< Jeremija 47 >

1 Riječ koju Jahve uputi proroku Jeremiji o Filistejcima prije nego što faraon osvoji Gazu.
Ansa na Farao bɛto ahyɛ Gasa so no, yei ne Awurade asɛm a ɛfa Filistifoɔ ho a ɛbaa odiyifoɔ Yeremia nkyɛn:
2 Ovako reče Jahve: “Evo, vode se dižu sa Sjevera i kao nabujali brzaci poplavljuju zemlju i sve što je na njoj, gradove i sve njihovo pučanstvo. I ljudi vapiju, i kukaju svi žitelji zemlje,
Sei na Awurade seɛ: “Monhwɛ sɛdeɛ nsuo retue wɔ atifi fam; ɛbɛbu afa asase no ne biribiara a ɛwɔ soɔ so, nkuro no ne nnipa a wɔtete mu. Nnipa no bɛteateam; wɔn a wɔte asase no so nyinaa bɛtwa adwo
3 uz tutanj kopita njegove ždrebadi, uza štropot kola i tresku točkova. Oci više ne mare za djecu svoju jer su im ruke klonule
ɛberɛ a wɔate apɔnkɔ a wɔdi mmirika no nan ase nnyegyeɛ, na wɔate atamfoɔ no nteaseɛnam gyegyeegye ne wɔn ntwahonan nnyegyeɛ. Agyanom rentwa wɔn ani nhwɛ wɔn mma; wɔn nsa bɛsensɛn wɔn ho kwa.
4 zbog dana što osvanu da Filistejce istrijebi, da zatre Tiru i Sidonu sve do posljednjeg pomagača. Jer Jahve istrebljuje Filistejce, i sav ostatak otočja kaftorskog.
Na ɛda no aba sɛ wɔsɛe Filistifoɔ no nyinaa na wɔtwa wɔn a wɔaka no nyinaa gu, wɔn a anka wɔtumi boa Tiro ne Sidon no. Awurade rebɛsɛe Filistifoɔ no, nkaeɛfoɔ a wɔfiri Kreta mpoano no.
5 Gazi će biti obrijana glava, razoren Aškelon. A ti, Ašdode, ostače Anakovaca, dokle će te tuga razdirati?
Gasa bɛbɔ tikwa ɛberɛ a ɔretwa adwo; wɔbɛma Askelon atɔre mum. Ao nkaeɛfoɔ a mowɔ tata so, mobɛsu akɔsi da bɛn?
6 Jao, maču Jahvin, kad li ćeš se smiriti? Vrati se u korice, stani i počini!”
“Mosu sɛ, ‘Aa Awurade akofena, da bɛn na wobɛhome? Sane kɔhyɛ wo bɔha mu; gyae na da dinn.’
7 Ali kako da se smiri, kad Jahvina ruka njime zapovijeda: na Aškelon i na morski žal on ga isuka.
Na ɛbɛyɛ dɛn na ada dinn ɛberɛ a Awurade ahyɛ no sɛ ɔnkoto nhyɛ Askelon ne mpoano no so?”

< Jeremija 47 >