< Otkrivenje 16 >
1 I začujem iz hrama jak glas koji viknu sedmorici anđela: “Hajdete, izlijte sedam čaša gnjeva Božjega na zemlju!”
Afei, metee nne bi sɛ ɛrekasa firi asɔredan mu hɔ kyerɛ abɔfoɔ no sɛ, “Mo nkɔ nkɔhwie Onyankopɔn abufuo nson a ɛwɔ nkuruwa nson mu no ngu asase so.”
2 Ode prvi i izli svoju čašu na zemlju. I pojavi se čir, koban i bolan, na ljudima što nose žig Zvijerin i klanjaju se kipu njezinu.
Ɔbɔfoɔ a ɔdi ɛkan no kɔhwiee ne kuruwa no mu abufuo guu asase so. Akuro a ɛyɛ hu na ɛyɛ yea tutuu wɔn a wɔde aboa no ahyɛ wɔn ho agyiraeɛ no ne wɔn a wɔsom ne sɛso ohoni no nso.
3 Drugi izli svoju čašu na more. I ono posta krv kao krv mrtvačeva te izginu sve živo u moru.
Ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmienu no hwiee ne kuruwa no mu abufuo guu ɛpo mu. Nsuo no danee sɛ owufoɔ mogya, na abɔdeɛ biara a nkwa wɔ mu wɔ ɛpo no mu no wuiɛ.
4 Treći izli svoju čašu na rijeke i izvore voda. I postadoše krv.
Ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa no hwiee ne kuruwa no mu abufuo guu nsubɔntene ne nsuwa mu maa ne nyinaa danee mogya.
5 I začujem anđela voda gdje govori: “Pravedan si, Ti koji jesi i koji bijaše, Sveti, što si tako dosudio!
Metee sɛ ɔbɔfoɔ a ɔhwɛ nsuo so no reka sɛ, “wʼatɛn a wobuo no yɛ atɛntenenee. Ɔkronkronni a wowɔ hɔ na wowɔ ha dada,
6 Oni su prolili krv svetih i proroka i stoga ih krvlju napajaš! Zavrijedili su!”
ɛfiri sɛ wahwie mo ahotefoɔ ne adiyifoɔ mogya agu, woama wɔn mogya sɛ wɔnnom, sɛdeɛ ɛfata wɔn.”
7 I začujem žrtvenik kako govori: “Da, Gospode, Bože, Svevladaru! Istiniti su i pravedni sudovi tvoji!”
Afei, metee nne bi wɔ afɔrebukyia no so sɛ, “Aane, Awurade, Otumfoɔ Onyankopɔn, atɛn a wobu nyinaa yɛ atɛntenenee!”
8 Četvrti izli svoju čašu na sunce. I suncu je dano da pali ljude ognjem.
Ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so ɛnan no hwiee ne kuruwa no mu abufuo guu owia so na wɔmaa no tumi sɛ ɔnhye nnipa.
9 I silna je žega palila ljude te su hulili ime Boga koji ima vlast nad tim zlima, ali se ne obratiše da mu slavu dadu.
Owia hyeɛ no anoden maa nnipa domee Onyankopɔn a ɔwɔ saa ɔhaw yi nyinaa so tumi no din. Nanso, wɔannu wɔn ho anhyɛ Onyankopɔn animuonyam.
10 Peti izli svoju čašu na prijestolje Zvijeri. I kraljevstvo joj prekriše tmine. Ljudi su grizli jezike od muke
Afei, ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so enum no hwiee ne kuruwa no mu abufuo guu aboa no ahennwa no so. Esum duruu aboa no ahemman mu, na ɛsiane yea enti, nnipa wee wɔn tɛkrɛma;
11 i hulili Boga nebeskoga zbog muka i čireva, ali se ne obratiše od djela svojih.
na ɛsiane saa yea no ne akuro a ɛtutuu wɔn no enti, wɔdomee ɔsoro Onyankopɔn. Nanso, wɔantwe wɔn ho amfiri wɔn bɔne ho.
