< Daniel 10 >
1 Treće godine Kira, kralja perzijskoga, Danielu, prozvanome Baltazar, bi objavljena riječ - riječ istinita: velik rat. On je nastojao razumjeti riječ, i razumijevanje bi mu dano u viđenju.
Persiahene Kores adedi afe a ɛto so abiɛsa mu no, woyii asɛm bi adi kyerɛɛ Daniel (a na wɔfrɛ no Beltesasar). Na nkra no yɛ nokware, na ɛfa ɔko kɛse bi ho. Onyaa nkra no nkyerɛase wɔ anisoadehu mu.
2 U te dane ja, Daniel, žalovao sam tri sedmice:
Saa bere no, me, Daniel, midii awerɛhow nnaawɔtwe abiɛsa.
3 nisam jeo tečnih jela; meso ni vino nije ulazilo u moja usta i nisam se mazao uljem dok ne prođoše te tri sedmice.
Manni aduan pa biara. Nam anaa nsa biara anka mʼano, na mamfa sradehuam ansra kosii nnaawɔtwe abiɛsa no awiei.
4 Dvadeset i četvrtoga dana prvog mjeseca bijah na obali velike rijeke Tigrisa;
Ɔsram a edi kan no, da a ɛto so aduonu anan, bere a migyina asubɔnten kɛse Tigris konkɔn so no,
5 podigoh oči da vidim, i gle: Čovjek odjeven u lanene haljine, oko pasa mu pojas od zlata ofirskoga,
memaa mʼani so na mihuu ɔbarima bi a ofura nweratam. Na ɔbɔ sikakɔkɔɔ ankasa abɔso a efi Ufas wɔ nʼasen mu.
6 tijelo mu poput krizolita, lice kao munja, oči kao baklje ognjene, ruke i noge poput mjedi uglađene, zvuk riječi njegovih kao žamor mnoštva.
Ne nipadua no te sɛ aboɔdemmo. Nʼanim te sɛ anyinam, nʼani te sɛ ogyatɛn a ɛredɛw, ne nsa ne nʼanan te sɛ ayowa a wɔabere ho hyerɛnn, na ne nne nso te sɛ nnipakuw nnyigyei.
7 Jedini ja, Daniel, gledah ovo viđenje, ljudi koji bijahu sa mnom ne vidješe ga, ali ih spopade silan strah te pobjegoše da se sakriju.
Me, Daniel nko ara na minyaa saa anisoadehu no; nnipa a na wɔka me ho no anhu hwee. Ehu kɛse bi bɔɔ wɔn ma wuguan kohintawee.
8 Ostadoh sam gledajući to veliko viđenje; onemoćah, lice mi problijedje, iznakazi se, snaga me ostavi.
Enti ɛkaa me nko ara a merehwɛ anisoadehu kɛse yi. Na mʼahoɔden asa, mʼanim hoaee; afei na minni ɔboafo biara.
9 Začuh glas njegovih riječi, i kad razabrah glas, onesvijestih se i padoh licem na zemlju.
Na metee sɛ ɔrekasa; na meretie no no, mefaa mu daa nnahɔɔ a mʼanim butuw fam.
10 I gle: ruka me dotače i pomože mi da se uprem na koljena i na dlanove.
Nsa bi soo me mu, maa me a me nsa ne me kotodwe rewosow biribiribiri no so.
11 On mi reče: “Daniele, miljeniče, pripazi na riječi koje ću ti kazati! Ustani, jer ja sam evo k tebi poslan.” To reče, a ja ustadoh dršćući.
Ɔkae se, “Daniel, wo a wobu wo yiye, dwene nsɛm a merebɛka akyerɛ wo yi ho. Gyina pintinn, na wɔasoma me wɔ wo nkyɛn.” Ɔkaa saa asɛm yi kyerɛɛ me no, mede ahopopo sɔree.
