< Ezekiel 10 >

1 Pogledah, i gle: na svodu nad glavama kreubinÄa pojavi se nešto kao kamen safir, kao nekakvo prijestolje.
Mehwɛeɛ, na mehunuu biribi te sɛ aboɔdemmoɔ ahennwa a ɛhoho ntrɛmu a ɛwɔ Kerubim apampam no so.
2 I prozbori čovjeku odjevenom u lan: “Uđi među točkove pod kerubinima, uzmi pune pregršti žeravice između kerubina i prospi je nad gradom!” - I on na moje oči uđe među kerubine.
Na Awurade ka kyerɛɛ ɔbarima a ɔfira nwera no sɛ, “Kɔhyɛ ntwahonan a ɛwɔ Kerubim ase no mu. Fa egyasramma nsabuo firi Kerubim no mu na to pete kuropɔn no so.” Megu so rehwɛ no, ɔkɔhyɛɛ mu.
3 A kerubini stajahu s desne strane Doma kad čovjek uđe među njih. I oblak ispuni sve unutrašnje predvorje,
Afei na Kerubim no gyinagyina asɔredan no anafoɔ fam ɛberɛ a ɔbarima no kɔhyɛnee mu no, na omununkum kɔhyɛɛ emu fam adihɔ hɔ ma.
4 a Slava Jahvina vinu se s kerubinÄa prema pragu Doma. Dom se ispuni oblakom, a predvorje napuni svjetlost Slave Jahvine.
Na Awurade animuonyam pagyaa ne ho firii Kerubim no atifi kɔɔ asɔredan no aboboano. Omununkum no yɛɛ asɔredan no ma na Awurade animuonyam hyerɛn yɛɛ adihɔ hɔ ma.
5 Huka kerubinskih krila razliježe se do vanjskoga predvorja, kao kad zagrmi glas Svevišnjega.
Kerubim ntaban no nnyegyeeɛ no, na wɔte wɔ mfikyire fam adihɔ hɔ te sɛ Otumfoɔ Onyankopɔn nne, ɛberɛ a ɔrekasa.
6 A kad on zapovjedi čovjeku odjevenom u lan: “Uzmi ognja između točkova što su pod kerubinima”, čovjek uđe i stade kraj točkova.
Ɛberɛ a Awurade hyɛɛ ɔbarima a ɔfira nwera no sɛ, “Yi egyasramma firi ntwahonan no mu, firi Kerubim no ase no,” ɔbarima no kɔɔ mu kɔgyinaa ntwahonan no baako ho.
7 Jedan kerubin pruži ruku prema ognju što bijaše među kerubinima, uze ga i stavi u ruke čovjeku odjevenom u lan. On ga primi i iziđe.
Afei, Kerubim no mu baako tenee ne nsa hyɛɛ egyasramma a ɛwɔ wɔn mu no mu. Ɔfaa mu bi de hyɛɛ ɔbarima a ɔfira nwera no nsam, na ɔno nso gyeeɛ de firii adi.
8 A ispod kerubinskih krila ukaza se nešto kao ruka čovječja.
(Na wɔhunu biribi te sɛ onipa nsa wɔ Kerubim no ntaban ase.)
9 Pogledah, i gle: uz kerubine četiri točka, po jedan uza svakoga. A točkovi bijahu nalik na kamen krizolit;
Mehwɛeɛ, na mehunuu ntwahonan ɛnan a baako biara gyina Kerubim nkyɛn, na ntwahonan no pa yerɛ yerɛ te sɛ sikabereɛboɔ.
10 sva četiri istog oblika i kao da je jedan točak u drugome.
Sɛdeɛ ɛteɛ no deɛ, na ntwahonan no nyinaa sesɛ; ebiara wɔ ntwahonan foforɔ hyɛ mu.
11 U kretanju mogahu ići u sva četiri smjera, sve bez zakretanja. Kamo bi se glava usmjerila, onamo bi krenuli, a da se, krećući se, nisu morali okretati.
Sɛ wɔnam a, wɔn nyinaa de wɔn anim kyerɛ deɛ Kerubim baako de nʼanim bɛkyerɛ. Ntwahonan no nnane wɔn ho ɛberɛ a Kerubim no nam. Kerubim no kɔ tee deɛ etire no anim kyerɛ a ɔnnane ne ho.
