Na ogyina ohuamnnua bi ntam wɔ obon a mu dɔ mu. Na apɔnkɔ kɔkɔɔ, nnodoe ne fitaa wɔ nʼakyi.
9 Upitah: “Koji su ovi, gospodaru?” Anđeo koji je sa mnom govorio reče mi: “Ja ću ti pokazati koji su.”
Mibisae se, “Eyinom ase ne dɛn, me wura?” Ɔbɔfo a ɔne me rekasa no buae se, “Mɛkyerɛ wo dekode a wɔyɛ.”
10 Čovjek koji stajaše među mirtama odgovori: “Ovo su oni koje je poslao Jahve da obilaze zemlju.”
Enti ɔbarima a ogyina ohuamnnua ntam no kyerɛɛ ase se, “Wɔyɛ wɔn a Awurade asoma wɔn sɛ wɔnkɔ wiase afanan nyinaa no.”
11 Oni se obratiše anđelu Jahvinu, koji stajaše među mirtama, i kazaše: “Obišli smo zemlju, i gle: sva zemlja počiva i miruje.”
Na wɔbɛka kyerɛɛ Awurade bɔfo a ogyina ohuamnnua no mu no se, “Yɛakyin afa asase no so nyinaa, na yehuu sɛ wiase nyinaa wɔ ahomegye ne asomdwoe.”
12 Tada progovori anđeo Jahvin i reče: “Jahve nad Vojskama, kada ćeš se već jednom smilovati Jeruzalemu i gradovima judejskim na koje se već sedamdeset godina ljuto srdiš?”
Afei Awurade bɔfo no kae se, “Asafo Awurade, enkosi da bɛn na wubeyi wʼahummɔbɔ afi Yerusalem ne Yuda nkurow a wo bo afuw wɔn mfirihyia aduɔson ni no so?”
13 A Jahve anđelu koji je govorio sa mnom odgovori utješnim riječima.
Enti Awurade kaa akomatɔyamsɛm ne awerɛkyekyesɛm kyerɛɛ ɔbɔfo a ɔne me kasae no.
14 I anđeo koji je govorio sa mnom reče mi: “Objavi ovo: 'Ovako govori Jahve nad Vojskama: Ljubavlju ljubomornom gorim za Jeruzalem i za Sion,
Afei ɔbɔfo a ɔne me rekasa no kae se, “Pae mu ka saa asɛm yi: Sɛɛ na Asafo Awurade se: ‘Metwe Yerusalem ne Sion ho ninkunu yiye,
15 a velikim gnjevom plamtim na ohole narode, jer kad se ono malo rasrdih, oni prijeđoše mjeru.'
nanso me bo afuw aman a wɔn aso mu adwo wɔn no. Na anka me bo mfuw wɔn bebree, nanso wɔmaa Israel amanehunu no boroo so.’
16 Zato ovako govori Jahve: 'Vraćam se Jeruzalemu s milosrđem; opet će u njemu sagraditi Dom moj' - riječ je Jahve nad Vojskama - 'i opet će se u Jeruzalemu protezati uže mjeračko.'
“Enti nea Awurade se ni: ‘Mɛsan abehu Yerusalem mmɔbɔ, na hɔ na wɔbɛsan asi me fi. Na wɔbɛtwe susuhama mu wɔ Yerusalem so,’ nea Asafo Awurade se ni.
17 I ovo poruči: 'Ovako govori Jahve nad Vojskama: Moji će se gradovi opet prelijevati obiljem, i Jahve će utješiti Sion, izabrati Jeruzalem.'”
“Kɔ so pae mu ka se, sɛɛ na Asafo Awurade se: ‘Nnepa bebu so wɔ me nkurow yi so bio, na Awurade bɛkyekye Sion werɛ bio, na wafa Yerusalem.’”
18 Podigoh oči i vidjeh. I gle: četiri roga.
Afei, memaa mʼani so, na mihuu mmɛn anan!
19 Upitah anđela koji je govorio sa mnom: “Što je ovo?” On mi odgovori: “To su rogovi koji su raznijeli Judu, Izraela i Jeruzalem.”
Mibisaa ɔbɔfo a ɔne me rekasa no se, “Eyinom yɛ dɛn?” Obuaa me se, “Saa mmɛn yi na ɛbɔɔ Yuda, Israel ne Yerusalem petee no.”
20 Onda mi Jahve pokaza četiri kovača.
Na Awurade kyerɛɛ me adwumfo anan.
21 A ja upitah: “Što su došli ovi raditi?” On mi odgovori: “Ono su rogovi koji su raznijeli Judu te se nitko više ne usuđuje dići glavu; a ovi su došli da ih zastraše i da slome rogove narodima koji podizahu rog na zemlju Judinu kako bi je raznijeli.”
Mibisae se, “Dɛn na eyinom rebɛyɛ?” Obuae se, “Mmɛn anan no bɔɔ Yuda petee a obiara antumi amma ne ti so, nanso adwumfo yi aba sɛ wɔrebehunahuna wɔn, na watutu aman no mmɛn a wɔmemaa so tiaa Yudaman na wɔbɔɔ nnipa no petee no.”

< Zaharija 1 >