< Matej 10 >
1 Dozva dvanaestoricu svojih učenika i dade im vlast nad nečistim dusima: da ih izgone i da liječe svaku bolest i svaku nemoć.
Yesu frɛɛ nʼasuafoɔ dumienu no baa ne nkyɛn, na ɔmaa wɔn tumi sɛ wɔntu ahonhommɔne na wɔnsa nyarewa ne ahoɔmmerɛ nyinaa.
2 A ovo su imena dvanaestorice apostola: prvi Šimun, zvani Petar, i Andrija, brat njegov; i Jakov, sin Zebedejev, i Ivan brat njegov;
Yesu asuafoɔ dumienu no din nie: Simon a ne din baako ne Petro ne ne nua Andrea; Yakobo ne ne nua Yohane a wɔyɛ Sebedeo mma no,
3 Filip i Bartolomej; Toma i Matej carinik; Jakov Alfejev i Tadej;
Filipo ne Bartolomeo, Toma ne ɔtogyefoɔ Mateo, Yakobo, Alfeo ba ɛne Tadeo,
4 Šimun Kananaj i Juda Iškariotski, koji ga izda.
Simon a ɔfiri Kana ne Yuda Iskariot a akyire yi, ɔyii Yesu maeɛ no.
5 Tu dvanaestoricu posla Isus uputivši ih: “K poganima ne idite i ni u koji samarijski grad ne ulazite!
Yesu somaa asuafoɔ dumienu no hyɛɛ wɔn sɛ, “Monnkɔ deɛ amanamanmufoɔ wɔ anaa Samariafoɔ kuro biara mu,
6 Pođite radije k izgubljenim ovcama doma Izraelova!
na mmom, monkɔ Onyankopɔn nnwan a wɔwɔ Israel a wɔayera no nkyɛn.
7 Putom propovijedajte: 'Približilo se kraljevstvo nebesko!'
Monkɔka nkyerɛ wɔn sɛ, ‘Onyankopɔn Ahennie no abɛn!’
8 Bolesne liječite, mrtve uskrisujte, gubave čistite, zloduhe izgonite! Besplatno primiste, besplatno dajte!
Monsa ayarefoɔ yadeɛ, monnyane awufoɔ, momma akwatafoɔ ho nte, na montu ahonhommɔne. Sɛdeɛ monyaa no kwa no, saa ara na mo nso momfa mma kwa.
9 Ne stječite zlata, ni srebra, ni mjedi sebi u pojase,
“Mommfa sikakɔkɔɔ, dwetɛ anaa kɔbere biara mmɔ mo ho.
10 ni putne torbe, ni dviju haljina, ni obuće, ni štapa. Ta vrijedan je radnik hrane svoje.”
Mommfa akwantubɔtɔ anaa ntadeɛ anaa mpaboa anaa poma mmienu. Ɛsɛ sɛ odwumayɛfoɔ didi.
11 “U koji god grad ili selo uđete, razvidite tko je u njemu dostojan: ondje ostanite sve dok ne odete.
Kuro biara a mobɛkɔ mu anaa akuraa biara a mobɛkɔ aseɛ no, monhwehwɛ onipa a onyamesuro wɔ ne mu akyiri kwan na montena ne nkyɛn kɔsi da a mobɛfiri hɔ akɔ baabi foforɔ.
12 Ulazeći u kuću, zaželite joj mir.
Sɛ mokɔ efie bi mu a, monkyea wɔn sɛ, ‘Asomdwoeɛ nka mo!’
13 Bude li kuća dostojna, neka mir vaš siđe na nju. Ne bude li dostojna, neka se mir vaš k vama vrati.
Sɛ saa efie no mufoɔ gye mo fɛ so a, monhyira wɔn, na sɛ wɔannye mo deɛ a, monnhyira wɔn.
14 Gdje vas ne prime i ne poslušaju riječi vaših, iziđite iz kuće ili grada toga i prašinu otresite sa svojih nogu.
Sɛ morefiri efie anaa kuro biara a wɔannye mo wɔ mu no mu akɔ a, momporoporo efie no anaa kuro no mu mfuturo a ɛwɔ mo nan ase no ngu hɔ.
