< 2 Solunjanima 3 >
1 Uostalom, molite, braćo, za nas da riječ Gospodnja trči i proslavlja se kao i u vas
Anuanom, asɛm a ɛtwa toɔ ne sɛ, mommɔ mpaeɛ mma yɛn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Awurade asɛm bɛkɔ so atrɛ ntɛm sɛdeɛ ɛyɛɛ wɔ mo mu no.
2 i da se oslobodimo nezgodnih i opakih ljudi. Jer nemaju svi vjere!
Afei, mommɔ mpaeɛ mma yɛn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Onyankopɔn bɛyi yɛn afiri abɔnefoɔ ne nsɛmmɔnedifoɔ nsam. Ɛfiri sɛ, ɛnyɛ nnipa nyinaa na wɔgye asɛm no di.
3 Ali, vjeran je Gospodin koji će nas učvrstiti i sačuvati od Zloga.
Nanso, Awurade yɛ ɔnokwafoɔ. Ɔbɛhyɛ mo den na wagye mo afiri ɔbɔnefoɔ no nsam.
4 A uzdamo se, u Gospodinu, u vas: da vršite i da ćete vršiti ono što vam zapovijedamo.
Awurade ama yɛn mo mu anidasoɔ. Yɛwɔ anidasoɔ sɛ moreyɛ na mobɛkɔ so ayɛ biribiara a yɛbɛkyerɛ mo sɛ monyɛ no.
5 A Gospodin neka upravi srca vaša k ljubavi Božjoj i postojanosti Kristovoj.
Awurade nka mo ho na monnya ɔdɔ akoma sɛ Onyankopɔn ne abodwokyɛreɛ sɛ Kristo.
6 Zapovijedamo vam, braćo, u ime Gospodina Isusa Krista da se klonite svakoga brata što živi neuredno i ne po predaji koju primiste od nas.
Anuanom, yɛhyɛ mo wɔ Awurade Yesu Kristo din mu sɛ, montwe mo ho mfiri anuanom a wɔdi aniha na wɔnni mmara a yɛahyɛ ama wɔn no so no ho.
7 Ta sami znate kako nas treba nasljedovati. Jer dok bijasmo među vama, nismo živjeli neuredno:
Mo ankasa monim pefee sɛ ɛsɛ sɛ moyɛ deɛ yɛyɛeɛ no bi pɛpɛɛpɛ. Ɛberɛ a na yɛwɔ mo nkyɛn no, yɛanyɛ aniha.
8 ničiji kruh nismo badava jeli, nego smo u trudu i naporu noću i danju radili da ne bismo opteretili koga od vas.
Obi ammoa yɛn a yɛantua onii no ka. Yɛyɛɛ adwuma dendeenden. Awia ne anadwo nyinaa yɛyɛɛ adwuma sɛdeɛ yɛremfa sikasɛm biara nha mo adwene.
9 Ne što ne bismo imali prava, nego da vam sebe damo za uzor koji ćete nasljedovati.
Yei nkyerɛ sɛ na yɛnni ho ɛkwan sɛ yɛbisa mo biribi de boa yɛn asetena. Yɛyɛɛ saa de yɛɛ nhwɛsoɔ maa mo.
10 Doista, dok bijasmo u vas, ovo vam zapovijedasmo: Tko neće da radi, neka i ne jede!
Yɛwɔ mo nkyɛn no, yɛka kyerɛɛ mo sɛ, “Obiara a ɔmpɛ sɛ ɔyɛ adwuma no, ɛnsɛ sɛ wɔma ɔdidi.”
11 A čujemo da neki od vas žive neuredno: ništa ne rade, nego dangube.
Yɛka saa asɛm yi, ɛfiri sɛ, yɛte sɛ mo mu bi yɛ anihafoɔ a wɔnyɛ hwee sɛ wɔnenam nkurɔfoɔ nnwuma ase.
12 Takvima zapovijedamo i zaklinjemo ih u Gospodinu Isusu Kristu: neka s mirom rade i svoj kruh jedu.
Yɛde Awurade Yesu Kristo din hyɛ wɔn, bɔ wɔn kɔkɔ sɛ, wɔmmɔ bra pa na wɔnyɛ adwuma mfa mmɔ wɔn ho akɔnhoma.
13 Vama pak, braćo, neka ne dodija činiti dobro.
Anuanom monnnyae papayɛ da.
14 Ako li se tko ne pokorava našoj riječi u ovoj poslanici, zabilježite ga, ne drugujte s njime, da se postidi,
Obi wɔ hɔ a ɔrentie nwoma a matwerɛ abrɛ mo yi mu nsɛm. Sɛ mohunu obi saa a, monhwɛ no yie na montwe mo ho mfiri ne ho na nʼanim ngu ase.
15 ali ga ne smatrajte neprijateljem, nego ga urazumljujte kao brata.
Nanso, mommfa saa onipa no sɛ ɔyɛ ɔtamfoɔ na mmom, mommɔ no kɔkɔ sɛ mo nua.
16 A sam Gospodin mira dao vam mir zauvijek i na svaki način! Gospodin sa svima vama!
Na ɔno asomdwoeɛ Awurade no ara mma mo asomdwoeɛ daa adeɛ nyinaa mu. Awurade ne mo nyinaa ntena.
17 Pozdrav mojom rukom, Pavlovom. Ovo je znak u svakoj poslanici: ovako pišem.
Me ara me Paulo, me nsa ano atwerɛ a menam so rekyea mo ni. Saa ɛkwan yi ara so na mefa twerɛ nwoma.
18 Milost Gospodina našega Isusa Krista sa svima vama!
Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo nyinaa.