< Ivan 11 >

1 Bijaše neki bolesnik, Lazar iz Betanije, iz sela Marije i sestre joj Marte.
Ɔbarima bi tenaa ase wɔ Betania a na wɔfrɛ no Lasaro. Betania yi yɛ kuro a na Maria ne ne nua Marta firi mu. Ɛda bi, saa ɔbarima yi yareeɛ.
2 Marija bijaše ono pomazala Gospodina pomašću i otrla mu noge svojom kosom. Njezin dakle brat Lazar bijaše bolestan.
Saa Maria yi a ne nuabarima ne Lasaro a na ɔyare no, ɔno na ɔhwiee ngo guu Awurade nan ase de ne tirinwi pepaeɛ no.
3 Sestre stoga poručiše Isusu: “Gospodine, evo onaj koga ljubiš, bolestan je.”
Anuanom yi soma kɔɔ Yesu nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade, wo dɔfoɔ no yare.”
4 Čuvši to, Isus reče: “Ta bolest nije na smrt, nego na slavu Božju, da se po njoj proslavi Sin Božji.”
Yesu tee nkra no, ɔkaa sɛ, “Ɛnyɛ saa yadeɛ yi na ɛbɛkum Lasaro. Mmom, Onyankopɔn pɛ sɛ ɔfa saa yadeɛ yi so hyɛ ne ho animuonyam, na saa animuonyam yi bi nso ka Onipa Ba no.”
5 A Isus ljubljaše Martu i njezinu sestru i Lazara.
Na Yesu pɛ Maria ne ne nuabaa Marta ne Lasaro asɛm yie.
6 Ipak, kad je čuo za njegovu bolest, ostade još dva dana u onome mjestu gdje se nalazio.
Ɛberɛ a Yesu tee nkra sɛ Lasaro yare dendeenden no, wankɔ saa ɛberɛ no ara mu; ɔtenaa hɔ nnanu.
7 Istom nakon toga reče učenicima: “Pođimo opet u Judeju!”
Afei, ɔka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Momma yɛnsane nkɔ Yudea.”
8 Kažu mu učenici: “Učitelju, Židovi su sad tražili da te kamenuju, pa da opet ideš onamo?”
Nanso, asuafoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ɛnkyɛree biara na Yudafoɔ no pɛɛ sɛ wɔsi wo aboɔ ɛnna afei wose yɛnsane nkɔ hɔ bio yi?”
9 Odgovori Isus: “Nema li dan dvanaest sati? Hodi li tko danju, ne spotiče se jer vidi svjetlost ovoga svijeta.
Yesu kaa sɛ, “Nnɔnhwere dumienu na ɛwɔ da koro mu, meboa anaa? Ɛno enti, sɛ obi nam hann mu a, ɔrensunti, ɛfiri sɛ, ɔnam ewiase hann mu.
10 Hodi li tko noću, spotiče se jer nema svjetlosti u njemu.”
Nanso, sɛ ɔnam anadwo sum mu a, ɔbɛsunti, ɛfiri sɛ, ɔnam sum mu.”
11 To reče, a onda im dometnu: “Lazar, prijatelj naš, spava, no idem probuditi ga.”
Yesu sane kaa sɛ, “Yɛn adamfo Lasaro ada na merekɔ akɔnyane no.”
12 Rekoše mu nato učenici: “Gospodine, ako spava, ozdravit će.”
Asuafoɔ no ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Awurade, sɛ wada deɛ a, ɛnneɛ na ne ho bɛtɔ no.”
13 No Isus to reče o njegovoj smrti, a oni pomisliše da govori o spavanju, o snu.
Na Yesu kyerɛ sɛ Lasaro awu, nanso asuafoɔ no deɛ, na wɔsusu sɛ nna ara na wada.
14 Tada im Isus reče posve otvoreno: “Lazar je umro.
Ɛno enti, Yesu ka kyerɛɛ wɔn pefee sɛ, “Lasaro awu;
15 Ja se radujem što ne bijah ondje, i to poradi vas - da uzvjerujete. Nego pođimo k njemu!”
nanso mo enti, ɛyɛ me anigye sɛ na menni hɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛgye adi. Momma yɛnkɔ ne nkyɛn.”
