< Matej 13 >

1 Onoga dana Isus iziđe iz kuće i sjede uz more.
Da no ara Yesu fii adi kɔtenaa mpoano.
2 I nagrnu k njemu silan svijet te je morao ući u lađu: sjede, a sve ono mnoštvo stajaše na obali.
Nnipakuw kyeree so wɔ hɔ a ɛmaa no kɔtenaa ɔkorow bi mu a na nnipakuw no nso gyinagyina mpoano hɔ.
3 I zborio im je mnogo u prispodobama: “Gle, iziđe sijač sijati.
Ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn wɔ mmebu mu se, “Da bi okuafo bi kɔɔ nʼafum koguu aba.
4 I dok je sijao, nešto zrnja pade uz put, dođoše ptice i pozobaše ga.
Ogu so regu no, aba no bi guu ɔkwan mu maa nnomaa bɛsosɔw ne nyinaa.
5 Nešto opet pade na kamenito tlo, gdje nemaše dosta zemlje, i odmah izniknu jer nemaše duboke zemlje.
Bi nso koguu ɔbotan so. Ankyɛ na aba no fifii.
6 A kad sunce ogranu, izgorje i jer nemaše korijena, osuši se.
Esiane sɛ na dɔte a ɛwɔ ɔbotan no so sua no nti, owia bɔɔ so no, ne nyinaa hyewee.
7 Nešto opet pade u trnje, trnje uzraste i uguši ga.
Aba no bi nso guu nsɔe mu, na nsɔe no nyin no emiaa no.
8 Nešto napokon pade na dobru zemlju i davaše plod: jedno stostruk, drugo šezdesetostruk, treće tridesetostruk.”
Aba no bi guu asase pa mu. Enyin, sow aba mmɔho aduasa; bi aduosia na afoforo nso ɔha.
9 “Tko ima uši, neka čuje!”
Nea ɔwɔ aso no, ma ontie!”
10 I pristupe učenici pa ga zapitaju: “Zašto im zboriš u prispodobama?”
Owiee ne nkyerɛkyerɛ no, nʼasuafo no baa ne nkyɛn bebisaa no se, “Adɛn na daa wonam mmebu so kasa kyerɛ nnipa no?”
11 On im odgovori: “Zato što je vama dano znati otajstva kraljevstva nebeskoga, a njima nije dano.
Yesu buaa wɔn se, “Mo de, wɔde Ɔsoro Ahenni ho ahintasɛm ama mo na wɔn de, wɔmmfa mmaa wɔn ɛ.
12 Doista, onomu tko ima dat će se i obilovat će, a onomu tko nema oduzet će se i ono što ima.
Nea ɔwɔ biribi no, wɔbɛma no bi aka ho na wanya ama abu no so. Na nea onni ahe bi no, kakra a ɔwɔ no mpo, wobegye afi ne nsam.
13 U prispodobama im zborim zato što gledajući ne vide i slušajući ne čuju i ne razumiju.”
Nea enti a ɛma mekasa kyerɛ wɔn mmebu mu no ne sɛ, “Wohu de, nanso wonhu; wɔte de, na wɔnte ase.
14 “Tako se ispunja na njima proroštvo Izaijino koje govori: Slušat ćete, slušati - i nećete razumjeti; gledat ćete, gledati - i nećete vidjeti!
Wɔn so na ɛnam ama Yesaia nkɔm a ɔhyɛe se, “‘Ɔte de, mobɛte, nanso morente ase; ohu de, mubehu, nanso morenhu no, aba mu.
15 Jer usalilo se srce naroda ovoga: uši začepiše, oči zatvoriše da očima ne vide, ušima ne čuju, srcem ne razumiju te se ne obrate pa ih izliječim.
Efisɛ ɔman yi koma apirim. Wɔyɛ asoɔden; wɔakatakata wɔn ani. Sɛ ɛnte saa a anka wɔn ani behu ade, na wɔn aso ate asɛm na wɔn koma ate asɛm ase, na wɔanu wɔn ho asan aba me nkyɛn na masa wɔn yare.’
16 A blago vašim očima što vide, i ušima što slušaju.
Na mo de, wɔahyira mo ani efisɛ ehu ade; wɔahyira mo aso efisɛ ɛte asɛm.
