< Psalmi 131 >

1 Hodočasnička pjesma. Davidova. O Jahve, ne gordi se moje srce niti se oči uznose. Ne idem za stvarima velikim ni za čudima što su iznad mene.
Ɔsoroforɔ dwom. Dawid deɛ. Ao Awurade, ahomasoɔ nni mʼakoma mu, na mʼani ntraa ntɔn; memma nsɛm akɛseɛ nha me anaa nsɛm a ɛyɛ nwanwa dodo ma me.
2 Ne, ja sam se smirio i upokojio dušu svoju; kao dojenče na grudima majke, kao dojenče duša je moja u meni.
Na mmom, mama me kra anya abotɔyam te sɛ akɔkoaa a ɔda ne maame so renum no, te sɛ akɔkoaa a ɔtua nufoɔ ano no, saa ara na me kra ayɛ wɔ me mu.
3 U Jahvu se, Izraele, uzdaj odsada dovijeka.
Ao Israel, ma wʼani nna Awurade so, seesei ne daa nyinaa.

< Psalmi 131 >