12 Šesti izli svoju čašu na Eufrat, rijeku veliku. I presahnu voda te načini prolaz kraljima s istoka sunčeva.
Ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nsia no hwiee ne kuruwa no mu abufuo guu Asubɔnten Eufrate mu. Asuo no weweeɛ, danee ɛkwan maa ahene a wɔfiri apueeɛ.
13 I vidjeh: iz usta Zmajevih i iz usta Zvijerinih i iz usta Lažnoga proroka izlaze tri duha nečista, kao žabe.
Afei, mehunuu ahonhommɔne mmiɛnsa bi a na wɔte sɛ mponkyerɛne a na wɔfifiri ɔtweaseɛ no ne aboa no ne atorɔ odiyifoɔ no anom.
14 To su dusi zloduha što čine znamenja, a pođoše sabrati kraljeve svega svijeta na rat za Dan veliki Boga Svevladara.
Wɔyɛ ahonhommɔne a wɔyɛ anwanwadeɛ. Saa ahonhom mmiɛnsa yi kɔ ahene a wɔwɔ asase so nyinaa nkyɛn kɔka wɔn nyinaa boa ano ma Otumfoɔ Onyankopɔn ɔko da kɛseɛ no.
15 Evo dolazim kao tat! Blažen onaj koji bdije i čuva haljine svoje da ne ide gol te mu se ne vidi sramota!
“Montie! Mereba te sɛ ɔkorɔmfoɔ. Nhyira ne deɛ ɔwɛn na ɔhwɛ ne ntadeɛ so, sɛdeɛ ɔrennante adagya ngu ne ho anim ase wɔ badwam!”
16 I skupiše ih na mjesto koje se hebrejski zove Harmagedon.
Ahonhom no boaa ahene no ano wɔ baabi a Hebri kasa mu wɔfrɛ hɔ Armagedon.
17 I sedmi izli svoju čašu na zrak. Uto iz hrama, s prijestolja, iziđe jak glas i viknu: “Svršeno je!”
Afei, ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nson no hwiee ne kuruwa no mu abufuo guu mframa mu. Nne denden bi firi ahennwa a ɛwɔ asɔredan no mu no kaa sɛ, “Wɔawie.”
18 I udariše munje i glasovi i gromovi i nasta potres velik, kakva ne bijaše otkako je ljudi - tako bijaše silan potres taj.
Na anyinam tete maa aprannaa paapaeɛ, ɛnna asasewosoɔ denden bi baeɛ. Ɛfirii sɛ wɔbɔɔ onipa no, asasewosoɔ biara mmaa saa da. Yei ne asasewosoɔ nyinaa mu deɛ ano yɛ den pa ara.
19 I prasnu natroje grad veliki i gradovi naroda padoše. Spomenu se Bog Babilona velikoga da mu dade piti iz čaše vina gnjevne srdžbe Božje.
Kuro kɛseɛ no mu paee mmiɛnsa, na aman nyinaa nkuro akɛseɛ sɛesɛeɛ. Onyankopɔn kaee Babilonia kɛseɛ no, na ɔmaa no nsã a ano yɛ den a ɛyɛ nʼabufuo firi ne kuruwa ano nomeɛ.
20 I pobjegoše svi otoci, iščezoše gore,
Nsupɔ ne mmepɔ nyinaa yeraeɛ.
21 a iz neba se spusti na ljude tuča velika, poput talenta. Ljudi su hulili Boga zbog zla tuče jer zlo njezino bijaše silno veliko.
Asukɔtweaa kɛseɛ a ebiara mu duru yɛ kilogram aduonum tɔ firii soro guu nnipa so. Na ɛsiane asukɔtweaa no haw a na ɛyɛ hu no enti, nnipa domee Onyankopɔn.