< Jevrejima 13 >

1 Bratoljublje neka je trajno!
Monnodɔ mo ho mo ho sɛ anuanom wɔ Kristo mu.
2 Gostoljublja ne zaboravljajte: njime neki, i ne znajući, ugostiše anđele!
Monkae na monnye ahɔhoɔ wɔ mo afie mu. Ebinom yɛɛ saa nam so gyee abɔfoɔ a na wɔnnim.
3 Sjećajte se uznika kao suuznici; zlostavljanih - ta i sami ste u tijelu!
Monkae wɔn a wɔda afiase na momfa no sɛ mo ne wɔn na ɛda hɔ. Monkae wɔn a wɔrehunu amane na momfa no sɛ mo ne wɔn na ɛrehunu saa amane no.
4 Ženidba neka bude u časti u sviju i postelja neokaljana! Jer bludnicima će i preljubnicima suditi Bog.
Mo nyinaa nni awadeɛ ni, na okununom ne ɔyerenom nni wɔn ho nokorɛ, ɛfiri sɛ Onyankopɔn bɛbu adwamanfoɔ ne awaresɛefoɔ atɛn.
5 U življenju ne budite srebroljupci, zadovoljni onim što imate! Ta on je rekao: Ne, neću te zapustiti i neću te ostaviti.
Monyi sikanibereɛ mfiri mo abrabɔ mu, na momma mo ani nsɔ deɛ mo nsa ka. Ɛfiri sɛ Onyankopɔn aka sɛ, “Merennya wo, na merennya wo da.”
6 Zato možemo pouzdano reći: Gospodin mi je pomoćnik, ja ne strahujem: što mi tko može?
Momma yɛnsi yɛn bo nka sɛ, “Awurade ne me ɔboafoɔ, enti merensuro. Ɛdeɛn na onipa bɛtumi ayɛ me?”
7 Spominjite se svojih glavara koji su vam nevješćivali riječ Božju: promatrajući kraj njihova života, nasljedujte njihovu vjeru.
Monkae mo mpanimfoɔ a wɔdii mo anim a wɔkaa Onyankopɔn asɛm kyerɛɛ mo no. Monkae ɛkwan a wɔfaa so tenaa ase na monsua wɔn gyidie no.
8 Isus Krist jučer i danas isti je - i uvijeke. (aiōn g165)
Yesu Kristo te saa ara nnora, ɛnnɛ ne daa nyinaa. (aiōn g165)
9 Ne dajte se zanijeti različitim tuđim naucima! Jer bolje je srce utvrđivati milošću nego jelima, koja nisu koristila onima što su ih obdržavali.
Mommma nkyerɛkyerɛ foforɔ biara nntwe mo mmfiri ɛkwan pa so. Ɛyɛ sɛ Onyankopɔn adom enti, yɛn kra bɛnyini ahoɔden so a ɛmfiri aduane ho mmara a yɛdi so no. Wɔn a wɔdi mmara a ɛte saa so no nnya mmoa biara.
10 Imamo žrtvenik s kojega nemaju pravo jesti služitelji Šatora.
Nanso yɛwɔ afɔrebukyia bi a Asɔfoɔ a wɔsom wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu no mpo nni ho ɛkwan sɛ wɔdidi so.
11 Jer tijela životinja, kojih krv veliki svećenik unosi za grijeh u Svetinju, spaljuju se izvan tabora.
Yudafoɔ Sɔfopanin de mmoa mogya ba Kronkron mu Kronkron hɔ de bɛbɔ bɔne afɔdeɛ nanso wɔhye mmoa no funu wɔ beaeɛ no akyi baabi.
12 Zato i Isus, da bi vlastitom krvlju posvetio narod, trpio je izvan vrata.
Yei enti, Yesu nso wuu wɔ kuro no ɛpono akyi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ne mogya bɛma nnipa ayɛ kronkron.
13 Stoga iziđimo k njemu izvan tabora noseći njegovu muku
Enti momma yɛnkɔ ne nkyɛn wɔ beaeɛ no akyi nkɔgye animguaseɛ no bi.
14 jer nemamo ovdje trajna grada, nego onaj budući tražimo.
