< Marko 6 >
1 I otišavši odande, dođe u svoj zavičaj. A doprate ga učenici.
Yesu firi baabi a ɔwɔ hɔ kɔɔ ne kurom a nʼasuafoɔ no ka ne ho.
2 I kada dođe subota, poče učiti u sinagogi. I mnogi što su ga slušali preneraženi govorahu: “Odakle to ovome? Kakva li mu je mudrost dana? I kakva se to silna djela događaju po njegovim rukama?
Ɔkɔɔ hyiadan mu Homeda, hyɛɛ aseɛ kyerɛkyerɛeɛ, maa dodoɔ a wɔbɛtiee no ho dwirii wɔn. Wobisaa sɛ, “Ɛhe na saa onipa yi nyaa saa nneɛma yi, ɛdeɛn nyansa na wɔde ama no a enti ɔtumi yɛ anwanwadeɛ yi?
3 Nije li ovo drvodjelja, sin Marijin, i brat Jakovljev, i Josipov, i Judin, i Šimunov? I nisu li mu sestre ovdje među nama?” I sablažnjavahu se o njega.
Ɛnyɛ dua dwumfoɔ ba no ni? Ɛnyɛ Maria babarima a ne nuanom ne Yakobo, Yosef, Yuda ne Simon no nie? Ɛnyɛ yɛne ne nuammaanom na ɛte ha!” Na wɔn bo fuu no.
4 A Isus im govoraše: “Nije prorok bez časti doli u svom zavičaju i među rodbinom i u svom domu.”
Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Odiyifoɔ kurom, nʼabusuafoɔ mu, ne ne fie na ɔnni animuonyam.”
5 I ne mogaše ondje učiniti ni jedno čudo, osim što ozdravi nekoliko nemoćnika stavivši ruke na njih.
Wantumi anyɛ anwanwadeɛ ahodoɔ wɔ hɔ, gye ayarefoɔ kakra bi na ɔde ne nsa guu wɔn so, saa wɔn yadeɛ.
6 I čudio se njihovoj nevjeri. Obilazio je selima uokolo i naučavao.
Gye a wɔannye no anni no yɛɛ no nwanwa. Na Yesu kyinkyinii nkuraa ase kyerɛkyerɛeɛ.
7 Dozva dvanaestoricu te ih poče slati dva po dva dajući im vlast nad nečistim dusima.
Yesu frɛɛ nʼasuafoɔ dumienu no baa ne nkyɛn, na ɔsomaa wɔn baanu baanu, maa wɔn tumi wɔ ahonhommɔne so.
8 I zapovjedi im da na put ne nose ništa osim štapa: ni kruha, ni torbe, ni novaca o pojasu,
Akwankyerɛ a ɔde maa wɔn nie, “Mommfa biribiara nkura gye mo poma nko ara; mommfa aduane anaa kotokuo anaa sika.
9 nego da nose samo sandale i da ne oblače dviju haljina.
Bio, mommfa mpaboa foforɔ anaa atadeɛ foforɔ nka deɛ ɛhyɛ mo yi ho.
10 I govoraše im: “Kad uđete gdje u kuću, u njoj ostanite dok ne odete odande.
Baabiara a mobɛkɔ no, montena efie baako pɛ mu. Monnsesa mo atenaeɛ.
11 Ako vas gdje ne prime te vas ne poslušaju, iziđite odande i otresite prah ispod svojih nogu njima za svjedočanstvo.”
Na sɛ morefiri kuro bi a wɔannye anaa wɔantie mo no mu akɔ a, momporoporo mo nan ase tutuo, mfa nni adanseɛ.”
12 Otišavši, propovijedali su obraćenje,
Asuafoɔ no kɔkaa asɛm no kyerɛɛ obiara a wɔhyiaa no no sɛ ɔnnu ne ho, ntwe ne ho mfiri ne bɔne ho.
13 izgonili mnoge zloduhe i mnoge su nemoćnike mazali uljem i oni su ozdravljali.
Na wɔtutuu ahonhommɔne bebree, de ngo sraa ayarefoɔ pii saa wɔn yadeɛ.
14 Dočuo to i kralj Herod jer se razglasilo Isusovo ime te se govorilo: “Ivan Krstitelj uskrsnuo od mrtvih i zato čudesne sile djeluju u njemu.”
Ɔhene Herode tee yei, ɛfiri sɛ na Yesu din atrɛ. Ebinom kaa sɛ, “Yohane Osubɔni no na wasane aba nkwa mu bio, enti na ɔtumi yɛ anwanwadeɛ a ɔyɛ yi.”