16 Nato Toma zvani Blizanac reče suučenicima: “Hajdemo i mi da umremo s njime!”
Toma a wɔfrɛ no Ata no ka kyerɛɛ ne mfɛfoɔ asuafoɔ no sɛ, “Momma yɛne Ɔkyerɛkyerɛfoɔ no nyinaa nkɔ na yɛne no nkɔwu.”
17 Kad je dakle Isus stigao, nađe da je onaj već četiri dana u grobu.
Yesu duruu Betania no, na Lasaro awu ma wɔasie no ma adi nnanan.
18 Betanija bijaše blizu Jeruzalema otprilike petnaest stadija.
Ɛfiri Betania rekɔ Yerusalem no nnuru akwansini mmienu,
19 A mnogo Židova bijaše došlo tješiti Martu i Mariju zbog brata njihova.
na saa ɛberɛ no, na Yudafoɔ bebree aba Marta ne Maria nkyɛn sɛ wɔrebɛgyam wɔn wɔ wɔn nua no wuo no ho.
20 Kad Marta doču da Isus dolazi, pođe mu u susret dok je Marija ostala u kući.
Marta tee sɛ Yesu reba no, ɔfirii adi kɔhyiaa no, na Maria deɛ, ɔtenaa efie.
21 Marta reče Isusu: “Gospodine, da si bio ovdje, brat moj ne bi umro.
Marta ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Ao, Awurade, sɛ wowɔ ha a, anka me nua no anwu!
22 Ali i sada znam: što god zaišteš od Boga, dat će ti.”
Menim mpo sɛ saa ɛberɛ yi mu biribiara a wobɛbisa Onyankopɔn sɛ ɔnyɛ mma wo no, ɔbɛyɛ.”
23 Kaza joj Isus: “Uskrsnut će brat tvoj!”
Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo nua no bɛsane anya nkwa bio.”
24 A Marta mu odgovori: “Znam da će uskrsnuti o uskrsnuću, u posljednji dan.”
Marta buaa no sɛ, “Awurade, menim sɛ owusɔreɛ da no ɔno nso bɛsɔre.”
25 Reče joj Isus: “Ja sam uskrsnuće i život: tko u mene vjeruje, ako i umre, živjet će.
Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Me na menyane awufoɔ ma wɔn nkwa. Obiara a ɔgye me di no, sɛ wawu mpo a, ɔbɛsane anya nkwa.
26 I tko god živi i vjeruje u mene, neće umrijeti nikada. Vjeruješ li ovo?” (aiōn g165)
Na obiara a ɔte ase na ɔgye me di no, renwu da. Wogye yei di anaa?” (aiōn g165)
27 Odgovori mu: “Da, Gospodine! Ja vjerujem da si ti Krist, Sin Božji, Onaj koji dolazi na svijet!”
Marta buaa sɛ, “Awurade, megye medi. Megye medi sɛ wone Kristo Agyenkwa a ɔne Onyankopɔn Ba a ɔreba ewiase no.”
28 Rekavši to ode, zovnu svoju sestru Mariju i reče joj krišom: “Učitelj je ovdje i zove te.”
Marta kaa saa asɛm yi wieeɛ no, ɔkɔfrɛɛ ne nua Maria de no kɔɔ kɔkoam ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ no aba na wabisa wʼase.”
29 A ona, čim doču, brzo ustane i pođe k njemu.
Maria tee saa asɛm yi no, ɔyɛɛ ntɛm kɔhyiaa Yesu.
30 Isus još ne bijaše ušao u selo, nego je dotada bio na mjestu gdje ga je Marta susrela.
Saa ɛberɛ no na Yesu mmɛduruu akuraa no ase hɔ. Na ɔda so wɔ faako a Marta hyiaa no hɔ no.
31 Kad Židovi, koji su s Marijom bili u kući i tješili je, vidješe kako je brzo ustala i izišla, pođoše za njom; mišljahu da ide na grob plakati.
Ɛberɛ a Yudafoɔ a wɔwɔ efie hɔ regyam Maria no hunuu sɛ wasɔre ɔherɛ so refiri adi no, wɔdii nʼakyi, ɛfiri sɛ, na wɔsusu sɛ ɔrekɔ da no so akɔsu.
