< 2 Kraljevima 22 >

1 Jošiji je bilo osam godina kad se zakraljio. Kraljevao je trideset i jednu godinu u Jeruzalemu. Mati mu se zvala Jedida, kći Adajina, i bila je iz Boskata.
Bere a Yosia dii hene wɔ Yuda no, na wadi mfirihyia awotwe, na odii ade wɔ Yerusalem mfe aduasa baako. Na ne na din de Yedida a ɔyɛ Adaia a ofi Boskat no babea.
2 Činio je što je pravo u Jahvinim očima. U svemu je hodio putem svoga oca Davida, ne skrećući ni desno ni lijevo.
Ɔyɛɛ nea ɛsɔ Awurade ani, yɛɛ nea ne tete agya Dawid yɛe no bi. Wamfi adetreneeyɛ ho.
3 Osamnaeste godine svoga kraljevanja Jošija posla svoga tajnika Šafana, sina Asalijahina, sina Mešulamova, u Dom Jahvin i reče mu:
Ɔhene Yosia dii mfirihyia dunwɔtwe wɔ nʼahenni mu no, ɔsomaa Asalia babarima Safan, asennii kyerɛwfo Mesulam nena, kɔɔ Awurade Asɔredan mu. Ɔka kyerɛɛ no se,
4 “Idi velikom svećeniku Hilkiji da ti pripremi novac koji je odnesen u Dom Jahvin i koji su čuvari praga sakupili od naroda.
“Kɔ ɔsɔfopanyin Hilkia nkyɛn, na ma ɔnkan sika a aponanohwɛfo no agyigye afi nnipa no nkyɛn wɔ Awurade Asɔredan mu no.
5 Neka ga uruči poslovođama postavljenim u Domu Jahvinu, a oni neka isplate radnike koji popravljaju Dom Jahvin,
Fa saa sika yi hyɛ nnipa a wɔayi wɔn sɛ wɔnhwɛ asɔredan no ho asiesie no nsa. Na wɔde atua adwumayɛfo a wobesiesie Awurade Asɔredan no ho ka.
6 drvodjelje, graditelje i zidare, i da se kupuje drvo i kamenje klesano što je potrebno za popravak Doma.
Ɛho behia sɛ wɔbɛfa nnua adwumfo, adansifo ne abohyehyɛfo. Afei, ma wɔntɔ nnua ne abo a wɔatwa a wɔde besiesie asɔredan no.
7 Ali neka se ne traži od njih račun za uručeni novac jer oni rade pošteno.”
Nanso ɛho nhia sɛ adansi no sohwɛfo bebu sika a wɔn nsa bɛka no ho akontaa, efisɛ wɔyɛ nokwafo.”
8 Veliki svećenik Hilkija reče tajniku Šafanu: “Našao sam Knjigu Zakona u Domu Jahvinu.” I Hilkija dade knjigu Šafanu, koji ju je pročitao.
Ɔsɔfopanyin Hilkia ka kyerɛɛ asennii kyerɛwfo Safan se, “Mahu Mmara Nhoma no wɔ Awurade Asɔredan mu hɔ.” Na Hilkia de nhoma mmobɔwee no maa Safan, na ɔkenkanee.
9 Tajnik Šafan dođe kralju te ga izvijesti: “Tvoje sluge”, reče on, “pokupile su novac koji se našao u Domu i predale su ga poslovođama postavljenim u Domu Jahvinu.”
Safan san kɔɔ ɔhene no nkyɛn kɔkae se, “Wo mpanyimfo no de sika a wogyigyee wɔ Awurade asɔredan no mu no ahyɛ adwumayɛfo no ne sohwɛfo a wɔwɔ asɔredan no ho no nsa.”
10 Tada tajnik Šafan obavijesti kralja: “Svećenik Hilkija dade mi jednu knjigu.” I Šafan je poče čitati pred kraljem.
Safan san ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Ɔsɔfo Hilkia de nhoma mmobɔwee bi ama me.” Na Safan kenkan kyerɛɛ ɔhene no.
11 Čuvši riječi Knjige Zakona, kralj razdrije haljine svoje.
Bere a ɔhene no tee nsɛm a ɛwɔ Awurade Mmara Nhoma no mu no, ɔde ahometew sunsuan ne ntade mu.
