< Psalmi 41 >
1 Zborovođi. Psalam. Davidov. Blago onome koji misli na uboga i slaba: u dan nevolje Jahve će ga spasiti!
Dawid dwom. Nhyira ne onipa a mmɔborɔni asɛm ho hia no; Awurade gye no wɔ amanehunu bere mu.
2 Jahve će ga štititi i živa sačuvati, sreću mu dati na zemlji i neće ga predati na volju dušmanima.
Awurade bɛbɔ ne ho ban na wakora ne kra; obehyira no wɔ asase no so; ɔrennyaa no mma nʼatamfo apɛde.
3 Jahve će ga ukrijepiti na postelji boli, bolest mu okrenuti u snagu.
Awurade bɛhwɛ no wɔ ne yare mpa so na wagye no asi hɔ.
4 Zavapih: “Jahve, smiluj mi se, iscijeli mi dušu jer tebi sagriješih!”
Mekae se, “Ao Awurade hu me mmɔbɔ; sa me yare, efisɛ mayɛ bɔne atia wo.”
5 Neprijatelji zlo govore o meni: “Kad će umrijeti i kad će mu nestati imena?”
Mʼatamfo de adwene bɔne ka fa me ho se: “Da bɛn na obewu ama ne din ayera?”
6 I dođe li tko da me posjeti, himbeno govori, u srcu pakosti skuplja i vani opada.
Bere biara a obi ba me nkyɛn no, ɔka atosɛm, na ne koma hɔre dinsɛe; ofi adi kɔ a, ɔde kodi nseku.
7 Mrzitelji moji svi složno šapuću o meni; zlo mi dosuđuju:
Mʼatamfo nyinaa keka asomsɛm fa me ho; wosusuw bɔne ma me na wɔka se:
8 “Pogubna se pošast na nj oborila.” Ili: “Tko jednom leže, više ne ustaje.”
“Ɔyare bɔne bi abɔ no; ɔrensɔre mfi nea ɔda hɔ bio.”
9 Pa i prijatelj moj u koga se uzdah, koji blagovaše kruh moj, petu na me podiže.
Mpo me yɔnko pa ara a mede me ho too no so, nea me ne no too nsa didii no, asɔre atia me.
10 A ti, Jahve, smiluj se meni i podigni me da im mogu uzvratiti.
Nanso wo, Awurade, hu me mmɔbɔ; ma me so, na mintua wɔn so ka.
11 Po tome ću znati da sam mio tebi: što se dušmanin moj neće veseliti nada mnom.
Minim sɛ wʼani sɔ me, na me tamfo renni me so nkonim.
12 A mene ćeš zdrava uzdržati i pred svoje me lice staviti dovijeka.
Me nokwaredi mu, wukura me mu na wode me gyina wʼanim afebɔɔ.
13 Blagoslovljen Jahve, Bog Izraelov, od vijeka do vijeka! Tako neka bude! Amen!
Nhyira nka Awurade, Israel Nyankopɔn, nnɛ ne daa nyinaa. Amen! ne Amen! Wɔde ma dwonkyerɛfo.