32 A kad Marija dođe onamo gdje bijaše Isus i kad ga ugleda, baci mu se k nogama govoreći: “Gospodine, da si bio ovjde, brat moj ne bi umro.”
Maria duruu faako a Yesu wɔ no, ɔtotoo ne nan ase kaa sɛ, “Ao, Awurade, sɛ wowɔ ha, a anka me nua no anwu.”
33 Kad Isus vidje kako plače ona i Židovi koji je dopratiše, potresen u duhu i uzbuđen
Yesu hunuu sɛ Maria ne Yudafoɔ a wɔka ne ho no resu no, ɛhaa no yie na ne werɛ hoeɛ.
34 upita: “Kamo ste ga položili?” Odgovoriše mu: “Gospodine, dođi i pogledaj!”
Ɔbisaa wɔn sɛ, “Ɛhe na mosiee no?” Wɔbuaa no sɛ, “Awurade, bra na yɛnkɔkyerɛ wo.”
35 I zaplaka Isus.
Yesu suiɛ.
36 Nato su Židovi govorili: “Gle, kako ga je ljubio!”
Yudafoɔ no hunuu sɛ ɔresu no, wɔkaa sɛ, “Yei kyerɛ ɔdɔ a ɔde dɔ no.”
37 A neki između njih rekoše: “Zar on, koji je slijepcu otvorio oči, nije mogao učiniti da ovaj ne umre?”
Wɔn mu bi kaa sɛ, “Onipa a ɔmaa onifirani hunuu adeɛ no, monnnye nni sɛ anka ɔbɛtumi agye Lasaro nkwa anaa?”
38 Isus onda, ponovno potresen, pođe grobu. Bila je to pećina, a na nju navaljen kamen.
Asɛm a nkurɔfoɔ no kaeɛ no maa Yesu werɛ hoeɛ. Afei, ɔkɔɔ ɛda a wɔde ɛboɔ ahini ano no so.
39 Isus zapovjedi: “Odvalite kamen!” Kaže mu pokojnikova sestra Marta: “Gospodine, već zaudara. Ta četvrti je dan.”
Yesu hyɛɛ wɔn sɛ, “Monyi ɛboɔ a ɛhini ɛda no ano no.” Marta a ɔyɛ owufoɔ no nuabaa no kaa sɛ, “Awurade, ɛbɛyɛ nna ɛnan ni a yɛbɛsiee no enti saa ɛberɛ yi deɛ, ɛbɔn.”
40 Kaže joj Isus: “Nisam li ti rekao: budeš li vjerovala, vidjet ćeš slavu Božju?”
Yesu ka kyerɛɛ Marta sɛ, “Manka ankyerɛ wo sɛ, sɛ wogye di a wobɛhunu Onyankopɔn animuonyam?”
41 Odvališe dakle kamen. A Isus podiže oči i reče: “Oče, hvala ti što si me uslišao.
Wɔyii ɛboɔ no firii ɛda no ano. Afei, Yesu hwɛɛ ɛsoro, bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Agya, meda wo ase sɛ wotie me.
42 Ja sam znao da me svagda uslišavaš; no rekoh to zbog nazočnog mnoštva: da vjeruju da si me ti poslao.”
Menim sɛ wotie me daa nyinaa, nanso ɛsiane nnipa a wɔwɔ ha enti na mereka yei sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛgye adi sɛ wo na wosomaa me.”
43 Rekavši to povika iza glasa: “Lazare, izlazi!”
Ɔkaa yei wieeɛ no, ɔteaam denden sɛ, “Lasaro, sɔre bra!”
44 I mrtvac iziđe, noge mu i ruke bile povezane povojima, a lice omotano ručnikom. Nato Isus reče: “Odriješite ga i pustite neka ide!”
Lasaro sɔre baeɛ a ntoma a wɔde kyekyeree ne nsa ne ne nan ne nʼanim no da so kyekyere no. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monsane ne ho ntoma no na ɔnkɔ.”
45 Tada mnogi Židovi koji bijahu došli k Mariji, kad vidješe što Isus učini, povjerovaše u nj.
Yudafoɔ a wɔbɛsraa Maria na wɔhunuu deɛ Yesu yɛeɛ no mu bebree gyee no diiɛ.