12 I naredi svećeniku Hilkiji, Šafanovu sinu Ahikamu, Mikinu sinu Akboru, tajniku Šafanu i kraljevu sluzi Asaji:
Na ɔhyɛɛ ɔsɔfo Hilkia, Safan babarima Ahikam ne Mikaia babarima Akbor ne asennii kyerɛwfo Safan ne ɔhene fotufo Asaia se,
13 “Idite i upitajte Jahvu o meni, i o narodu, i o svoj Judeji zbog ove knjige što je nađena, jer je velika Jahvina jarost što se izlila na nas zato što naši očevi nisu slušali riječi ove knjige, nisu vršili što nam je u njoj napisano.”
“Monkɔ asɔredan no mu, na monkɔkasa nkyerɛ Awurade mma me, mma nnipa no ne Yuda nyinaa. Mummisa no nsɛm a wɔakyerɛw agu nhoma mmobɔwee no a wahu no ho asɛm. Awurade abufuwhyew aba yɛn so, efisɛ yɛn agyanom anni nhoma yi mu nsɛm so. Ɛnyɛ nea nhoma yi ka sɛ yɛnyɛ no na yɛyɛ.”
14 Svećenik Hilkija, Ahikam, Akbor, Šafan i Asaja odoše proročici Huldi, ženi Šaluma, sina Tikvina, sina Harkasova, čuvara odjeće; ona je živjela u Jeruzalemu, u novom gradu. Kad joj to kazaše,
Enti ɔsɔfo Hilkia, Ahikam, Akbor, Safan ne Asaia kɔɔ Yerusalem Fa Foforo Misne kohuu odiyifo Hulda. Na ɔyɛ Tikwa babarima Salum yere, a na ɔyɛ Harhas a ɔhwɛ ntade adaka a ɛwɔ asɔredan mu so no nso nena.
15 ona im reče: “Ovako veli Jahve, Bog Izraelov: 'Kažite čovjeku koji vas je poslao k meni:
Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Awurade, Israel Nyankopɔn akasa. Monkɔka nkyerɛ onipa a ɔsomaa mo no se,
16 Ovako veli Jahve: Evo, dovest ću nesreću na ovaj grad i na njegove stanovnike, izvršit ću sve što kaže knjiga koju je pročitao judejski kralj.
‘Sɛnea Awurade se ni: Mɛsɛe kuropɔn yi ne mu nnipa, sɛnea makyerɛw wɔ nhoma mmobɔwee a mokenkan no mu no.
17 Jer su me ostavili i prinose žrtve tuđim bogovima da bi me ljutili svim djelima ruku svojih, planut će jarost moja na to mjesto i neće se ugasiti.'
Efisɛ me nkurɔfo agyaw me, na wɔsom anyame huhuw, na biribiara a wɔayɛ no, ahyɛ me abufuw. Mʼabufuwhyew redɛw wɔ ha, na ɛrennum.’
18 A judejskom kralju, koji vas je poslao po Jahvin savjet, recite ovo: 'Ovako veli Jahve, Bog Izraelov: Riječi si čuo.
Na monkɔ Yudahene a ɔsomaa mo sɛ monkɔhwehwɛ Awurade no nkyɛn, na monka nkyerɛ no se, Sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn, ka fa asɛm a motee mprempren no ho.
19 Ali kako ti je omekšalo srce i jer si se ponizio pred Jahvom čuvši što sam objavio tome gradu i njegovim stanovnicima, koje će pogoditi pustošenje i prokletstvo, i jer si razdro haljine svoje i plakao preda mnom, zato sam te uslišio' - riječ je Jahvina.
Wotee asɛm a meka de tiaa kuropɔn no ne emu nnipa no sɛ, wɔbɛdome saa asase yi na ada mpan no, ɛyɛɛ wo yaw, ma wobrɛɛ wo ho ase Awurade anim. Wode ahometew sunsuan wo ntade mu, suu wɔ mʼanim ahonu mu. Enti nokware, Awurade se, ‘mate wo sufrɛ.
20 'Evo, sjedinit ću te s ocima tvojim i s mirom ćeš leći u grob da ne vidiš svojim očima svu nesreću koju ću svaliti na ovo mjesto.'” Oni odnesoše taj odgovor kralju.
Amanehunu a mehyɛɛ ho bɔ de tiaa kuropɔn yi no bɛba wo wu ne wusie akyi. Worenhu amane a mede bɛba kuropɔn yi so no.’” Enti wɔsan de ne nkra no kɔmaa ɔhene no.

< 2 Kraljevima 22 >