< Psalmi 43 >
1 Dosudi mi pravo, Bože, i povedi parbu moju protiv čeljadi bezbožne, izbavi me od čovjeka zlobna i opaka!
Me Nyankopɔn, bu me bem, na ka mʼasɛm a etia ɔman a wonsuro wo no ma me; gye me fi nnaadaafo ne amumɔyɛfo nsam.
2 Jer ti si, Bože, zaklon moj: zašto me odbacuješ? Zašto obilazim žalostan, pritisnut dušmanima?
Woyɛ Onyankopɔn, mʼabandennen. Adɛn nti na woapo me? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ menantenantew twa adwo mʼatamfo nhyɛso nti?
3 Pošlji svjetlost svoju i vjernost: nek' me vode, nek' me dovedu na tvoju svetu goru, u šatore tvoje!
Soma wo hann ne wo nokware ma wɔnkyerɛ me kwan; ma wɔmfa me mmra wo Bepɔw Kronkron no so, faako a wote no.
4 I pristupit ću Božjem žrtveniku, Bogu, radosti svojoj. Harfom ću slaviti tebe, Bože, o Bože moj!
Afei, mɛkɔ Onyankopɔn afɔremuka anim, mʼanigye ne mʼahosɛpɛw Nyankopɔn nkyɛn. Mede sanku beyi wo ayɛ, Onyankopɔn, me Nyankopɔn.
5 Što si mi, dušo, klonula i što jecaš u meni? U Boga se uzdaj, jer opet ću ga slaviti, spasenje svoje, Boga svog!
Me kra, adɛn, na woabotow? Adɛn na woayɛ basaa wɔ me mu saa? Fa wo ho to Onyankopɔn so, na mɛkɔ so ayi no ayɛ, mʼAgyenkwa ne me Nyankopɔn. Dwom a wɔde ma dwonkyerɛfo.