17 Zaista, kažem vam, mnogi su proroci i pravednici željeli vidjeti što vi gledate, ali nisu vidjeli; i čuti što vi slušate, ali nisu čuli.”
Na me de, mereka akyerɛ mo se, adiyifo ne atreneefo pii pɛɛ sɛ wohu nea muhu no, nanso wɔanhu. Wɔpɛɛ sɛ wɔte nea mote no, nanso wɔante.
18 “Vi, dakle, poslušajte prispodobu o sijaču.
“Afei muntie bɛ a ɛfa ogufo a okoguu aba wɔ nʼafum no no nkyerɛase.
19 Svakomu koji sluša Riječ o Kraljevstvu, a ne razumije, dolazi Zli te otima što mu je u srcu posijano. To je onaj uz put zasijan.
Wɔn a wotie Onyankopɔn asɛm no, na wɔnte ase no te sɛ aba a eguu ɔkwan mu no. Ɔbɔnefo no ba, behwim nea wɔadua wɔ wɔn koma mu no.
20 A zasijani na tlo kamenito - to je onaj koji čuje Riječ i odmah je s radošću prima,
Aba a eguu ɔbotan so no gyina hɔ ma wɔn a wɔte asɛm no, na wɔde anigye so mu.
21 ali nema u sebi korijena, nego je nestalan: kad zbog Riječi nastane nevolja ili progonstvo, odmah se pokoleba.
Nanso asɛm no nnyina wɔ wɔn mu. Eyi nti ɛnkyɛ na asɛm no awu. Esiane sɛ asɛm no awu nti, sɛ ɔhaw anaa ɔtaa bi ba a, wɔpa abaw.
22 Zasijani u trnje - to je onaj koji sluša Riječ, ali briga vremenita i zavodljivost bogatstva uguše Riječ, te ona ostane bez ploda. (aiōn g165)
Aba a eguu nsɔe mu no gyina hɔ ma wɔn a wotie asɛm no, nanso wiase yi mu abrabɔ mu haw ne agyapade ho dadwen nti ɛmma asɛm no ntumi nyɛ wɔn mu adwuma. (aiōn g165)
23 Zasijani na dobru zemlju - to je onaj koji Riječ sluša i razumije, pa onda, dakako, urodi i daje: jedan stostruko, jedan šezdesetostruko, a jedan tridesetostruko.”
Na aba a eguu asase pa mu no gyina hɔ ma wɔn a wotie asɛm no, na wɔte ase. Wɔsow aba mmɔho aduasa; bi aduosia; na afoforo nso, ɔha.”
24 Drugu im prispodobu iznese: “Kraljevstvo je nebesko kao kad čovjek posije dobro sjeme na svojoj njivi.
Yesu de bɛ foforo kaa asɛm se, “Ɔsoro Ahenni no te sɛ okuafo bi a oduaa aburow wɔ nʼafum.
25 Dok su njegovi ljudi spavali, dođe njegov neprijatelj, posije posred žita kukolj i ode.
Da koro anadwo a wada no, ne tamfo nso beduaa nwura fraa aburow a wadua no.
26 Kad usjev uzraste i isklasa, tada se pokaza i kukolj.
Aburow no renyin no, na nwura no nso renyin.
27 Sluge pristupe domaćinu pa mu reknu: 'Gospodaru, nisi li ti dobro sjeme posijao na svojoj njivi? Odakle onda kukolj?'
“Okuafo no apaafo bɛka kyerɛɛ no se, ‘Owura, aburow a wuduae no, nwura bi afifi wɔ ase!’
28 On im odgovori: 'Neprijatelj čovjek to učini.' Nato mu sluge kažu: 'Hoćeš li, dakle, da odemo pa da ga pokupimo?'
“Okuafo no buae se, ‘Ɔtamfo bi na oduae!’ “Apaafo no bisaa no se, ‘Wopɛ sɛ yekotutu saa nwura no ana?’
29 A on reče: 'Ne! Da ne biste sabirući kukolj iščupali zajedno s njim i pšenicu.
“Obuaa wɔn se, ‘Dabi da!’ Anyɛ a na moatutu aburow no bi afra nwura no.
30 Pustite nek oboje raste do žetve. U vrijeme žetve reći ću žeteocima: Pokupite najprije kukolj i svežite ga u snopove da se spali, a žito skupite u moju žitnicu.'”