15 Zaista, kažem vam, lakše će biti zemlji sodomskoj i gomorskoj na Dan sudnji negoli gradu tomu.”
Nokorɛ nie, Atemmuo da no, Sodom ne Gomora mpo bɛnya baabi agyina wɔ Onyankopɔn anim sene saa kuro no.
16 “Evo, ja vas šaljem kao ovce među vukove. Budite dakle mudri kao zmije, a bezazleni kao golubovi!
“Monkae sɛ meresoma mo sɛ nnwan akɔ mpataku mu. Monyɛ anifire sɛ awɔ na monnwo sɛ mmorɔnoma.
17 Čuvajte se ljudi, jer će vas predavati vijećima i po svojim će vas sinagogama bičevati.
Nanso, monhwɛ yie wɔ nnipa ho! Wɔbɛkyere mo, adi mo asɛm, abɔ mo mmaa wɔ wɔn asɔredan mu.
18 Pred upravitelje i kraljeve vodit će vas poradi mene, za svjedočanstvo njima i poganima.
Me enti, wɔde mo bɛkɔ atumfoɔ ne ahene anim. Yei bɛma mo anya ɛkwan aka asɛmpa no akyerɛ wɔn ne amanamanmufoɔ no.
19 Kad vas predadu, ne budite zabrinuti kako ili što ćete govoriti. Dat će vam se u onaj čas što ćete govoriti.
Sɛ wɔkyere mo a, monnnwene asɛm a mobɛka de ayi mo ho ano. Wɔde asɛm a mobɛka no bɛma mo ɛberɛ a ɛsɛ mu.
20 Ta ne govorite to vi, nego Duh Oca vašega govori u vama!”
Asɛm a mobɛka no remfiri mo, na mmom, mo ɔsoro Agya no honhom na ɔnam mo so bɛkasa.
21 “Brat će brata predavati na smrt i otac dijete. Djeca će ustajati na roditelje i ubijati ih.
“Onua bɛyi onua ama sɛ wɔakum no. Saa ara na agyanom nso bɛyi wɔn mma ama. Mma bɛsɔre atia wɔn awofoɔ ama wɔakum wɔn.
22 Svi će vas zamrziti zbog imena moga. Ali tko ustraje do svršetka, bit će spašen.”
Me enti, nnipa nyinaa bɛtan mo. Nanso, deɛ ɔbɛtumi agyina pintinn akɔsi awieeɛ no, wɔbɛgye no nkwa.
23 “Kad vas stanu progoniti u jednom gradu, bježite u drugi. Zaista, kažem vam, nećete obići gradova izraelskih prije nego što dođe Sin Čovječji.”
Sɛ wɔtaa mo kuro baako mu a, monnwane nkɔ kuro foforɔ mu. Mereka nokorɛ akyerɛ mo sɛ, morenwie Israel nkuro nyinaa mu adwumayɛ ansa na Onipa Ba no aba.
24 “Nije učenik nad učiteljem niti sluga nad gospodarom svojim.
“Osuani nsene ne ɔkyerɛkyerɛfoɔ, na akoa nso nsene ne wura.
25 Dosta je da učenik bude kao njegov učitelj i sluga kao njegov gospodar. Ako su domaćina Beelzebulom nazvali, koliko će više njegove ukućane?”
Osuani sua ne ɔkyerɛkyerɛfoɔ, na akoa nso sua ne wura. Enti, sɛ me a meyɛ efie no ti no wɔfrɛ me ‘Ɔbonsam’ a, ɛdeɛn din na wɔremfa mfrɛ mo!
26 “Ne bojte ih se dakle. Ta ništa nije skriveno što se neće otkriti ni tajno što se neće doznati.
“Monnsuro wɔn a wɔbɛhunahuna mo. Mmerɛ bi bɛba a nokorɛ no bɛda adi. Deɛ wɔyɛ no kɔkoam no nyinaa bɛda adi.
27 Što vam govorim u tami, recite na svjetlu; i što na uho čujete, propovijedajte na krovovima.”
Deɛ mereka makyerɛ mo wɔ esum mu yi, monka wɔ hann mu. Deɛ mereka agu mo asom yi, mompae mu nka wɔ adan atifi.
