< Amos 9 >

1 Vidjeh Gospoda gdje stoji kraj žrtvenika i govori: “Udari u glavice stupova, neka se pragovi zatresu! Svima ću satrti glave, što ostane, pod mač ću udariti. Nijedan neće uteći, nitko se neće spasiti.
Mihuu Awurade sɛ ogyina afɔremuka no ho, na ɔkae se, “Bɔ Asɔredan no afadum no atifi na mma ne fapem no nwosow. Munnwiriw ngu nnipa no nyinaa so; wɔn a aka no mede afoa bekunkum wɔn. Ɔbaako mpo rentumi nguan, obiara rennya ne ho sɔnn.
2 Zariju li se i u Podzemlje, iščupat će ih ruka moja. Popnu li se i na nebo, odande ću ih skinuti. (Sheol h7585)
Mpo sɛ wotu fam kɔ ɔda mu a, hɔ na me nsa bɛtwe wɔn afi aba. Mpo sɛ wɔforo kɔ ɔsoro a, hɔ na meyi wɔn afi aba fam. (Sheol h7585)
3 Ako se sakriju i navrh Karmela, naći ću ih i pohvatati. Ako se od mog pogleda na dno morsko skriju, zapovjedit ću Zmaju da ih proždre.
Mpo sɛ wɔkɔtetɛw bepɔw Karmel atifi a, hɔ na metiw wɔn akɔkyere wɔn aba. Mpo sɛ wɔde wɔn ho sie me wɔ po ase a, hɔ na mɛhyɛ ɔwɔ no ama wakɔkeka wɔn.
4 Ako i u izgnanstvo odu pred neprijateljem, naredit ću maču da ih sasiječe; upravit ću oči na njih, ali na nesreću, ne na dobro.”
Mpo sɛ wɔn atamfo de wɔn kɔ nnommum mu a, hɔ na mɛhyɛ afoa akunkum wɔn. “Megyen mʼani ahwɛ wɔn. Mede ɔsɛe bɛba wɔn so na meremmoa wɔn.”
5 Jahve, Gospod nad Vojskama... on dodirne zemlju i ona se potrese, svi joj stanovnici protuže; diže se sva poput Nila i spušta k'o Rijeka egipatska.
Awurade, Asafo Awurade, Ɔno na ɔde ne nsa ka asase ma ɛnan, ma wɔn a wɔte so nyinaa twa adwo. Asase no nyinaa ma ne ho so te sɛ Nil na ɛtwe te sɛ Misraim asubɔnten.
6 On sazda sebi prijesto na nebesima, i svod svoj na zemlji osnova; on poziva morske vode i lijeva ih zemlji preko lica - Jahve mu je ime.
Ɔno na osi nʼahemfi a ɛkorɔn wɔ ɔsoro na ɔto ne fapem wɔ asase so. Ɔno na ɔboaboa po mu nsu ano na ohwie gu asase so. Awurade ne ne din!
7 “Sinovi Izraelovi, niste li za me kao i Kušani” - riječ je Jahvina. “Ne izvedoh li ja Izraela iz zemlje egipatske, kao Filistejce iz Kaftora i Aramejce iz Kira?”
“Mo Israelfo, mo ho hia me sen Etiopiafo?” Sɛnea Awurade se ni. Manyi Israelfo amfi Misraim, ne Filistifo amfi Kaftor, ne Aramfo nso amfi Kir ana?
8 Gle, oči Jahve Gospoda uprte su na grešno kraljevstvo, izbrisat će ga s lica zemlje. “Ipak neću sasvim zatrti dom Jakovljev” - riječ je Jahvina.
“Ampa ara Otumfo Awurade ani wɔ nnebɔne ahenni no so. Mɛpepa no afi asase ani, nanso merensɛe Yakobfi korakora,” sɛnea Awurade se ni.
9 “Jer, gle, zapovijed ću dati i rastresti dom Izraelov među sve narode, k'o što se trese žito u rešetu, da ni zrnce na zemlju ne padne.
“Na mɛhyɛ, na mɛwosow Israelfi, wɔ amanaman nyinaa mu, sɛnea wohuhuw atoko so wɔ huhuamoa mu na aba fua mpo ntɔ fam no.
10 Svi grešnici naroda moga od mača će pasti, svi koji kažu: 'Nije blizu i neće nas stići nesreća.'”
Nnebɔneyɛfo a wɔwɔ me nkurɔfo mu nyinaa bɛtotɔ wɔ afoa ano, wɔn a wɔka se, ‘Amanehunu rento yɛn anaa ɛremma yɛn so da no.’
11 “U dan ću onaj podići raspalu kolibu Davidovu, zatvorit' joj pukotine, popraviti mjesta ruševna, opet je sazidati k'o u stara vremena,
“Saa da no, mɛsan aba abesi “Dawid fi a abubu no bio. Mesiesie ne mmeae a asɛesɛe no, na masi no sɛnea na ɛte no,
12 da osvoje ostatak Edoma i svih naroda nad kojima je zazvano ime moje” - riječ je Jahve Gospoda, tvorca svega toga.
na wɔafa Edom nkae no ne amanaman a me din da wɔn so.” Awurade a waka no, ɔno na ɔbɛyɛ eyinom nyinaa.
13 “Evo dolaze dani - riječ je Jahvina - kada će orač stizat' žeteoca, mastilac grožđa sijača, kad će planine procuriti mladim vinom i svi se bregovi prelijevati njime.
“Nna no reba,” sɛnea Awurade se ni, “A nnɔbae no bɛba ntɛm ama otwafo no, na bobe no abu so ama nea otiatia nsakyiamoa no so no. Nsa foforo bɛsosɔ afi mmepɔw no so na ateɛ afi nkoko no nyinaa so.
14 Okrenut ću sudbinu naroda moga Izraela: obnovit će gradove srušene i živjeti u njima, saditi vinograde i vino im piti, zasaditi vrtove i jesti njihov rod.
Mede me nkurɔfo Israel nnommum bɛsan aba. “Wɔbɛsan asiesie nkuropɔn a asɛe no na wɔatena mu. Wɔbɛyɛ bobe nturo na wɔanom mu nsa; wɔbɛyɛ mfikyifuw na wɔadi so nnuaba.
15 Posadit ću ih u zemlju njihovu i nikad se više neće iščupati iz zemlje koju im dadoh” - veli Jahve, Bog tvoj.
Mede Israelfo bedua wɔn ankasa asase so a wɔrentu bio da mfi asase a mede ama wɔn no so,” sɛnea Awurade, mo Nyankopɔn se ni.

< Amos 9 >