< Psalmi 62 >

1 Zborovođi. Po Jedutunu. Psalam. Davidov. Samo je u Bogu mir, dušo moja, samo je u njemu spasenje.
Wɔde ma dwonkyerɛfo. De ma Yedutun. Dawid dwom. Me kra wɔ ahomegye wɔ Onyankopɔn nko ara mu; me nkwagye fi ne nkyɛn.
2 Samo on je moja hrid i spasenje, utvrda moja: neću se pokolebati.
Ampa, ɔyɛ me botan ne me nkwagye; ɔyɛ mʼabandennen, hwee renhinhim me da.
3 Dokle ćete na bijednika nasrtati, obarat' ga svi zajedno, k'o zid ruševan il' ogradu nagnutu?
Mobɛkɔ so ahyɛ onipa so akosi da bɛn, mo nyinaa besum me ahwe fam ana? Ɔfasu a akyea yi, ban a ɛrebu yi?
4 Urotiše se da me s visa mog obore, u laži uživaju; ustima blagoslivlju, a u srcu proklinju.
Ampa, wɔayɛ adwene se wobetu no afi ne dibea a ɛkorɔn no so; wɔn ani gye atorodi ho. Wɔde wɔn ano hyira na wɔn koma mu de, wɔdome.
5 Samo je u Bogu mir, dušo moja, samo je u njemu nada moja.
Yiw me kra, gye wʼahome wɔ Onyankopɔn nko ara mu; na ne mu na mʼanidaso wɔ.
6 Samo on je moja hrid i spasenje, utvrda moja: neću se pokolebati.
Ampa, ɔyɛ me botan ne me nkwagye; ɔyɛ mʼabandennen, hwee renhinhim me.
7 U Boga je spasenje moje i slava; Bog mi je hridina silna, utočište.
Me nkwagye ne mʼanuonyam gyina Onyankopɔn so; ɔyɛ me botan a ɛkorɔn, ne me guankɔbea.
8 U nj se, narode, uzdaj u svako doba; pred njim srca izlijevajte: Bog je naše utočište!
Mo nnipa, momfa mo ho nto ne so daa; monka mo koma mu nsɛm nyinaa nkyerɛ no, efisɛ Onyankopɔn ne yɛn guankɔbea.
9 Sinovi su ljudski samo dašak, laž su djeca čovječja: svi da stanu na tezulju, od daha bi lakši bili.
Nnipa nyinaa te sɛ home; akɛse ne nkumaa nyinaa nka hwee; sɛ wɔkari wɔn wɔ nsania so a, wɔnka hwee; wɔn nyinaa bɔ mu a wɔyɛ home nko.
10 U grabež se ne uzdajte nit' se otetim tašto hvalite; umnoži l' se blago, nek' vam srce za nj ne prione.
Mommfa mo ho nto asisi so na monnhoahoa mo ho akorɔnne ho; ɛwɔ mu sɛ mo ahonya dɔɔso de, nanso mommfa mo koma nto so.
11 Bog rekao jedno, a ja dvoje čuo:
Asɛm baako na Onyankopɔn aka, nsɛm abien na mate sɛ, wo, Onyankopɔn, na wowɔ ahoɔden,
12 “U Boga je snaga! U tebe je, Gospode, dobrota! Ti uzvraćaš svakom po djelima.”
na wo, Awurade, na woyɛ adɔe, ampa ara wubetua obiara ka sɛnea nʼadwuma te.

< Psalmi 62 >