< 2 Petrova 1 >

1 Šimun Petar, sluga i apostol Isusa Krista, onima koje pravednošću Boga našega i Spasitelja Isusa Krista zapade ista dragocjena vjera kao i nas.
Krataa yi firi Simon Petro a meyɛ Yesu Kristo ɔsomfoɔ ne ne ɔsomafoɔ nkyɛn, Mede kɔma wɔn a ɛsiane yɛn Onyankopɔn ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo tenenee enti, wɔama wɔn gyidie a ɛsom bo te sɛ yɛn deɛ no ara pɛ no:
2 Punina vam milosti i mira po spoznaji Boga i Isusa, Gospodina našega!
Adom ne asomdwoeɛ a ɛdɔɔso a ɛfiri Onyankopɔn ne Yesu a ɔyɛ yɛn Awurade no mmra mo so.
3 Doista, po spoznaji njega, koji nas pozva slavom svojom i krepošću, božanska nas je snaga njegova obdarila svime za život i pobožnost.
Onyankopɔn nam ne tumi so ama mo biribiara a ɛho hia ma asetena pa ne nyamesu. Nimdeɛ a yɛwɔ wɔ deɛ ɔfiri nʼanimuonyam ne nnepa mu frɛɛ yɛn no na ama yɛn saa tumi yi.
4 Time smo obdareni dragocjenim, najvećim obećanjima da po njima postanete zajedničari božanske naravi umakavši pokvarenosti koja je u svijetu zbog požude.
Ɔnam nʼanimuonyam ne ne nnepa so ahyɛ yɛn bɔ a ɛsom bo yie. Ɛno enti, wama yɛn ne su kronkron no bi, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛfiri ewiase yi porɔeɛ a akɔnnɔ bɔne de ba no mu.
5 Zbog toga svim marom prionite: vjerom osigurajte krepost, krepošću spoznaje,
Esiane saa enti, mommɔ mmɔden mfa nneyɛeɛ a ɛho teɛ nka mo gyidie ho; na momfa nimdeɛ nka nneyɛeɛ a ɛho teɛ ho;
6 spoznanjem uzdržljivost, uzdržljivošću postojanost, postojanošću pobožnost,
na momfa ahohyɛsoɔ nka mo nimdeɛ ho; na momfa boasetɔ nka mo ahohyɛsoɔ ho; na momfa nyamesom pa nka mo boasetɔ ho;
7 pobožnošću bratoljublje, bratoljubljem ljubav.
na momfa onuadɔ nka nyamesom pa ho, na momfa ɔdɔ amapa nka onuadɔ ho.
8 Jer ako to imate i u tom napredujete, nećete biti besposleni i neplodni za spoznanje Isusa Krista.
Yeinom ne su pa a ɛho hia mo. Na sɛ monya ma ɛdɔɔso a, ɛbɛma mo ayɛ nnam wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo ho nimdeɛ mu.
9 A tko toga nema, slijep je, kratkovidan; zaboravio je da je očišćen od svojih prijašnjih grijeha.
Na obiara a ɔnni bi no yɛ onifirani a ɔntumi nhunu adeɛ. Ne werɛ afiri sɛ wɔahohoro ne bɔne dada.
10 Zato, braćo, to revnije uznastojte učvrstiti svoj poziv i izabranje: to čineći - ne, nećete posrnuti nikada!
Enti, me nuanom adɔfoɔ, monyere mo ho wɔ dwuma no die mu, na ɛnni mo ho adanseɛ ampa ara sɛ Onyankopɔn afrɛ mo, ayi mo atena hɔ afebɔɔ. Sɛ moyɛ saa a, morensunti na morempa aba nso.
11 Tako će vam se bogato osigurati ulazak u vječno kraljevstvo Gospodina našega i Spasitelja Isusa Krista. (aiōnios g166)
Sɛ mofa saa ɛkwan yi so a, wɔbɛma mo akɔ yɛn Awurade ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo Ahennie a ɛtoɔ ntwa da no mu. (aiōnios g166)
12 Zato ću vas uvijek na to podsjećati premda to znate i utvrđeni ste u primljenoj istini.
Ne saa enti, daa mekaakae mo saa asɛm yi a monim na atim nokorɛ a moagye adi no mu no.
13 Pravo je, mislim, da vas dok sam u ovom šatoru, budim opomenom,
Mesusu sɛ, ɛyɛ sɛ mmerɛ dodoɔ a mete ase yi, mɛbɔ mo nkaeɛ wɔ saa asɛm yi ho.
14 svjestan da ću brzo napustiti svoj šator, kako mi i Gospodin naš Isus Krist očitova.
Menim sɛ ɛrenkyɛre biara mɛgya saa ɔhonam yi hɔ sɛdeɛ yɛn Awurade Yesu Kristo daa no adi kyerɛɛ me no.
15 A pobrinut ću se da se i nakon mojeg izlaska uvijek toga sjećate.
Mɛbɔ mmɔden sɛ mɛfa ɛkwan biara so ama mo akae saa nsɛm yi ɛberɛ biara wɔ me wuo akyi.
16 Ta nismo vam navijestili snagu i Dolazak Gospodina našega Isusa Krista slijedeći izmudrene priče, nego kao očevici njegova veličanstva.
Ɛnyɛ anansesɛm na yɛte bɛka kyerɛɛ mo wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo tumi ne ba a ɔrebɛba no ho, na mmom, yɛahunu na yɛdi ne kɛseyɛ no ho adanseɛ.
17 Od Oca je doista primio čast i slavu kad mu ono od uzvišene Slave doprije ovaj glas: Ovo je Sin moj, Ljubljeni moj, u njemu mi sva milina!
Yɛwɔ hɔ bi na Agya Onyankopɔn hyɛɛ no animuonyam ɛberɛ a nne bi firi Animuonyam kɛseɛ mu kaa sɛ, “Yei ne me Dɔba a ɔsɔ mʼani!” no.
18 Taj glas, koji s neba dopiraše, čusmo mi koji bijasmo s njime na Svetoj gori.
Yɛn ankasa tee nne no sɛ ɛfiri ɔsoro reba ɛberɛ a na yɛne no wɔ Bepɔ Kronkron no so no.
19 Tako nam je potvrđena proročka riječ te dobro činite što uza nju prianjate kao uza svjetiljku što svijetli na mrklu mjestu - dok Dan ne osvane i Danica se ne pomoli u srcima vašim.
Ɛno enti, ɛma yɛnya nkɔm a odiyifoɔ no hyɛeɛ no mu gyidie yie. Ɛsɛ sɛ motie no yie ɛfiri sɛ, ɛte sɛ kanea a ɛhyerɛn wɔ sum mu kɔsi da a adeɛ bɛkye ama anɔpa nsoromma ahyerɛn wɔ mo akoma mu no.
20 Ponajprije znajte ovo: nijedno se proroštvo Pisma ne može tumačiti samovoljno
Yeinom nyinaa akyi no, monkae saa asɛm yi: Obiara nni hɔ a ɔnam nʼankasa so bɛtumi akyerɛ Atwerɛsɛm mu nkɔmhyɛ ase.
21 jer nikada proroštvo ne bi ljudskom voljom doneseno, nego su Duhom Svetim poneseni ljudi od Boga govorili.
Na nkɔmhyɛ biara mfiri onipa pɛ mu, na mmom, Honhom Kronkron tumi mu na nnipa ka asɛm a ɛfiri Onyankopɔn.

< 2 Petrova 1 >