< 2 Timoteju 4 >
1 Zaklinjem te pred Bogom i Kristom Isusom, koji će suditi žive i mrtve, zaklinjem te pojavkom njegovim i kraljevstvom njegovim:
Megyina Onyankopɔn ne Kristo Yesu a ɔbɛbu ateasefoɔ ne awufoɔ atɛn, ne ba a ɔbɛba ne nʼahennie no so hyɛ wo sɛ,
2 propovijedaj Riječ, uporan budi - bilo to zgodno ili nezgodno - uvjeravaj, prijeti, zapovijedaj sa svom strpljivošću i poukom.
ka asɛm no, na ɛberɛ biara gyina ne ka mu denden yi atɛn. Ka anim, tu fo na kyerɛkyerɛ boasetɔ mu.
3 Jer doći će vrijeme kad ljudi neće podnositi zdrava nauka nego će sebi po vlastitim požudama nagomilavati učitelje kako im godi ušima;
Ɛberɛ bi bɛba a nnipa rentie nkyerɛkyerɛ pa no, na mmom, wɔbɛdi wɔn ara wɔn asɛdeɛ akyi na wɔaboaboa akyerɛkyerɛfoɔ a wɔbɛka nsɛm a wɔrepɛ atie no ano, na wɔaka akyerɛ wɔn.
4 od istine će uho odvraćati, a bajkama se priklanjati.
Wɔbɛpo nokorɛ no tie, na wɔatie anansesɛm.
5 Ti, naprotiv, budi trijezan u svemu, zlopati se, djelo izvrši blagovjesničko, služenje svoje posve ispuni!
Nanso mmerɛ nyinaa mu no, ɛsɛ sɛ wohwɛ wo ho so yie. Mia wʼani wɔ amanehunu mu. Yɛ ɔsɛmpakafoɔ adwuma na di wo dwuma nyinaa sɛ Onyankopɔn ɔsomfoɔ.
6 Jer ja se već prinosim za žrtvu ljevanicu, prispjelo je vrijeme moga odlaska.
Me deɛ, ɛberɛ aduru sɛ wɔde me bɔ afɔdeɛ. Ɛberɛ aso sɛ megya asetena yi. Me nkwa ayɛ sɛ hwiesa afɔrebɔ wɔ afɔrebukyia so.
7 Dobar sam boj bio, trku završio, vjeru sačuvao.
Ɔko pa no, mako, mmirika no, mawie tu; gyidie no makora.
8 Stoga, pripravljen mi je vijenac pravednosti kojim će mi u onaj Dan uzvratiti Gospodin, pravedan sudac; ne samo meni, nego i svima koji s ljubavlju čekaju njegov pojavak.
Adeɛ a ɛretwɛn me seesei ne nkonim akyɛdeɛ, tenenee abotire a Awurade a ɔyɛ tenenee ɔtemmufoɔ no de bɛma me da no. Ɛnyɛ me nko, na mmom, wɔn a wɔtena ase ɔdɔ mu twɛn no no nyinaa.
9 Nastoj što prije doći k meni!
Bɔ mmɔden bra me nkyɛn ntɛm.
10 Jer Dema me, zaljubljen u sadašnji svijet, napustio i otišao u Solun; Krescencije u Galaciju, Tit u Dalmaciju. (aiōn )
Dema dɔɔ ɛnnɛ ewiase yi maa ɔyɛɛ saa dwane gyaa me hɔ kɔɔ Tesalonika. Kreske kɔɔ Galatia, Tito nso kɔɔ Dalmatia. (aiōn )
11 Luka je jedini sa mnom. Marka uzmi i dovedi sa sobom jer mi je koristan za služenje.
Luka nko ara na ɔne me wɔ ha. Fa Marko ka wo ho na wo ne no mmra, ɛfiri sɛ, ɔbɛtumi aboa me adwuma no yɛ.
12 Tihika sam poslao u Efez.
Mesomaa Tihiko kɔɔ Efeso.
13 Kabanicu koju ostavih u Troadi kod Karpa, kada dođeš, donesi. I knjige, osobito pergamene.
Sɛ woreba a, fa mʼatadeɛ a megyaa wɔ Karpo nkyɛn wɔ Troa no brɛ me. Ɛyɛ a fa me nwoma no nso ka ho, ne titire no, deɛ wɔde aboa nwoma yɛeɛ no.
14 Aleksandar kovač nanio mi je mnogo zla. Uzvratio mu Gospodin po njegovim djelima!
Aleksandro, kɔbere dwumfoɔ no, haa me papaapa; deɛ ɔyɛeɛ no, Awurade bɛtua ne so ka.
15 Njega se i ti čuvaj jer se veoma usprotivio našim riječima.
Ɛyɛ a hwɛ wo ho yie wɔ ne ho, ɛfiri sɛ, na ɔsɔre tia nsɛm a yɛka no mu dendeenden.
16 Za prve moje obrane nitko ne bijaše uza me, svi me napustiše. Ne uračunalo im se!
Ɛberɛ a mereyi me ho ano no, obiara ammoa me. Wɔn nyinaa dwane gyaa me. Onyankopɔn mmfa nntia wɔn.
17 Ali Gospodin je stajao uza me, on me krijepio da se po meni potpuno razglasi Poruka te je čuju svi narodi; i izbavljen sam iz usta lavljih.
Nanso, Awurade ne me tenaeɛ maa me ahoɔden maa metumi kaa asɛm no kyerɛɛ amanamanmufoɔ maa wɔtieeɛ. Ɔgyee me firii gyata anom.
18 Izbavit će me Gospodin od svakoga zla djela i spasiti za svoje nebesko kraljevstvo. Njemu slava u vijeke vjekova! Amen! (aiōn )
Na Awurade bɛgye me afiri bɔne nyinaa mu na ɔde me akɔ ɔsoro Ahennie no mu asomdwoeɛ mu. Ɔno na animuonyam nka no daadaa. Amen. (aiōn )
19 Pozdravi Prisku i Akvilu i Oneziforov dom!
Kyea Priska ne Akwila ne Onesiforo fiefoɔ nyinaa ma me.
20 Erast osta u Korintu, a Trofima ostavih u Miletu bolesna.
Erasto kaa Korinto ɛnna megyaa Trofimo wɔ Mileto, ɛfiri sɛ, na ɔyare.
21 Nastoj doći prije zime. Pozdravlja te Eubul, Pudencije, Lino, Klaudija i sva braća.
Bɔ mmɔden bra ansa na awɔberɛ aduru. Eubulo ne Pude ne Lino ne Klaudia ne anuanom no nyinaa kyeakyea wo.
22 Gospodin s duhom tvojim. Milost s vama!
Awurade ne wo honhom ntena. Adom nka mo nyinaa.