15 A drugi govorahu: “Ilija je!” Treći opet: “Prorok, kao jedan od proroka.”
Ebinom nso susuu sɛ, Yesu yɛ Odiyifoɔ Elia na wasane aba. Afoforɔ nso kaa sɛ, odiyifoɔ foforɔ bi a ɔte sɛ tete adiyifoɔ akɛseɛ no bi na waba.
16 Herod pak na to govoraše: “Uskrsnu Ivan kojemu ja odrubih glavu.”
Herode kaa sɛ, “Dabi, ɛyɛ Yohane Osubɔni a metwaa ne ti no. Wanyane afiri owuo mu.”
17 Herod doista bijaše dao uhititi Ivana i svezati ga u tamnici zbog Herodijade, žene brata svoga Filipa, kojom se bio oženio.
Saa ɛberɛ no, na Herode asoma asraafoɔ ma wɔakɔkyere Yohane de no ato afiase, ɛfiri sɛ, na Yohane akasa atia Herode ne Herodia a na ɔyɛ Herode nua Filipo yere no awadeɛ.
18 Budući da je Ivan govorio Herodu: “Ne smiješ imati žene brata svojega!”,
Yohane Osubɔni ka kyerɛɛ Herode sɛ, “Wonni ho ɛkwan sɛ woware wo nua yere.”
19 Herodijada ga mrzila i htjela ga ubiti, ali nije mogla
Asɛm a Yohane kaeɛ no anyɛ Herodia nso dɛ, ma ɔnyaa ne ho menasepɔ kaa sɛ, ɛsɛ sɛ wɔkum Yohane. Nanso, ɔrentumi nku no gye sɛ Herode ama no tumi.
20 jer se Herod bojao Ivana; znao je da je on čovjek pravedan i svet pa ga je štitio. I kad god bi ga slušao, uvelike bi se zbunio, a rado ga je slušao.
Na Herode de obuo ma Yohane, ɛfiri sɛ, na ɔnim sɛ ɔyɛ onipa tenenee. Yei enti, ɔbɔɔ ne ho ban. Ɛberɛ biara a Horode ne Yohane bɛkasa no, na ne ho yera no, nanso yei nyinaa akyi no, ɔde ntoboaseɛ tiee no.
21 I dođe zgodan dan kad Herod o svom rođendanu priredi gozbu svojim velikašima, časnicima i prvacima galilejskim.
Deɛ Herodia pɛɛ sɛ ɛnyɛ Yohane no baa mu. Ɛne sɛ, na Herode redi nʼawoda, ma ɔtoo ɛpono wɔ nʼahemfie maa ne mpanimfoɔ, nʼasafohene ne Galilea mpanimfoɔ.
22 Uđe kći Herodijadina i zaplesa. Svidje se Herodu i sustolnicima. Kralj reče djevojci: “Zaišti od mene što god hoćeš i dat ću ti!”
Herodia babaa bɛsa kyerɛɛ wɔn ma ɛyɛɛ wɔn nyinaa fɛ. Herode de ntamka kyerɛɛ ababaawa no sɛ, “Bisa me biribiara a wopɛ; sɛ mʼahemman mu fa mpo na wopɛ koraa a, mede bɛma wo!”
23 I zakle joj se: “Što god zaišteš od mene, dat ću ti, pa bilo to i pol mojega kraljevstva.”
24 Ona iziđe pa će svojoj materi: “Što da zaištem?” A ona će: “Glavu Ivana Krstitelja!”
Ababaawa yi kɔɔ ne maame nkyɛn kɔbisaa no deɛ ɔmmisa, ma ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Bisa no Yohane Osubɔni ti!”
25 I odmah žurno uđe kralju te zaište: “Hoću da mi odmah dadeš na pladnju glavu Ivana Krstitelja!”
Ababaawa yi de ahoɔherɛ sane baa ɔhene no nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Mepɛ sɛ wode Yohane Osubɔni tiri to prɛte mu ma me seesei ara!”
26 Ožalosti se kralj, ali zbog zakletve i sustolnika na htjede je odbiti.
Yei maa ɔhene no werɛ hoeɛ, nanso ɛsiane sɛ na waka ntam wɔ nnipa no anim no enti, wammu ɛbɔ a ɔhyɛɛ ne babaa no so.
27 Kralj odmah posla krvnika i naredi da donese glavu Ivanovu. On ode, odrubi mu glavu u tamnici,
Herode somaa nʼasraafoɔ no mu baako sɛ ɔnkɔ afiase hɔ nkɔtwa Yohane ti mfa mmrɛ no. Ɔsraani no kɔtwaa Yohane Osubɔni ti,
28 donese je na pladnju i dade je djevojci, a djevojka materi.
na ɔde too prɛte mu de brɛɛ ababaawa no maa ɔde kɔmaa ne maame.