12 Cijelo tijelo u kerubinÄa - leđa, ruke, krila i sva četiri točka njihova - sve im bijaše posvud naokolo puno očiju.
Wɔn ho nyinaa, wɔn akyi, wɔn nsa ne wɔn ntaban nyinaa, aniwa tuatua ho. Saa ara na ntwahonan ɛnan no nso teɛ.
13 A točkovi, koliko sam čuo, zvahu se “Kovitlac”.
Metee sɛ wɔrefrɛ ntwahonan no, “kyinhyia ntwahonan.”
14 Svaki imaše po četiri lica: lice prvoga kerubinsko, lice drugoga čovječje, a u trećega lice lavlje, u četvrtoga orlovsko.
Kerubim no mu biara wɔ anim ɛnan. Anim baako te sɛ kerub, deɛ ɛtɔ so mmienu te sɛ onipa anim, deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa te sɛ gyata anim, deɛ ɛtɔ so ɛnan te sɛ ɔkɔdeɛ anim.
15 Tada se kerubini podigoše u visine. Bijahu to ista bića što ih vidjeh na rijeci Kebaru.
Afei, Kerubim no pagyaa wɔn ho. Yeinom na na wɔyɛ ateasefoɔ a na mahunu wɔn wɔ Asubɔnten Kebar ho no.
16 Kad bi kerubini krenuli, krenuli bi i točkovi uz njih, kad bi kerubini krilima mahnuli da se od zemlje podignu, točkovi se ne bi od njih odmicali.
Sɛ Kerubim no keka wɔn ho a, ntwahonan a ɛwowɔ wɔn ho no nso keka wɔn ho; na sɛ Kerubim no trɛtrɛ wɔn ntaban mu pagya wɔn ho kɔ ewiem a, ntwahonan no ka wɔn ho ara.
17 Kad bi se zaustavili, i točkovi bi stali; a kad bi se sa zemlje podigli, i točkovi se podizahu, jer duh bića bijaše u njima.
Sɛ Kerubim no gyinagyina dinn a, ntwahonan no nso gyinagyina dinn, na sɛ Kerubim no pagya wɔn ho a, wɔne wɔn pagya wɔn ho, ɛfiri sɛ, ateasefoɔ no honhom wɔ wɔn mu.
18 Uto se Slava Jahvina vinu s praga Doma i stade nad kerubinima.
Afei, Awurade animuonyam no firii asɔredan no aboboano na ɛkɔgyinaa Kerubim no atifi.
19 Tada kerubini raširiše krila i podigoše se sa zemlje pred mojim očima. A kad oni krenuše, i točkovi za njima krenuše. I zaustaviše se nad istočnim vratima Doma Jahvina, a Slava Boga Izraelova bijaše nad njima.
Merehwɛ no, Kerubim no trɛtrɛɛ wɔn ntaban mu pagyaa wɔn ho firii fam na ntwahonan no ne wɔn kɔɔeɛ. Wɔkɔgyinaa Awurade efie ɛpono a ɛwɔ apueeɛ fam no ano, na na Israel Onyankopɔn animuonyam wɔ wɔn atifi.
20 Bijahu to ista bića što ih vidjeh pred Bogom Izraelovim na rijeci Kebaru. I tako spoznah da ono bijahu kerubini.
Yeinom ne ateasefoɔ a na mahunu wɔn wɔ Israel Onyankopɔn ase wɔ Asubɔnten Kebar ho no, na medwene hunuiɛ sɛ wɔyɛ Kerubim.
21 U svakoga po četiri lica i po četiri krila, a pod krilima nešto kao ruka čovječja.
Wɔn mu biara wɔ animu ɛnan ne ataban ɛnan na biribi a ɛte sɛ onipa nsa wowɔ wɔn ntaban ase.
22 Lica im ista kao ona što ih vidjeh na rijeci Kebaru. I svako se naprijed kretaše.
Wɔn nyinaa animu te sɛ deɛ na mahunu wɔ Asubɔnten Kebar ho no. Wɔn mu biara kɔ nʼanim tee.

< Ezekiel 10 >