< Jošua 5 >

1 Pošto su čuli svi kraljevi amorejski na zapadnoj strani Jordana i svi kraljevi kanaanski koji bijahu uz more da je Jahve osušio Jordan pred Izraelcima dok ne prijeđoše, zastade im srce i nestade im junaštva pred Izraelcima.
Bere a Amorifo ahemfo nyinaa a wɔwɔ Yordan atɔe fam ne Kanaanfo ahemfo a wɔwɔ Po Kɛse no mpoano tee sɛ Awurade ama Asubɔnten Yordan ayow wɔ Israelfo anim ama wɔatwa no, wɔn koma tui, na ehu kyekyeree wɔn.
2 U to vrijeme Jahve reče Jošui: “Načini sebi kamene noževe i ponovo obreži Izraelce.”
Saa bere no, Awurade ka kyerɛɛ Yosua se, “Yɛ kyerɛwbo asekan na fa twa Israelfo no twetia bio.”
3 Jošua načini sebi kamene noževe i obreza Izraelce na brežuljku Aralotu.
Enti, Yosua yɛɛ kyerɛwbo asekan no de twitwaa Israelfo nyinaa twetia wɔ Aaralot koko so.
4 A evo zašto ih je Jošua obrezao: sve ljudstvo što je izišlo iz Egipta, sve što mogaše nositi oružje, pomrlo je na putu kroz pustinju.
Na ɛsɛ sɛ Yosua twitwa wɔn twetia, efisɛ mmarima a na wɔanyinyin a wotumi ko bere a wofii Misraim no nyinaa awuwu wɔ sare no so.
5 Svi oni bijahu obrezani, ali nije bio obrezan nitko koji se rodio na putu kroz pustinju, poslije izlaska iz Egipta,
Nnipa a wotu fii Misraim bae no, na wɔatwitwa wɔn nyinaa twetia, nanso wɔn a wɔwowoo wɔn wɔ sare no so wɔ akwantu bere no mu no de, na wontwitwaa wɔn twetia ɛ.
6 jer su četrdeset godina Izraelci lutali pustinjom dok ne pomriješe svi za oružje sposobni koji bijahu izišli iz Egipta; nisu slušali glasa Jahvina te im se Jahve zakleo da njihove oči neće vidjeti zemlju koju je obećao njihovim ocima - zemlju u kojoj teče mlijeko i med.
Israelfo no kyinkyinii wɔ sare no so mfe aduanan kosii sɛ mmarima a wotumi ko bere a wɔrefi Misraim no nyinaa wuwui. Efisɛ wɔyɛɛ asoɔden maa Awurade, na ɔkaa ntam sɛ ɔremma wɔn ani nhu asase a waka ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so, asase a nufusu ne ɛwo sen wɔ so no.
7 Na njihovo je mjesto podigao sinove njihove i njih je Jošua obrezao: nisu bili obrezani jer se na putu nije obrezivalo.
Enti Yosua twitwaa wɔn mmabarima a wontwaa wɔn twetia no twetia bere a na wɔrekɔ Bɔhyɛ Asase no so no. Eyinom yɛ wɔn a na wɔanyinyin a wotumi si wɔn agyanom anan mu no.
8 Kad je bio obrezan sav narod, počivali su u taboru sve dok nisu ozdravili.
Otwaa mmarima no nyinaa twetia wiei no, wogyee wɔn ahome wɔ atenae hɔ kosii sɛ wɔn ho tɔɔ wɔn.
9 Tada reče Jahve Jošui: “Danas skidoh s vas sramotu egipatsku.” I prozva se ono mjesto Gilgal sve do naših dana.
Afei, Awurade ka kyerɛɛ Yosua se, “Nnɛ mayi mo nkoayɛ wɔ Misraim ho animguase no afi mo so.” Ɛno nti, wɔfrɛ beae hɔ Gilgal de besi nnɛ.
10 Izraelci se, dakle, utaboriše u Gilgalu i ondje na Jerihonskim poljanama proslaviše Pashu uvečer četrnaestoga dana u mjesecu.
Bere a Israelfo no wɔ Gilgal atenae hɔ wɔ Yeriko asase pradada no so no, wodii Twam Afahyɛ no wɔ ɔsram a edi kan no da a ɛto so dunan no anwummere. Saa ɔsram no na wɔde kae bere a wotu fii Misraim no.
11 A sutradan poslije Pashe, upravo toga dana, blagovali su od uroda one zemlje: beskvasna kruha i pržena zrnja.
Da no ara, wofii ase dii apiti ne aburow a wɔatoto a wotwa fii asase no so.
12 I mÓana je prestala padati čim su počeli jesti plodove zemlje. Tako Izraelci nisu više imali mane, nego su se te godine hranili plodovima zemlje kanaanske.
Mana amma da no na wɔanhu bi nso bio. Enti, efi saa bere no, Israelfo no dii Kanaan asase no so nnɔbae.
13 Kad se Jošua približio gradu Jerihonu, podiže oči i ugleda čovjeka kako pred njim stoji s isukanim mačem u ruci. Jošua mu pristupi i upita ga: “Jesi li ti s nama ili s našim neprijateljima?”
Bere a Yosua rebɛn Yeriko kuropɔn mu no, ɔpagyaw nʼani huu ɔbarima bi a okura afoa rehyia no. Yosua kɔɔ ne nkyɛn bisaa no se, “Wowɔ yɛn afa anaa woyɛ ɔtamfo?”
14 A on odgovori: “Ne, ja sam vođa vojske Jahvine i upravo sam došao ...” Tada Jošua pade ničice, pokloni mu se i reče: “Što zapovijedaš Gospodaru, sluzi svome?”
Na ɔbarima no buaa se, “Menyɛ wɔn mu biara, meyɛ Awurade nsraadɔm so safohene.” Yosua tee eyi no, ɔdaa hɔ de nʼanim butuu fam wɔ nidi mu na ɔkae se, “Kyerɛ me nea menyɛ, dɛn na wopɛ sɛ wo somfo yɛ?”
15 A vođa vojske Jahvine odgovori Jošui: “Skini obuću s nogu svojih, jer je sveto mjesto na kojem stojiš.” I Jošua učini tako.
Awurade nsraadɔm safohene no buae se, “Yi wo mpaboa na ɛha yɛ asase kronkron.” Na Yosua yɛɛ nea ɔkyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no.

< Jošua 5 >