29 Kad za to dočuše Ivanovi učenici, dođu, uzmu njegovo tijelo i polože ga u grob.
Ɛberɛ a Yohane asuafoɔ no tee deɛ asi no, wɔbɛfaa nʼamu no kɔsiee no wɔ ɔboda bi mu.
30 Uto se apostoli skupe oko Isusa i izvijeste ga o svemu što su činili i naučavali.
Asomafoɔ no sane baa Yesu nkyɛn bɛkaa deɛ wɔyɛeɛ ne deɛ wɔkyerɛkyerɛɛ nnipa a wɔkɔɔ wɔn nkyɛn no nyinaa kyerɛɛ no.
31 I reče im: “Hajdete i vi u osamu na samotno mjesto, i otpočinite malo.” Jer mnogo je svijeta dolazilo i odlazilo pa nisu imali kada ni jesti.
Yesu tiee wɔn amaneɛ no wieeɛ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Momma yɛntwe yɛn ho mfiri nnipakuo yi ho, na yɛnkɔhome kakra.” Deɛ ɛma ɔkaa saa ne sɛ, na nnipa a wɔba wɔn nkyɛn no to ntwa da. Wɔnnya ɛkwan mpo na wɔadidi.
32 Otploviše dakle lađom na samotno mjesto, u osamu.
Yesu ne nʼasuafoɔ no tenaa kodoɔ mu kɔɔ baabi a obiara nni hɔ.
33 No kad su odlazili, mnogi ih vidješe i prepoznaše te se pješice iz svih gradova strčaše onamo i pretekoše ih.
Nanso, ɛberɛ a wɔrekɔ no, nnipa pii hunuu wɔn, na wɔtuu mmirika faa mpoano hɔ kɔhyiaa wɔn.
34 Kad iziđe, vidje silan svijet i sažali mu se jer bijahu kao ovce bez pastira pa ih stane poučavati u mnogočemu.
Yei enti, ɛberɛ a Yesu sii fam no, na nnipakuo ahyia wɔ hɔ. Ɔhunuu wɔn no, ne yam hyehyee no maa wɔn ɛfiri sɛ, na wɔte sɛ nnwan a wɔnni ɔhwɛfoɔ. Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma bebree a ɛsɛ sɛ wɔhunu.
35 A u kasni već sat pristupe mu učenici pa mu reknu: “Pust je ovo kraj i već je kasno.
Onwunu reyɛ adwo no, nʼasuafoɔ no baa ne nkyɛn, bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Adeɛ resa. Aduane biara nso nni ha.
36 Otpusti ih da odu po okolnim zaseocima i selima i kupe sebi što za jelo.”
Ka kyerɛ nnipa no na wɔnkɔ nkuro mu ne nkuraa a atwa yɛn ho ahyia yi ase, na wɔnkɔtɔ aduane bi nni.”
37 No on im odgovori: “Podajte im vi jesti.” Kažu mu: “Da pođemo i kupimo za dvjesta denara kruha pa da im damo jesti?”
Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Momma wɔn aduane nni.” Wɔbisaa no sɛ, “Ansa na yɛbɛtumi ama saa nnipa dodoɔ yi aduane no, ɛsɛ sɛ yɛnya abosome nwɔtwe akatua. Sɛ yɛse yɛbɛma wɔn aduane a, yɛrennya saa nnipakuo yi ho sika!”
38 A on će im: “Koliko kruhova imate? Idite i vidite!” Pošto izvidješe, kažu: “Pet, i dvije ribe.”
Yesu bisaa wɔn sɛ, “Burodo ahe na yɛwɔ? Monkɔ na monkɔhwɛ.” Wɔsane ba bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Wɔwɔ burodo enum ne mpataa mmienu.”
39 I zapovjedi im da sve, u skupinama, posjedaju po zelenoj travi.
Afei, Yesu ka kyerɛɛ nnipakuo no sɛ, wɔntenatena ase, na wɔtenatenaa ase akuakuo wɔ ɛserɛ no so.
40 I pružiše se po sto i po pedeset na svaku lijehu.
Enti, wɔtenatenaa ase akuakuo a ebi yɛ ɔha na ebi yɛ aduonum.
41 On uze pet kruhova i dvije ribe, pogleda na nebo, izreče blagoslov pa razlomi kruhove i davaše učenicima da posluže ljude. Tako i dvije ribe razdijeli svima.
