< Propovjednik 6 >

1 I vidjeh: ima još jedno zlo pod suncem i teško tišti ljude.
Mahu bɔne foforo bi wɔ owia yi ase a ɛhyɛ nnipa so yiye:
2 Nekomu Bog udijeli bogatstvo i blago i počasti te ima sve što mu duša poželi, ali mu ne udijeli da to i uživa, nego uživa tuđinac. To je ispraznost i grdna nevolja.
Onyankopɔn ma onipa ahonyade, adenya ne anuonyam sɛnea biribiara a ne koma pɛ no ɛremmɔ no, nanso Onyankopɔn amma no kwan sɛ ɔmfa nnye nʼani, na ɔhɔho mmom na ɔde gye nʼani. Eyi yɛ ahuhude, ɔhaw a ɛyɛ yaw.
3 I velim: bolje je nedonošče od onoga koji bi rodio stotinu djece i živio mnogo godina, a sam se ne bi naužio dobra niti bi imao pogreba;
Onipa betumi anya mma ɔha na wanyin akyɛ; nanso ne mfe dodow yi akyi no, nʼahonya no amma nʼani annye na ne sie nso anyɛ fɛ a, ɔpɔn ba so wɔ mfaso sen no.
4 jer je nedonošče uzalud došlo i u tamu otišlo i ime mu je tamom pokriveno;
Ne ba no yɛ ade hunu, sum mu na ɔkɔ, na sum akata ne din so.
5 sunca čak ne vidje niti spozna - a spokojnije je od onoga.
Ɛwɔ mu sɛ wanhu owia na onnim hwee de, nanso obenya ahomegye bebree sen nea saa ɔbarima no benya,
6 Pa kad bi takav živio i dvije tisuće godina, a svojeg dobra ne bi uživao, zar ne odlaze obojica jednako na isto mjesto?
mpo sɛ ɔtena ase mfe apem mmɔho na wamfa nʼahonyade annye nʼani a, wɔn nyinaa nkɔ faako ana?
7 Čovjek se trudi samo da bi jeo, a želudac njegov nikad da se nasiti.
Onipa brɛ nyinaa yɛ nʼano ntia, nanso nʼakɔnnɔde mmee no da.
8 Jer po čemu je mudrac bolji od luđaka i što reći o siromahu koji se umije držati pred ljudima?
Na dɛn na onyansafo wɔ de sen ɔkwasea? Sɛ ohiani yɛ nʼakwan yiye wɔ afoforo anim a mfaso bɛn na obenya?
9 Bolje je očima vidjeti nego duhom lutati. I to je ispraznost i pusta tlapnja.
Nea aniwa hu no ye sen nea akɔnnɔ kyin hwehwɛ. Eyi nso yɛ ahuhude, ɛte sɛ wotaa mframa.
10 Što je već bilo, ime ima; i zna se što je čovjek; i on se ne može parbiti s jačim od sebe.
Nea ɛwɔ hɔ biara, wɔato din dedaw, na sɛnea onipa te nso, wonim dedaw; onipa biara rentumi ne nea ɔwɔ ahoɔden sen no nnye eyi ho akyinnye.
11 Što više riječi, to veća ispraznost svega, i koja je od toga korist čovjeku?
Nsɛm dɔɔso a, mu ntease sua, na so wɔ mfaso ma onipa ana?
12 Tko zna što je dobro čovjeku u životu njegovu, za ono malo dana koje tako isprazno živi, koji mu prolaze kao sjena? Tko će kazati čovjeku što će biti poslije njega pod suncem?
Na hena na onim nea eye ma onipa wɔ ne nkwanna kakraa bi a ɛyɛ ahuhude na ɔfa mu kɔ sɛ sunsuma no mu? Hena na obetumi aka nea ebesi wɔ owia yi ase akyerɛ no bere a ɔkɔ no?

< Propovjednik 6 >