Momma ne nyinaa nyin nkosi twabere na mama atwafo ayiyi nwura no afi aburow no mu ahyew no, na wɔde aburow no nso agu asan so.”
31 I drugu im prispodobu iznese: “Kraljevstvo je nebesko kao kad čovjek uze gorušičino zrno i posija ga na svojoj njivi.
Yesu buu wɔn bɛ foforo se, “Ɔsoro Ahenni te sɛ onyaa aba ketewa bi a obi duaa wɔ nʼafum.
32 Ono je doduše najmanje od svega sjemenja, ali kad uzraste, veće je od svega povrća. Razvije se u stablo te dolaze ptice nebeske i gnijezde mu se po granama.”
Ɛyɛ aba ketewaa bi, nanso sɛ enyin a, ɛyɛ dutan kɛse ma nnomaa kosisi ne mman so.”
33 I drugu im kaza prispodobu: “Kraljevstvo je nebesko kao kad žena uze kvasac i zamijesi ga u tri mjere brašna dok sve ne uskisne.”
Obuu wɔn bɛ foforo se, “Ɔsoro Ahenni te sɛ mmɔkaw bi a brodotofo de fɔtɔw mmɔre ma etu.”
34 Sve je to Isus mnoštvu zborio u prispodobama. I ništa im nije zborio bez prispodoba -
Yesu nam mmebu so ɔkasa kyerɛɛ nnipadɔm no.
35 da se ispuni što je rečeno po proroku: Otvorit ću u prispodobama usta svoja, iznijet ću što je sakriveno od postanka svijeta.
Enti ɔhyɛɛ nea adiyifo no ahyɛ ho nkɔm no mma se: “Mɛkasa mmebu mu, na maka anwonwade mu ahintasɛm a efi adebɔ mfiase.”
36 Tada otpusti mnoštvo i uđe u kuću. Pristupe mu učenici govoreći: “Razjasni nam prispodobu o kukolju na njivi.”
Afei Yesu fii nnipadɔm no nkyɛn kɔɔ fie. Nʼasuafo no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se ɔnkyerɛ wɔn bɛ a ɛfa nwura ne aburow ho no ase.
37 On odgovori: “Sijač dobroga sjemena jest Sin Čovječji.
Yesu buaa wɔn se, “Me Onipa Ba no, mene okuafo a oduaa aburow no.
38 Njiva je svijet. Dobro sjeme sinovi su Kraljevstva, a kukolj sinovi Zloga.
Afuw no ne wiase, na aburow no nso gyina hɔ ma wɔn a wɔyɛ Ahenni no mma; nwura no nso gyina hɔ ma wɔn a wɔyɛ ɔbonsam mma.
39 Neprijatelj koji ga posija jest đavao. Žetva je svršetak svijeta, a žeteoci anđeli. (aiōn g165)
Ɔtamfo a oduaa nwura fraa aburow no ne ɔbɔnefo no. Otwabere no yɛ wiase awiei; atwafo no ne abɔfo no. (aiōn g165)
40 Kao što se kukolj sabire i ognjem sažiže, tako će biti na svršetku svijeta. (aiōn g165)
“Sɛnea asɛnka no mu, wotutuu nwura no fii aburow no mu kɔhyew no no, saa ara na ɛbɛyɛ wɔ wiase awiei. (aiōn g165)
41 Sin će Čovječji poslati svoje anđele da pokupe iz njegova kraljevstva sve zavodnike i bezakonike
Onipa Ba no bɛsoma nʼabɔfo, na wɔabɛboaboa wɔn a wɔpɛ bɔne, nsɛmmɔnedifo nyinaa ano afi Ahenni no mu,
42 i bace ih u peć ognjenu, gdje će biti plač i škrgut zubi.
na wɔatow wɔn agu ogyatannaa no mu, ahyew wɔn. Ɛhɔ na osu ne setwɛre wɔ.
43 Tada će pravednici zasjati poput sunca u kraljevstvu Oca svojega.” “Tko ima uši, neka čuje!”
Na atreneefo no bɛhyerɛn sɛ owia wɔ wɔn Agya Ahenni no mu. Nea ɔwɔ aso no, ma ontie!”
