< Jevrejima 1 >

1 Više puta i na više načina Bog nekoć govoraše ocima po prorocima;
Mmere a atwa mu no, na Onyankopɔn nam akwan ahorow bebree so fa adiyifo so kasa kyerɛ yɛn mpanyimfo no.
2 konačno, u ove dane, progovori nama u Sinu. Njega postavi baštinikom svega; Njega po kome sazda svjetove. (aiōn g165)
Mmom, mmere a edi akyiri no de, ɔnam ne Ba no so akasa akyerɛ yɛn. Ɔyɛ obi a Onyankopɔn nam ne so bɔɔ wiase. Na ɔno na Onyankopɔn ayi no sɛ awiei no, nneɛma nyinaa bɛyɛ ne de. (aiōn g165)
3 On, koji je odsjaj Slave i otisak Bića njegova te sve nosi snagom riječi svoje, pošto očisti grijehe, sjede zdesna Veličanstvu u visinama;
Ɔnam hyerɛn a Onyankopɔn anuonyam hyerɛn no so haran. Ɔyɛ Onyankopɔn sɛso pɛpɛɛpɛ, na ɔde nʼasɛm a tumi wɔ mu no so wiase mu. Ɔtew nnipa ho fii wɔn bɔne mu wiei no, ɔtenaa Otumfo Nyankopɔn nifa so wɔ ɔsoro.
4 postade toliko moćniji od anđela koliko je uzvišenije nego oni baštinio ime.
Ɛno nti ɔyɛɛ ɔkɛse sen abɔfo no, efisɛ din a Onyankopɔn de too no no yɛ kɛse sen wɔn de no.
5 Ta kome od anđela ikad reče: Ti si sin moj, danas te rodih; ili pak: Ja ću njemu biti otac, a on će meni biti sin.
Efisɛ Onyankopɔn nso anka ankyerɛ nʼabɔfo no mu biara se, “Woyɛ me Ba; nnɛ mayɛ wʼAgya.” Na wanka ankyerɛ ɔbɔfo biara se, “Mɛyɛ wʼAgya na woayɛ me Ba.”
6 A opet, kad uvodi Prvorođenca u svijet, govori: Nek pred njim nice padnu svi anđeli Božji.
Bere a Onyankopɔn pɛɛ sɛ ɔsoma nʼabakan no ba wiase no, ɔsan kae se, “Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn abɔfo nyinaa som no.”
7 Za anđele veli: Anđele čini vjetrovima, sluge svoje plamenom ognjenim,
Asɛm a Onyankopɔn ka faa abɔfo no ho ne sɛ, “Onyankopɔn soma nʼabɔfo sɛ mframa, na ɔsoma nʼasomfo sɛ gyaframa.”
8 ali za Sina: Prijestolje je tvoje, Bože, u vijeke vjekova, i pravedno žezlo - žezlo je tvog kraljevstva. (aiōn g165)
Nea ɛfa Ɔba no ho no, Onyankopɔn kae se, “Ao, Onyankopɔn, wʼahengua bɛtena hɔ daa nyinaa; wʼAhenni yɛ atɛntrenee. (aiōn g165)
9 Ti ljubiš pravednost, a mrziš bezakonje, stoga Bog, Bog tvoj, tebe pomaza uljem radosti kao nikog od tvojih drugova.
Wodɔ trenee, na wukyi bɔne, ɛno nti Onyankopɔn, wo Nyankopɔn no, de wo asi wo mfɛfo so, na ɔde anigye ngo asra wo.”
10 I: Ti u početku, Gospodine, utemelji zemlju i nebo je djelo ruku tvojih.
Onyankopɔn san kae se, “Mfiase no wotoo asase fapem, na ɔsoro yɛ wo nsa ano adwuma.
11 Propast će, ti ćeš ostati, sve će ostarjeti kao odjeća.
Ne nyinaa betwa mu; na wo de, wobɛtena hɔ daa; wɔbɛtetew sɛ atade.
12 Mijenjaš ih poput haljine, kao odjeću, i nestaju. A ti si uvijek isti - godinama tvojim nema kraja.
Wɔbɛbobɔw no sɛ ntama; na wɔbɛsesa no sɛ ntade. Nanso wote sɛnea wote, na wo mfe to rentwa da.”
13 Za koga pak od anđela ikad reče: Sjedi mi zdesna dok ne položim neprijatelje tvoje za podnožje nogama tvojim!
Onyankopɔn anka ankyerɛ nʼabɔfo no se, “Montena me nifa so nkosi sɛ mede mo atamfo bɛyɛ mo anan ase ntiaso.”
14 Svi ti zar nisu služnički duhovi što se šalju služiti za one koji imaju baštiniti spasenje?
Sɛ saa a, na abɔfo no yɛ dɛn? Wɔn nyinaa yɛ ahonhom a wɔsom Onyankopɔn na ɔsoma wɔn ma wɔkɔboa wɔn a wɔrehwehwɛ nkwagye no.

< Jevrejima 1 >