12 I kaza mi: “Ne boj se, Daniele, jer od prvoga dana kad si odlučio da se poniziš pred svojim Bogom da bi razumio, tvoje su riječi uslišane i ja sam došao zbog tvojih riječi.
Afei ɔkɔɔ so kae se, “Nsuro, Daniel. Efi da a edi kan a wopɛɛ sɛ wote anisoadehu no ase na wobrɛɛ wo ho ase wɔ wo Nyankopɔn anim no, na ɔtee wo nsɛm, na ɛno nti na maba yi.
13 Knez kraljevstva perzijskoga protivio mi se dvadeset i jedan dan, ali Mihael, jedan od prvih Knezova, dođe mi u pomoć. Ostavih ga nasuprot Knezu perzijskome,
Nanso ɔhene babarima a ofi Persia ahenni mu siw me kwan nnafua aduonu baako. Afei, Mikael a ɔyɛ ahenemma atitiriw no mu baako bɛboaa me, efisɛ na wɔde me asie wɔ Persia hene nkyɛn.
14 a ja dođoh da ti kažem što će zadesiti tvoj narod na svršetku dana. Jer još će jedno viđenje biti za one dane.”
Mprempren, maba sɛ merebɛkyerɛkyerɛ wo nea ɛbɛba wo nkurɔfo so daakye, efisɛ saa anisoadehu yi fa bere bi a ɛrebɛba ho.”
15 Pošto mi to reče, ja oborih pogled na zemlju, bez riječi.
Bere a ɔreka eyi akyerɛ me no, mebɔɔ me mu ase, na metɔɔ mum.
16 I gle: onaj, sličan sinu čovječjem dotače se mojih usana. Otvorih usta da govorim te rekoh onome koji stajaše preda mnom: “Gospodaru moj, zbog ovog viđenja obuzeše me tjeskobe i onemoćah.
Afei obi a ɔte sɛ onipa de ne saa kaa mʼano, na mibuee mʼano, fii ase kasae. Meka kyerɛɛ nea ogyina mʼanim no se, “Anisoadehu no ama me ho adwiriw me, me wura, na minni ɔboafo biara.
17 I kako će sluga Gospodina svoga govoriti s Gospodinom kad posve onemoćah i dah me ostavi?”
Ɛbɛyɛ dɛn na wʼakoa betumi ne wo akasa, me wura? Mʼahoɔden asa, na mintumi nhome.”
18 Tada me se opet dotače onaj što bijaše kao čovjek te me okrijepi.
Nea ɔte sɛ onipa no de ne nsa kaa me bio, na ɔmaa me ahoɔden.
19 On reče: “Ne boj se, miljeniče! Mir tebi! Budi jak! Ohrabri se!” I dok mi to govoraše, ja se ohrabrih pa rekoh: “Govori, Gospodine, jer si me ohrabrio!”
Ɔka kyerɛɛ me se, “Nsuro, wo a wobu wo bebree. Asomdwoe nka wo. Hyɛ wo ho den. Yɛ den.” Ɔkasa kyerɛɛ me no, minyaa ahoɔden na mekae se, “Sɛ woama me ahoɔden yi, kasa, me wura.”
20 Tada će on: “Znaš li zašto sam došao k tebi? Sad ću se vratiti da se borim protiv Kneza Perzije; a čim svršim, doći će Knez Grčke.
Enti obisae se, “Wunim nea enti a maba wo nkyɛn? Ɛrenkyɛ, mɛsan akɔ na me ne Persia ɔhenebabarima akɔko, na sɛ mekɔ a, Hela ɔhenebabarima bɛba;
21 Ali ću ti prije otkriti što je zapisano u Knjizi istine. Nema nikoga tko bi se sa mnom protiv njih borio, osim Mihaela, Kneza vašega,
nanso, medi kan aka nea wɔakyerɛw wɔ Nokware Nhoma no mu no akyerɛ wo. (Obiara nni mʼafa a ɔko tia wɔn, gye sɛ Mikael a ɔyɛ wo hene babarima no.