44 “Kraljevstvo je nebesko kao kad je blago skriveno na njivi: čovjek ga pronađe, sakrije, sav radostan ode, proda sve što ima i kupi tu njivu.”
Yesu toaa mmebu no so se, “Ɔsoro Ahenni no te sɛ ademude bi a obi kohuu wɔ afuw bi mu. Ɔkataa so, na ɔde ahopere kɔtɔn nʼahode nyinaa, de kɔtɔɔ afuw no.
45 “Nadalje, kraljevstvo je nebesko kao kad trgovac traga za lijepim biserjem:
“Bio, Ɔsoro Ahenni te sɛ obi a odi nhene pa ho gua a ɔrehwehwɛ nhene pa atɔ.
46 pronađe jedan dragocjeni biser, ode, rasproda sve što ima i kupi ga.”
Okonyaa bi a ɛyɛ fɛ mmoroso, enti ɔkɔtɔn nʼahode nyinaa de kɔtɔe!”
47 “Nadalje, kraljevstvo je nebesko kao kad mreža bačena u more zahvati svakovrsne ribe.
Yesu toaa so bio se, “Ɔsoro Ahenni no te sɛ obi a okoguu asau wɔ asu bi mu yii nsumnam ahorow bebree.
48 Kad se napuni, izvuku je na obalu, sjednu i skupe dobre u posude, a loše izbace.
Asau no yɛɛ ma no, ɔtwe baa konkɔn so. Afei ɔtenaa ase yiyii nam pa no guu kɛntɛn mu na ɔtow nea enye no gui.
49 Tako će biti na svršetku svijeta. Izići će anđeli, odijeliti zle od pravednih (aiōn g165)
Saa ara na wiase awiei bɛyɛ. Abɔfo no bɛba abɛpaw abɔnefo no afi atreneefo no mu, (aiōn g165)
50 i baciti ih u peć ognjenu, gdje će biti plač i škrgut zubi.”
na wɔatow abɔnefo no agu ogyatannaa no mu; ɛhɔ na osu ne setwɛre wɔ.
51 “Jeste li sve ovo razumjeli?” Odgovore mu: “Jesmo.”
“Mote ase?” Nʼasuafo no buaa no se, “Yiw.”
52 A on će im: “Stoga svaki pismoznanac upućen u kraljevstvo nebesko sličan je čovjeku domaćinu koji iz svoje riznice iznosi novo i staro.”
Yesu toaa ne nkyerɛkyerɛ no so se, “Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo a wɔabɛyɛ mʼasuafo no te sɛ ofiwura a wada nʼagyapade foforo ne dedaw nyinaa adi.”
53 Kad Isus završi sve ove prispodobe, ode odande.
Yesu wiee ne mmebu no, ofii faako a ɔwɔ hɔ no.
54 I dođe u svoj zavičaj. Naučavaše ih u njihovoj sinagogi te zapanjeni govorahu: “Odakle ovomu ta mudrost i te čudesne sile?
Ɔkɔɔ ne kurom Nasaret. Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔ hyiadan mu maa wɔn a wotiee no no ho dwiriw wɔn. Wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Ɛhe na saa ɔbarima yi konyaa nyansa a ɔde yɛ anwonwade sɛɛ yi?
55 Nije li ovo drvodjeljin sin? Nije li mu majka Marija, a braća Jakov, i Josip, i Šimun, i Juda?
Ɛnyɛ dua dwumfo no ba no ni? Ɛnyɛ ne na ne Maria? Ɛnyɛ ne nua barimanom ne Yakobo ne Yosef ne Simon ne Yuda?
56 I sestre mu nisu li sve među nama? Odakle mu sve to?”
Ɛnyɛ yɛne ne nuabeanom na ɛte ha? Na afei ɛhe na okonyaa eyinom nyinaa yi?”
57 I sablažnjavahu se o njega. A Isus im reče: “Nije prorok bez časti doli u svom zavičaju i u svom domu.”
Wɔn bo fuw no. Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Odiyifo wɔ anuonyam baabiara, gye ne man mu anaa ne nkurɔfo mu!”
58 I ne učini ondje mnogo čudesa zbog njihove nevjere.
Esiane sɛ wɔannye no anni no nti, wanyɛ anwonwade bebree wɔ hɔ!

< Matej 13 >