< Izaija 31 >

1 Teško onima što slaze u Egipat po pomoć i nadu u konje polažu te se uzdaju u mnoga kola i u mnoštvo konjanika, ne gledajuć' s uzdanjem u Sveca Izraelova i od Jahve savjeta ne tražeć'.
Wɔnnue, wɔn a wɔkɔ Misraim kɔpɛ mmoa, wɔn a wɔde wɔn ho to apɔnkɔ so, wɔn a wɔgye wɔn nteaseɛnam dodoɔ ne wɔn apɔnkɔsotefoɔ ahoɔden mmorosoɔ no die, na wɔnhwɛ Israel Kronkronni no, anaasɛ wɔmmpɛ mmoa mfiri Awurade hɔ.
2 Al' i on je mudar i navalit će zlo, i neće poreć' svojih prijetnja; on će ustat' na dom zlikovački i na pomoć zločinačku.
Nanso, Awurade yɛ onyansafoɔ a ɔbɛtumi de ɔhaw aba; ɔnsesa nʼano. Ɔbɛsɔre atia amumuyɛfoɔ efie, ne wɔn a wɔboa nnebɔneyɛfoɔ.
3 Egipćanin je čovjek, a ne Bog; konji su mu meso, a ne duh; kada Jahve rukom mahne, posrnut će pomagač i past će onaj komu pomaže - svi će zajedno propasti.
Na Misraimfoɔ yi yɛ nnipa kɛkɛ, wɔnyɛ Onyankopɔn. Wɔn apɔnkɔ yɛ honam na wɔnyɛ honhom. Sɛ Awurade tene ne nsa a, ɔboafoɔ bɛhwinti na deɛ wɔboa no no bɛhwe ase; wɔn baanu bɛbɔ mu asɛe.
4 Da, ovako mi reče Jahve: Kao što lav ili lavić nad plijenom reži, pa i kad se strči na njega mnoštvo pastira, on se ne prepada vike njihove, nit' za njihovu graju mari - tako će Jahve nad Vojskama sići da vojuje za goru Sion, za visinu njezinu.
Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛ me: “Sɛdeɛ gyata pɔ so, sɛdeɛ gyata hoɔdenfoɔ pɔ ne haboa so no a mpo sɛ wɔfrɛ nnwanhwɛfoɔ dɔm kɔ ne so a, wɔn nteateam mmɔ ne hu na wɔn hooyɛ nso nha no no saa ara na Asafo Awurade bɛsiane abɛko wɔ Sion Bepɔ ne ne sorɔnsorɔmmea so.
5 Kao ptice što lepršaju krilima, Jahve nad Vojskama zaklanjat će Jeruzalem, zaklanjat' ga, izbaviti, poštedjet' ga i spasiti.
Sɛdeɛ nnomaa tu gyina faako wɔ ewiem no saa ara na Asafo Awurade bɛbɔ Yerusalem ho ban; ɔbɛbɔ ne ho ban na wagye no, ɔbɛgyaa no na wagye no asi hɔ.”
6 Vratite se onome od kog otpadoste tako duboko, sinovi Izraelovi.
Monsane nkɔ deɛ moayɛ ɛdɔm atia no no, Ao Israelfoɔ.
7 Da, u onaj će dan svatko prezreti svoje kumire srebrne i zlatne što ih rukama sebi za grijeh načiniste.
Ɛda no mo mu biara bɛpo dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahoni a mode mo nsa a ɛho agu fi no ayɛ.
8 Asur neće pasti od mača ljudskoga: proždrijet će ga mač, ali ne čovječji. Od mača će bježat', al' će mu satnici pod tlaku pasti.
“Asiria bɛhwe ase wɔ akofena a ɛnyɛ onipa deɛ ano; akofena a ɛnyɛ onipa deɛ bɛsɛe wɔn. Wɔbɛdwane afiri akofena no ano na wɔbɛma wɔn mmeranteɛ ayɛ ɔhyɛ adwuma.
9 Užasnut, ostavit će svoju hridinu, prestravljeni, knezovi od svoje će bježat' zastave - riječ je Jahve, čiji je oganj na Sionu i čija je peć u Jeruzalemu.
Wɔn aban denden bɛbubu, ehu nti; wɔhunu akofoɔ frankaa a, wɔn asraafoɔ mpanimfoɔ bɛbɔ huboa,” sei na Awurade seɛ, deɛ ne ogya wɔ Sion, na ne fononoo si Yerusalem no.

< Izaija 31 >