Ɛfiri sɛ, yɛnni atenaeɛ a ɛwɔ hɔ daa wɔ asase yi so. Yɛrehwehwɛ kuro a ɛrebɛba no akyiri ɛkwan.
15 Po njemu dakle neprestano prinosimo Bogu žrtvu hvalbenu, to jest plod usana što ispovijedaju ime njegovo.
Momma yɛmfa Yesu so mfa yɛn anofafa nkamfo Onyankopɔn din daa sɛ yɛn afɔrebɔdeɛ.
16 Dobrotvornosti i zajedništva ne zaboravljajte jer takve su žrtve mile Bogu!
Mommma mo werɛ mfiri sɛ mobɛyɛ mo ho mo ho papa aboaboa mo ho mo ho, ɛfiri sɛ, ɛno ne afɔrebɔ a ɛsɔ Onyankopɔn ani.
17 Poslušni budite svojim glavarima i podložni jer oni bdiju nad vašim dušama kao oni koji će polagati račun; neka to čine s radošću, a ne uzdišući jer vam to ne bi bilo korisno.
Montie mo mpanimfoɔ na monni wɔn asɛm so. Esiane sɛ ɛsɛ sɛ wɔbu wɔn adwuma ho akonta enti, wɔhwɛ mo kra so a wɔnhome koraa. Sɛ motie wɔn a, wɔde anigyeɛ bɛyɛ wɔn adwuma. Sɛ anyɛ saa a wɔde awerɛhoɔ bɛyɛ adwuma no na ɛremmoa mo.
18 Molite za nas! Uvjereni smo doista da imamo dobru savjest i u svemu se želimo dobro ponašati.
Monkɔ so mmɔ mpaeɛ mma yɛn. Yɛnim pefee sɛ yɛwɔ adwene a emu da hɔ, ɛfiri sɛ, yɛpɛ sɛ ɛberɛ biara yɛyɛ adeɛ a ɛyɛ.
19 Usrdnije vas pak molim: učinite to kako bih vam se što brže vratio.
Na mebɔ mpaeɛ kɔ so srɛ mo sɛ, mommɔ mpaeɛ na Onyankopɔn mfa me mmrɛ mo nnansa yi ara.
20 A Bog mira, koji po krvi vječnoga Saveza od mrtvih izvede velikoga Pastira ovaca, Gospodina našega Isusa, (aiōnios g166)
Onyankopɔn anyane yɛn Awurade Yesu a ɔyɛ odwanhwɛfoɔ panin no afiri awufoɔ mu ama yɛn na ɛnam ne owuo no so enti, wɔasɔ daa apam no ano ama yɛn. (aiōnios g166)
21 osposobio vas za svako dobro djelo da vršite volju njegovu, činio u nama što je njemu milo, po Isusu Kristu, komu slava u vijeke vjekova. Amen. (aiōn g165)
Asomdwoeɛ Onyankopɔn mma mo deɛ ɛhia mo nyinaa na monam so ayɛ nʼapɛdeɛ, na ɔnam Yesu Kristo so ayɛ yɛn mu adwuma sɛdeɛ ɛsɔ ani. Animuonyam nka Kristo daa nyinaa. Amen. (aiōn g165)
22 Molim vas, braćo, podnesite ovu riječ ohrabrenja: ta samo vam ukratko napisah!
Anuanom, mesrɛ mo sɛ, monyɛ aso ntie nkuranhyɛ nsɛm yi, ɛfiri sɛ, saa krataa a matwerɛ mo yi nnyɛ tenten biara.
23 Znajte: naš je brat Timotej oslobođen. Ako uskoro stigne, s njime ću vas pohoditi.
Mepɛ sɛ mebɔ mo amaneɛ sɛ wɔayi yɛn nua Timoteo afiri afiase. Sɛ ɔba ntɛm a, me ne no bɛba mo nkyɛn.
24 Pozdravite sve svoje glavare i sve svete! Pozdravljaju vas ovi iz Italije.
Yɛkyea mpanimfoɔ no ne Onyankopɔn nkurɔfoɔ no nyinaa. Anuanom a wɔwɔ Italia no kyea mo.
25 Milost sa svima vama!
Adom nka mo nyinaa.

< Jevrejima 13 >