< Psalmi 62 >
1 Zborovođi. Po Jedutunu. Psalam. Davidov. Samo je u Bogu mir, dušo moja, samo je u njemu spasenje.
Dawid dwom. Me ɔkra wɔ ahomegyeɛ wɔ Onyankopɔn nko ara mu; me nkwagyeɛ firi ne nkyɛn.
2 Samo on je moja hrid i spasenje, utvrda moja: neću se pokolebati.
Ɔno nko ara ne me botan ne me nkwagyeɛ; ɔyɛ mʼaban, na merenhinhim da.
3 Dokle ćete na bijednika nasrtati, obarat' ga svi zajedno, k'o zid ruševan il' ogradu nagnutu?
Mobɛkɔ so ahyɛ onipa baako so akɔsi da bɛn? Mo nyinaa mobɛsum no ahwe fam anaa? Mayɛ ɔfasuo a akyea, ɛban a ɛrebuo wɔ wɔn ani so.
4 Urotiše se da me s visa mog obore, u laži uživaju; ustima blagoslivlju, a u srcu proklinju.
Wɔayɛ adwene sɛ wɔbɛtu me afiri me diberɛ a ɛkorɔn no so; wɔn ani gye atorɔ die ho. Wɔde wɔn ano hyira na wɔn akoma mu deɛ, wɔdome.
5 Samo je u Bogu mir, dušo moja, samo je u njemu nada moja.
Ao me kra, gye wʼahome wɔ Onyankopɔn nko ara mu; na ne mu na mʼanidasoɔ wɔ.
6 Samo on je moja hrid i spasenje, utvrda moja: neću se pokolebati.
Ɔno nko ara ne me botan ne me nkwagyeɛ; ɔyɛ mʼaban, na merenhinhim.
7 U Boga je spasenje moje i slava; Bog mi je hridina silna, utočište.
Me nkwagyeɛ ne mʼanimuonyam gyina Onyankopɔn so; ɔyɛ me botan a ɛkorɔn, ne me dwanekɔbea.
8 U nj se, narode, uzdaj u svako doba; pred njim srca izlijevajte: Bog je naše utočište!
Ao me nkurɔfoɔ, momfa mo ho nto ne so daa; monka mo akoma mu nsɛm nyinaa nkyerɛ no, ɛfiri sɛ Onyankopɔn ne yɛn dwanekɔbea.
9 Sinovi su ljudski samo dašak, laž su djeca čovječja: svi da stanu na tezulju, od daha bi lakši bili.
Nnipa nyinaa te sɛ home; akɛseɛ ne nkumaa nyinaa nka hwee; sɛ wɔkari wɔn wɔ nsania so a, wɔnka hwee; wɔn nyinaa bɔ mu a, wɔyɛ home mu tutuo.
10 U grabež se ne uzdajte nit' se otetim tašto hvalite; umnoži l' se blago, nek' vam srce za nj ne prione.
Mommfa mo ho nto nsisie so na monnhoahoa mo ho korɔnodeɛ ho; ɛwom sɛ mo ahonya dɔɔso deɛ, nanso mommfa mo akoma nto so.
11 Bog rekao jedno, a ja dvoje čuo:
Asɛm baako na Onyankopɔn aka, nsɛm mmienu na mateɛ sɛ, wo, Onyankopɔn, wo na wowɔ ahoɔden,
12 “U Boga je snaga! U tebe je, Gospode, dobrota! Ti uzvraćaš svakom po djelima.”
na wo, Awurade, wo na woyɛ adɔeɛ. Ampa ara, wobɛtua obiara ka sɛdeɛ nʼadwuma teɛ.