28 “Ne bojte se onih koji ubijaju tijelo, ali duše ne mogu ubiti. Bojte se više onoga koji može i dušu i tijelo pogubiti u paklu.” (Geenna )
Monnsuro wɔn a wɔbɛtumi akum mo onipadua nanso wɔrentumi nkum mo kra no. Onyankopɔn a ɔbɛtumi akum onipadua no ne ɔkra wɔ amanehunu kurom no nko ara na monsuro no. (Geenna )
29 “Ne prodaju li se dva vrapca za novčić? Pa ipak ni jedan od njih ne pada na zemlju bez Oca vašega.
Wɔtɔn akasanoma gye ahe? Mmienu boɔ nyɛ sika bi pɛ? Nanso akasanoma biara nni hɔ a ɔbɛwu a mo Agya no nnim ho biribi.
30 A vama su i vlasi na glavi sve izbrojene.
Mo tirinwi mpo, wɔakan ne nyinaa.
31 Ne bojte se dakle! Vredniji ste nego mnogo vrabaca.”
Enti, monnsuro! Mosom bo ma Onyankopɔn sene nkasanoma.
32 “Tko god se, dakle, prizna mojim pred ljudima, priznat ću se i ja njegovim pred Ocem, koji je na nebesima.
“Obiara a ɔbɛka sɛ ɔnim me nnipa anim no, me nso mɛka sɛ menim no mʼagya a ɔwɔ ɔsoro no anim.
33 A tko se odreče mene pred ljudima, odreći ću se i ja njega pred svojim Ocem, koji je na nebesima.”
Nanso, obiara a ɔbɛka sɛ ɔnnim me nnipa anim no, me nso mɛka sɛ mennim no wɔ mʼagya a ɔwɔ ɔsoro no anim.
34 “Ne mislite da sam došao mir donijeti na zemlju. Ne, nisam došao donijeti mir, nego mač.
“Monnsusu sɛ mede asomdwoeɛ na ɛbaa asase yi so! Ɛnyɛ asomdwoeɛ na mmom akofena na mede baeɛ.
35 Ta došao sam rastaviti čovjeka od oca njegova i kćer od majke njezine i snahu od svekrve njezine;
Maba sɛ mɛma “‘ɔbabarima asɔre atia nʼagya, na ɔbabaa asɔre atia ne maame, na ɔbaa warefoɔ nso asɔre atia nʼasebaa.
36 i neprijatelji će čovjeku biti ukućani njegovi.
Obiara ɔtamfoɔ a ne ho yɛ hu no bɛfiri nʼankasa ne fie.’
37 “Tko ljubi oca ili majku više nego mene, nije mene dostojan. Tko ljubi sina ili kćer više nego mene, nije mene dostojan.
“Deɛ ɔdɔ nʼagya anaa ne maame kyɛn me no rentumi nyɛ me deɛ. Saa ara na deɛ ɔdɔ ne babarima anaa ne babaa kyɛn me no rentumi nyɛ me deɛ ara no no.
38 Tko ne uzme svoga križa i ne pođe za mnom, nije mene dostojan.
Sɛ obi amfa nʼasɛnnua na wammɛdi mʼakyi a, ɔrentumi nyɛ me deɛ.
39 Tko nađe život svoj, izgubit će ga, a tko izgubi svoj život poradi mene, naći će ga.”
Sɛ woma wo ɔkra som wo bo a, wobɛhwere wo ɔkra no, nanso sɛ me enti wohwere wo ɔkra a, wo nsa bɛka.
40 “Tko vas prima, mene prima; a tko prima mene, prima onoga koji je mene poslao.
“Obiara a ɔgye mo no gye me, na deɛ ɔgye me no nso gye Onyankopɔn a ɔsomaa me no.
41 Tko prima proroka jer je prorok, primit će plaću proročku; tko prima pravednika jer je pravednik, primit će plaću pravedničku.
Sɛ wogye odiyifoɔ bi sɛ ɔyɛ Onyankopɔn onipa enti a, wɔbɛtua wo so ka sɛ odiyifoɔ no ara pɛ. Na sɛ wogye nnipa tenenee a, wobɛnya akatua sɛ onipa tenenee.
42 Tko napoji jednoga od ovih najmanjih samo čašom hladne vode zato što je moj učenik, zaista, kažem vam, neće mu propasti plaća.”
Na obiara a ɔbɛma mʼakyidifoɔ yi mu akumaa bi nsuo anom no, onii no akatua remmɔ no da.”