< Amos 2 >

1 Ovako govori Jahve: “Za tri zločina Moaba, za četiri zločina, odluka je neopoziva: jer kosti edomskoga kralja spališe u vapno,
Nea Awurade se ni: “Moab ayɛ bɔne bebree ama no atra so, ɛno nti, merennan mʼabufuw. Ɔhyew Edomhene nnompe, maa ɛdan nsõ.
2 pustit ću oganj na Moab da dvorce kerijotske sažeže, a Moab će umrijet u metežu, s bojnom grajom i sa zvukom trube;
Mede ogya bɛto Moab mu, na ahyew Keriot aban. Moab bɛhwe ase wɔ huuyɛ, ɔko nteɛteɛmu ne torobɛnto nnyigyei mu.
3 oborit ću suca u njemu i poklati sve knezove s njime,” veli Jahve Gospod.
Mɛsɛe ne hene na makunkum ne mmapɔmma aka ne ho,” sɛnea Awurade se ni.
4 Ovako govori Jahve: “Za tri zločina Judina, za četiri zločina, odluka je neopoziva: jer odbaciše Zakon Jahvin i njegovih se odredaba ne držahu; zavedoše ih lažni bozi za kojima iđahu očevi njihovi,
Nea Awurade se ni: “Yuda ayɛ bɔne bebree ama no atra so, ɛno nti, merennan mʼabufuw. Wɔapo Awurade mmara no na wɔanni nʼahyɛde so efisɛ atoro anyame no ama wɔafom ɔkwan no, anyame a wɔn nenanom dii akyi no.
5 pustit ću oganj na Judu, da sažeže dvorce jeruzalemske.”
Mede ogya bɛto Yuda mu na ahyew Yerusalem aban.”
6 Ovako govori Jahve: “Za tri zločina Izraela, za četiri zločina, odluka je neopoziva: jer prodavahu pravednika za srebro i nevoljnika za sandale;
Nea Awurade se ni: “Israel ayɛ bɔne bebree ama no atra so, ɛno nti, merennan mʼabufuw. Wɔtɔn atreneefo de gye dwetɛ, ne ahiafo de gye mpaboa.
7 jer gaze po glavi siromahu i sirotinju na zlo vode; sin i otac k istoj djevojci idu da oskvrnu moje sveto ime;
Wotiatia ahiafo so te sɛnea wɔyɛ fam mfutuma na wɔma atɛntrenee bɔ mmɔborɔfo. Agya ne ne ba ne ɔbea baako da de gu me din kronkron no ho fi.
8 i na haljinama u zalog uzetima leže kraj svakoga žrtvenika; i piju vino oglobljenih u Domu Boga svojega.
Wɔdeda afɔremuka biara ho wɔ wɔn awowa ntama so. Wɔn anyame fi mu no, wɔnom nsa a wɔagye sɛ mmaratode.
9 Ja pred njima istrijebih Amorejce visoke k'o cedar, jake poput hrašća, ja uništih i plod na njima i korijen pod njima.
“Mesɛee Amorifo no wɔ wɔn anim, ɛwɔ mu sɛ wɔwoware te sɛ sida. Wɔn ho nso yɛ den sɛ odum. Nanso mesɛee nʼaba wɔ ne soro, ne ne ntin wɔ nʼase.
10 Ja vas izvedoh iz zemlje egipatske i četrdeset vas godina vodih po pustinji da zaposjednete zemlju amorejsku.
Miyii mo fii Misraim, na midii mo anim mfirihyia aduanan wɔ sare so sɛnea mede Amorifo asase bɛma mo.
11 Ja podigoh proroke izmeđ' vaših sinova i nazirejce među vašim mladićima. Nije li tako, sinovi Izraelovi? - riječ je Jahvina.
Miyiyii mo mmabarima no bi yɛɛ wɔn adiyifo, ne mo mmerante ebinom sɛ Naserefo. Na ɛnte saa ana, Israelfo?” Nea Awurade bisa ni.
12 Al' vi nagnaste nazirejce da vino piju, a prorocima zapovjediste: 'Ne prorokujte!'
“Nanso momaa Naserefo no nom nsa na mohyɛɛ adiyifo no sɛ wɔnnhyɛ nkɔm.
13 Gle, ja vas prignječujem o tlo pod vama, k'o što vršalice gnječe klasje;
“Na afei, mɛdwerɛw mo sɛnea teaseɛnam a aduan ayɛ no ma mia asase no.
14 neće biti bijega brzu, jaka neće učvrstiti snaga, junak se neće spasiti,
Ahoɔharefo rentumi nguan. Ahoɔdenfo rennya ahoɔden, na ɔkofo rennya ne ti nnidi mu.
15 strijelac se neće održati, hitri trkač pobjeć' neće, nit' će jahač umaći,
Agyantowfo rentumi nnyina nea ogyina. Asraafo ahoɔharefo rentumi nguan, na ɔpɔnkɔsotefo rentumi mpere ne nkwa.
16 najsrčaniji će ratnici bježat' nagi onog dana” - riječ je Jahvina.
Mpo akofo akokodurufo de adagyaw beguan wɔ saa da no,” sɛnea Awurade se ni.

< Amos 2 >