Yesu faa burodo enum ne mpataa mmienu no, na ɔhwɛɛ ɔsoro, bɔɔ mpaeɛ, hyiraa so. Ɔbubuu burodo no mu de maa asuafoɔ no sɛ wɔnkyɛ mma nnipa no. Na ɔkyɛɛ mpataa no nso maa wɔn.
42 I jeli su svi i nasitili se.
Nnipa no dii aduane no maa obiara meeɛ!
43 I od ulomaka nakupiše dvanaest punih košara, a i od riba.
Nnipa a wɔdii aduane no bɛyɛ mmarima mpemnum;
44 A jelo je pet tisuća muškaraca.
na wɔtasee aseɛ nkaeɛ no, ɛyɛɛ nkɛntɛmma dumienu.
45 On odmah prisili učenike da uđu u lađu i da se prebace prijeko, prema Betsaidi, dok on otpusti mnoštvo.
Adidie no akyi pɛ, Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, wɔnkɔtena kodoɔ no mu, na wɔnni ɛkan nkɔ Betsaida, na ɔregya nnipakuo no ɛkwan na wati wɔn.
46 I pošto se rasta s ljudima, otiđe u goru da se pomoli.
Akyire yi, ɔkɔɔ bepɔ no so kɔbɔɔ mpaeɛ.
47 Uvečer pak lađa bijaše posred mora, a on sam na kraju.
Anadwo no a asuafoɔ no te kodoɔ mu aduru nsuo no mfimfini no, na Yesu nko ara na ɔwɔ mpoano.
48 Vidjevši kako se muče veslajući, jer im bijaše protivan vjetar, oko četvrte noćne straže dođe k njima hodeći po moru. I htjede ih mimoići.
Ɔhunuu sɛ na wɔn ho akyere wɔn; ɛne sɛ, mframa a ano yɛ den ne asorɔkye bɔ dweradweraa kodoɔ no, enti na wɔrebrɛ ɔkodoɔ no hare mu. Anɔpahema bɛyɛ sɛ nnɔnmiɛnsa berɛ mu no, ɔnantee nsuo no ani baa wɔn nkyɛn. Ɔyɛɛ sɛ ɔretwa wɔn ho.
49 A oni, vidjevši kako hodi po moru, pomisliše da je utvara pa kriknuše.
Ɛberɛ a asuafoɔ no hunuu obi sɛ ɔnam nsuo no ani no, wɔde ehu teateaam ɛfiri sɛ, na wɔsusu sɛ wɔahunu ɔsaman.
50 Jer svi su ga vidjeli i prestrašili se. A on im odmah progovori: “Hrabro samo! Ja sam! Ne bojte se!”
Wɔn nyinaa hunuu no. Ɛhɔ ara, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Momma mo bo ntɔ mo yam. Ɛyɛ me! Monnsuro!”
51 I uziđe k njima u lađu, a vjetar utihnu. I veoma se, prekomjerno, snebivahu;
Afei, ɔkɔɔ wɔn nkyɛn wɔ kodoɔ no mu no, mframa no gyaeeɛ! Asuafoɔ no ho dwirii wɔn,
52 još ne shvatiše ono o kruhovima, nego im srce bijaše stvrdnuto.
ɛfiri sɛ, na wɔnnte aduanema no ase, na wɔapirim wɔn akoma.
53 Pošto doploviše na kraj, dođu u Genezaret i pristanu.
Wɔtwaa asuo no baa Genesaret na wɔduruu hɔ no, wɔde kodoɔ no baa mpoano.
54 Kad iziđu iz lađe, ljudi ga odmah prepoznaju
Na wɔsi firii kodoɔ no mu no, nnipa a wɔgyina hɔ no hunuu no.
55 pa oblete sav onaj kraj. I počnu donositi na nosilima bolesnike onamo gdje bi čuli da se on nalazi.
Wɔtuu mmirika kyinii nkuro a atwa hɔ ahyia no nyinaa so soaa nnipa a wɔyare da wɔn kɛtɛ so brɛɛ no wɔ baabiara a wɔtee sɛ ɔwɔ.
56 I kamo bi god ulazio - u sela, u gradove, u zaseoke - po trgovima bi stavljali bolesnike i molili ga da se dotaknu makar skuta njegove haljine. I koji bi ga se god dotakli, ozdravljali bi.
Na nkuraa ase anaa nkuro so baabiara a ɔkɔreɛ no, wɔde ayarefoɔ bɛguu mmɔntene so, srɛɛ no sɛ, ɔmma wɔmfa wɔn nsa nka nʼatadeɛ ano kɛkɛ. Ayarefoɔ dodoɔ a wɔtumi de wɔn nsa kaa nʼatadeɛ ano no ho yɛɛ wɔn den.