< Mudre Izreke 19 >

1 Bolji je siromah koji živi u nedužnosti nego čovjek opakih usana i k tomu bezuman.
Ohiani a ne nantew ho nni asɛm no ye sen ɔkwasea a nʼasɛm mfa kwan mu.
2 Revnost bez razboritosti nije dobra, i tko brzo hoda, spotiče se.
Mmɔdemmɔ a nimdeɛ nka ho no nye, saa ara na ntɛmpɛ a ɛma obi yera kwan nso nye.
3 Ludost čovjeku kvari život, a srce mu se ljuti na Jahvu!
Onipa agyimisɛm sɛe nʼabrabɔ, nanso ne koma huru tia Awurade.
4 Bogatstvo pribavlja mnoge prijatelje, a siromaha i njegov prijatelj ostavlja.
Ahonya frɛfrɛ nnamfonom bebree; nanso ohiani adamfo gyaw no hɔ.
5 Lažljiv svjekok ne ostaje bez kazne, i tko širi laži, neće uteći.
Adansekurumni benya nʼakatua, na nea otwa nkontompo remfa ne ho nni.
6 Mnogi laskaju licu odličnikovu i svatko je prijatelj čovjeku darežljivu.
Nnipa pii pɛ adom fi sodifo nkyɛn, na nea ɔkyɛ ade yɛ obiara adamfo.
7 Na siromaha mrze sva braća njegova, još više se udaljuju od njega prijatelji njegovi: on hlepi za dobrim riječima, ali ih ne nalazi!
Ohiani abusuafo nyinaa po no, na saa ara na ne nnamfonom po no! Mpo ɔhwehwɛ wɔn, pɛ sɛ ɔpa wɔn kyɛw, nanso onhu wɔn baabiara.
8 Tko stječe razboritost, ljubi sebe, a tko čuva razum, nalazi sreću.
Nea onya nyansa no dɔ ne kra; nea ɔpɛ nhumu no nya nkɔso.
9 Lažljiv svjedok ne ostaje bez kazne, i tko širi laži, propada.
Adansekurumni benya asotwe, na nea otwa nkontompo no bɛyera.
10 Ne dolikuje bezumnomu živjeti raskošno, a još manje sluzi vlast nad knezovima.
Ɛmfata sɛ ɔkwasea bedi taamu, anaasɛ akoa bedi mmapɔmma so!
11 Um čovjeka usteže od srdžbe, a čast mu je oprostiti krivicu.
Onipa nyansa ma no ntoboase; ɛyɛ anuonyam ma obi sɛ obebu nʼani gu mfomso bi so.
12 Kraljev je gnjev kao rika lavlja, a njegova milost kao rosa bilju.
Ɔhene abufuw te sɛ gyata mmubomu, na nʼadom te sɛ sare so bosu.
13 Nesreća je ocu svojemu bezuman sin, i neprestano prokišnjavanje svađe su ženine.
Ɔba kwasea yɛ nʼagya ɔsɛe, ɔyere tɔkwapɛfo te sɛ ɔdan a ne nwini to ntwa da.
14 Kuća se i bogatstvo baštine od otaca, a od Jahve je žena razumna.
Afi ne ahonyade yɛ agyapade a efi awofo, na ɔyere nimdefo fi Awurade.
15 Lijenost navlači čovjeku dubok san i nemarna duša gladuje.
Akwadworɔ de nnahɔɔ ba, na ɔkɔm de ɔkwadwofo.
16 Tko se drži zapovijedi, čuva život svoj, a tko ne pazi putove svoje, umire.
Nea odi nkyerɛkyerɛ so no bɔ ne nkwa ho ban, na nea ogyaagyaa ne ho no bewu.
17 Jahvi pozaima tko je siromahu milostiv, i on će mu platiti dobročinstvo.
Nea ɔyɛ adɔe ma ohiani no yɛ de fɛm Awurade, na obetua no nea ɔyɛ no so ka.
18 Kažnjavaj sina svoga dok ima nade, ali ne idi za tim da ga ubiješ.
Teɛ wo ba, na ɛno mu na anidaso wɔ, na nyɛ wɔn a wɔde no kɔ owu mu no mu baako.
19 Tko je jarostan, plaća globu, i kad ga štediš, samo uvećavaš njegov gnjev.
Ɛsɛ sɛ onipa a ne koma haw no no nya so asotwe; sɛ woka ma no a, wobɛyɛ bio.
20 Slušaj savjet i primaj pouku, kako bi naposljetku postao mudar.
Tie afotu na gye nkyerɛkyerɛ to mu, na awiei no, wubehu nyansa.
21 Mnogo je namisli u srcu čovječjem, ali što Jahve naumi, to i bude.
Nhyehyɛe bebree wɔ onipa koma mu, nanso nea Awurade pɛ no na ɛba mu.
22 Dražest je čovjekova u dobroti njegovoj, i bolji je siromah od lažljivca.
Nea onipa pɛ ne nokware dɔ; eye sɛ wobɛyɛ ohiani sen sɛ wobɛyɛ ɔtorofo.
23 Strah Gospodnji daje život, i tko se njime ispuni, zlo ga ne pohodi.
Awurade suro kɔ nkwa mu; na onipa de abotɔyam home a ɔhaw bi nni mu.
24 Lijenčina umače ruku u zdjelu, ali je ustima svojim ne prinosi.
Ɔkwadwofo de ne nsa si aduan mu, na ɛyɛ no anihaw sɛ obeyi akɔ nʼano.
25 Udari podsmjehivača, i lud se opameti; ukori razumnog, i shvatit će znanje.
Twa ɔfɛwdifo mmaa, na atetekwaa bɛfa adwene; ka nea ɔwɔ nhumu anim, na obenya nimdeɛ.
26 Sin je sramotan i pokvaren tko zlostavlja oca i odgoni majku.
Nea ɔbɔ nʼagya korɔn na ɔpam ne na no yɛ ɔba a ɔde aniwu ne animguase ba.
27 Prestani, sine moj, slušati naputke koji odvode od riječi spoznaje!
Me ba, sɛ wugyae nkyerɛkyerɛ tie a, wobɛman afi nimdeɛ nsɛm ho.
28 Nevaljao se svjedok podruguje pravdi i usta opakih gutaju nepravdu.
Adansekurumni di atɛntrenee ho fɛw; na omumɔyɛfo ano mene bɔne.
29 Pripravljene su kazne podsmjevačima i udarci za leđa bezumnika.
Wɔasiesie asotwe ama fɛwdifo, ne mmaabɔ ama nkwaseafo akyi.

< Mudre Izreke 19 >