< Jevrejima 8 >

1 A glavno u ovom izlaganju jest: takva imamo Velikog svećenika koji sjede zdesna prijestolja Veličanstva na nebesima
Asɛm a yɛgyina so kasa no ne sɛ: Yɛwɔ Ɔsɔfopanin a ɔte Otumfoɔ a ɔwɔ ɔsoro no ahennwa no nifa.
2 kao bogoslužnik Svetinje i Šatora istinskoga što ga podiže Gospodin, a ne čovjek.
Ɔsom sɛ Ɔsɔfopanin wɔ Kronkronbea hɔ a ɛyɛ ntomadan a ɛwɔ ɔsoro. Saa ntomadan yi, Awurade ankasa na ɔsiiɛ na ɛnyɛ onipa.
3 Doista, svaki se veliki svećenik postavlja da prinosi darove i žrtve. Odatle je potrebno da i on ima što bi prinio.
Wɔyi Ɔsɔfopanin biara sɛ ɔmfa akyɛdeɛ ne mmoa mmɔ Onyankopɔn afɔdeɛ. Ɛno enti ɛsɛ sɛ yɛn Sɔfopanin nya biribi a ɔde bɛbɔ afɔdeɛ.
4 Svakako, da je na zemlji, ne bi bio svećenik jer postoje oni koji po Zakonu prinose darove.
Sɛ Yesu wɔ asase so a, anka ɔrenyɛ ɔsɔfoɔ koraa ɛfiri sɛ, asɔfoɔ wɔ hɔ a wɔde afɔrebɔdeɛ ma, sɛdeɛ Yudafoɔ mmara kyerɛ no.
5 Oni služe slici i sjeni onoga nebeskoga, kako je upućen Mojsije kad se spremao praviti šator: Pazi, veli doista, načini sve po praliku koji ti je pokazan na brdu.
Nanso dwuma a wɔdi sɛ asɔfoɔ no yɛ ɔsoro nsususoɔ bi kwa. Ɛte sɛ Mose berɛ so deɛ no ara pɛ. Ɛberɛ a ɔpɛɛ sɛ ɔsi ntomadan no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Si no sɛdeɛ merekyerɛ wo wɔ bepɔ no so pɛpɛɛpɛ.”
6 Ovako mu pak dopalo uzvišenije bogosluženje koliko je Posrednik boljega Saveza, koji je uzakonjen na boljim obećanjima.
Afei deɛ, wɔama Yesu asɔfodwuma a ɛso kyɛn wɔn deɛ no. Yesu yɛ apam a ɛkyɛn so a wɔgyina bɔhyɛ a ɛkyɛn so so hyɛeɛ no ntamgyinafoɔ.
7 Da je, zbilja, onaj prvi bio besprijekoran, ne bi se drugome tražilo mjesto.
Sɛ na apam a ɛdi ɛkan no yɛ a, anka ɛho nhia sɛ wɔbɛyɛ apam a ɛtɔ so mmienu no.
8 Doista, kudeći ih veli: Evo dolaze dani - govori Gospodin - kad ću s domom Izraelovim i s domom Judinim dovršiti novi Savez.
Nanso, Onyankopɔn hunuu mfomsoɔ wɔ ne nkurɔfoɔ ho ɛberɛ a ɔkaa sɛ, “Nna bi reba, Awurade na ɔseɛ, a me ne Israelfoɔ ne Yuda abusuakuo bɛhyehyɛ apam foforɔ.
9 Ne Savez kakav učinih s ocima njihovim u dan kad ih uzeh za ruku da ih izvedem iz zemlje egipatske jer oni ne ustrajaše u mom Savezu pa i ja zanemarih njih - govori Gospodin.
Ɛrenyɛ sɛ apam a me ne wɔn agyanom yɛeɛ no ɛberɛ a mesɔɔ wɔn nsa dii wɔn anim firii Misraim no. Wɔanni apam a me ne wɔn hyehyɛeɛ no ho nokorɛ, ɛno enti mante mʼani anhwɛ wɔn, Awurade na ɔseɛ.
10 Nego, ovo je Savez kojim ću se svezati s domom Izraelovim nakon ovih dana - govori Gospodin: Zakone ću svoje staviti u dušu njihovu i upisati ih u njihova srca. I bit ću Bog njihov, a oni narod moj.
Afei, yei ne apam a me ne Israelfoɔ bɛhyehyɛ ɛberɛ a ɛreba no mu, Awurade na ɔseɛ: Mede me mmara bɛhyɛ wɔn adwenem na matwerɛ agu wɔn akoma mu. Mɛyɛ wɔn Onyankopɔn, na wɔayɛ me nkurɔfoɔ.
11 I neće više nitko učiti sugrađanina i nitko brata svoga govoreći: “Spoznaj Gospodina”, ta svi će me poznavati, malo i veliko,
Wɔn mu biara renka nkyerɛ ne yɔnko anaa ne kuromni sɛ, ‘Hunu Awurade,’ ɛfiri sɛ, wɔn nyinaa bɛhunu me firi akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so.
12 jer ću se smilovati bezakonjima njihovim i grijeha se njihovih neću više spominjati.
Mɛhunu wɔn mmɔbɔ wɔn bɔne ho; na merenkae wɔn bɔne bio.”
13 Kad veli novi, ostari onaj prvi. Što pak stÓari i dotrajava, blizu je nestanku.
Frɛ a wɔfrɛ saa apam yi “Foforɔ” no ama deɛ wɔyɛɛ kane no ayɛ dada; na biribiara a anyini ayɛ dada no nkyɛre yera.

< Jevrejima 8 >