46 A neki od njih odu farizejima i pripovjede im što Isus učini.
Na wɔn mu bi nso kɔɔ Farisifoɔ no hɔ kɔkaa deɛ ɛsiiɛ no nyinaa kyerɛɛ wɔn.
47 Stoga glavari svećenički i farizeji sazvaše Vijeće. Govorili su: “Što da radimo? Ovaj čovjek čini mnoga znamenja.
Enti Farisifoɔ no ne asɔfoɔ mpanin no hyiaa badwafoɔ no kaa sɛ, “Ɛdeɛn na yɛnyɛ? Monhwɛ anwanwadeɛ a saa onipa yi reyɛ!
48 Ako ga pustimo tako, svi će povjerovati u nj pa će doći Rimljani i oduzeti nam ovo mjesto i narod!”
Sɛ yɛma ɔkɔ so yɛ deɛ ɔreyɛ yi a, nnipa nyinaa bɛgye no adi na wɔadi nʼakyi. Sɛ ɛba saa a, Roma aban bɛbisa yɛn asɛm na wasɛe yɛn asɔredan ne ɔman mu yi nyinaa.”
49 A jedan od njih - Kajfa, veliki svećenik one godine - reče im: “Vi ništa ne znate.
Kaiafa a saa ɛberɛ no na ɔyɛ ɔsɔfopanin no kaa sɛ, “Mo deɛ, monnim hwee!
50 I ne mislite kako je za vas bolje da jedan čovjek umre za narod, nego da sav narod propadne!”
Monnim sɛ ɛyɛ ma mo sɛ onipa baako bɛwu ama nnipa no nyinaa sene sɛ wɔbɛsɛe ɔman mu no nyinaa?”
51 To ne reče sam od sebe, nego kao veliki svećenik one godine prorokova da Isus ima umrijeti za narod;
Ɛmfiri ɔno ankasa ne tumi mu na ɔkaa saa asɛm yi, ɛfiri sɛ, ɛsiane sɛ na ɔyɛ ɔsɔfopanin saa ɛberɛ no enti na ɔhyɛɛ nkɔm sɛ, “Yesu bɛwu de agye mo nkwa,”
52 ali ne samo za narod nego i zato da raspršene sinove Božje skupi u jedno.
na ɛnyɛ wɔn nko, na mmom, ɛnam yei so bɛma Onyankopɔn mma a wɔabɔ ahwete no nyinaa ano aboa, na wɔayɛ ɔman baako.
53 Toga dana dakle odluče da ga ubiju.
Ɛfiri saa ɛberɛ no, Yudafoɔ mpanin no faa adwene sɛ wɔbɛkum Yesu.
54 Zbog toga se Isus više nije javno kretao među Židovima, nego je odatle otišao u kraj blizu pustinje, u grad koji se zove Efrajim. Tu se zadržavao s učenicima.
Yei enti, Yesu anyi ne ho adi wɔ Yudea, na ɔfirii hɔ kɔɔ ɛserɛ so kuro bi a wɔfrɛ no Efraim ne nʼasuafoɔ no kɔtenaa hɔ.
55 Bijaše blizu židovska Pasha i mnogi iz toga kraja uziđoše prije Pashe u Jeruzalem da se očiste.
Na Yudafoɔ Twam Afahyɛ no rebɛn enti nnipa pii fifirii wɔn nkuraaseɛ kɔɔ Yerusalem sɛ wɔrekɔdwira wɔn ho de atwɛn afahyɛ no.
56 Iskahu dakle Isusa te se stojeći u Hramu zapitkivahu: “Što vam se čini? Zar on ne kani doći na Blagdan?”
Na wɔrehwehwɛ Yesu ahunu no. Ɛno enti, wɔduruu asɔredan mu hɔ no, wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Mogye di sɛ Yesu bɛba afahyɛ yi bi anaa?” Ebinom kaa sɛ, “Yɛnnye nni.”
57 A glavari svećenički i farizeji izdadoše naredbu: ako tko sazna gdje je, neka dojavi da ga uhvate.
Saa ɛberɛ yi na asɔfoɔ mpanin ne Farisifoɔ no ahyɛ sɛ, sɛ obi nim baabi a Yesu wɔ a, ɔnkyerɛ na wɔnkɔkye no.

< Ivan 11 >