< 2 Ljetopisa 30 >
1 Potom Ezekija poruči svim Izraelcima i Judejcima pa napisa i pisma Efrajimovu i Manašeovu plemenu da dođu u Jahvin Dom u Jeruzalem da proslave Pashu Jahvi, Izraelovu Bogu.
Ɔhene Hesekia de nkra kɔɔ Israel ne Yuda nyinaa, na ɔkyerɛw krataa too nsa de frɛɛ Efraim ne Manase. Ɔka kyerɛɛ obiara se ɔmmra Awurade Asɔredan no mu wɔ Yerusalem, na wonni Awurade, Israel Nyankopɔn, Twam Afahyɛ no.
2 Kralj, vijećajući s knezovima i sa svim zborom u Jeruzalemu, odluči da slave Pashu drugoga mjeseca.
Ɔhene no, ne mpanyimfo ne ɔmanfo a wɔwɔ Yerusalem nyinaa yɛɛ adwene sɛ wobedi Twam no ɔsram a ɛto so abien no mu.
3 Toga nisu mogli učiniti u pravo vrijeme jer nije bilo dosta posvećenih svećenika, i narod se ne bijaše skupio u Jeruzalemu.
Na anka wodi Twam no ɔsram ansa na ɔsram a ɛto so abien no afi ase, nanso na asɔfo no bebree ntumi nnwiraa wɔn ho, na ɔmanfo no nso mmoaa wɔn ho ano wɔ Yerusalem ɛ.
4 I to je bilo prÓavo u kraljevim očima i u očima svega zbora,
Adwene a wɔyɛɛ sɛ wobedi Twam no, na eye ma ɔhene no ne ɔmanfo no nyinaa.
5 pa su odredili da se oglasi po svem Izraelu od Beer Šebe pa do Dana da dođu i proslave Pashu Jahvi, Izraelovu Bogu, u Jeruzalemu, jer je premnogi nisu svetkovali kako je propisano.
Enti wɔbɔɔ no dawuru wɔ Israel nyinaa fi Beer-Seba a ɛwɔ anafo fam kosi Dan a ɛwɔ atifi fam sɛ, obiara mmra Yerusalem mmedi Awurade, Israel Nyankopɔn Twam no bi. Na nnipa dodow nni Twam no sɛnea mmara no kyerɛ.
6 Tako su otišli glasnici s pismima od kralja i njegovih knezova po svem Izraelu i Judi te su govorili po kraljevoj zapovijedi: “Izraelovi sinovi, obratite se Jahvi, Abrahamovu, Izakovu i Izraelovu Bogu, pa će se i on obratiti k Ostatku koji vam je ostao od ruku asirskih kraljeva.
Ɔhene no hyɛ ma wɔsomaa abɔfo kɔɔ Israel ne Yuda mmaa nyinaa. Wɔmaa wɔn nkrataa a na emu nsɛm ka se: “Israel manfo, monsan mmra Awurade, Abraham, Isak ne Israel Nyankopɔn nkyɛn, sɛnea ɔbɛsan aba mo, nnipa kakra a moaka, mo a moatumi aguan afi Asiria ahemfo nsam no nkyɛn.
7 I nemojte biti kao vaši očevi i vaša braća, koji su se iznevjerili Jahvi, Bogu svojih otaca, te ih je predao propasti, kako i sami vidite.
Monnyɛ sɛ mo agyanom ne mo abusuafo a wogyaw Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn, a wɔyɛɛ aserewde sɛnea mo ankasa muhu yi.
8 Nemojte, dakle, biti tvrdovrati kao vaši očevi: pružite ruku Jahvi i dođite u njegovu Svetinju koju je posvetio zauvijek i služite Jahvi, svome Bogu, pa će odvratiti od vas svoj žestoki gnjev.
Monnyɛ asoɔden sɛnea na wɔte no, na mmom, mommrɛ mo ho ase mma Awurade. Mommra nʼAsɔredan a wɔayi asi hɔ sɛ ade kronkron no mu daa nyinaa. Monsom Awurade, mo Nyankopɔn, sɛnea nʼabufuwhyew no befi mo so.
9 Ako se obratite Jahvi, vaša će braća i vaši sinovi naći milost u onih koji su ih zarobili pa će se vratiti u ovu zemlju; jer je Jahve, vaš Bog, milostiv i milosrdan i neće odvratiti lica od vas ako se vi obratite njemu.”
Na sɛ mosan ba Awurade nkyɛn a, mo abusuafo ne mo mma benya ahummɔbɔ wɔ wɔn a wɔfaa wɔn nnommum no nsam, na wobetumi asan aba asase yi so. Efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn yɛ ɔdɔ ne ahummɔbɔ. Sɛ mosan ba ne nkyɛn a, ɔrenyi nʼani mfi mo so.”
10 I tako su glasnici krenuli od grada do grada po Efrajimovoj i Manašeovoj zemlji pa do Zebuluna, a ljudi im se podsmijavali i rugali.
Abɔfo no kyinii nkurow a ɛwɔ Efraim ne Manase kosi Sebulon so. Nanso nnipa no mu bebree serew abɔfo no, dii wɔn ho fɛw.
11 Ipak su se neki od Ašerova, od Manašeova i od Zebulunova plemena ponizili i došli u Jeruzalem.
Nanso wɔn a wofi Aser, Manase ne Sebulon mu bi brɛɛ wɔn ho ase, kɔɔ Yerusalem.
12 Na Judejce je pak sišla Božja ruka i prožela ih jednodušnošću da čine što bijaše zapovjedio kralj i knezovi po Jahvinoj riječi.
Saa bere koro no ara mu, na Onyankopɔn nsa wɔ nnipa a wɔwɔ Yuda no so. Na ɛhyɛ wɔn sɛ wɔnyɛ baako, na wɔnyɛ osetie mma Awurade asɛm a efi ɔhene ne ne mpanyimfo no nkyɛn no.
13 Skupilo se u Jeruzalemu mnogo naroda da slave Blagdan beskvasnih kruhova, drugoga mjeseca; zbor je bio vrlo velik.
Enti dɔm kɛse hyiaa wɔ Yerusalem ɔsram a ɛto so abien no mu, sɛ wɔrebedi Twam no ne Apiti Afahyɛ no.
14 Tada su ustali i uklonili žrtvenike što su bili u Jeruzalemu, uklonili sve kadionike i bacili ih u potok Kidron.
Wofii ase bubuu abosonsomfo afɔremuka no nyinaa fii Yerusalem. Woyiyii nnuhuam afɔremuka nyinaa kɔtow guu Kidron bon mu.
15 Onda su stali klati Pashu četrnaestoga dana drugoga mjeseca, a svećenici i leviti postidjeli se i, posvetiv se, počeli unositi paljenice u Jahvin Dom.
Da a wɔahyɛ wɔ ɔsram a ɛto so abien no dui no, ɔmanfo no kunkum wɔn Twam nguantenmma. Na asɔfo no ne Lewifo no ani wui nti, wodwiraa wɔn ho, na wɔde ɔhyew afɔre baa Awurade Asɔredan mu.
16 Stali su na svoje mjesto po pravilu, po Zakonu Mojsija, čovjeka Božjeg; svećenici su škropili krvlju primajući je iz ruku levita.
Obiara kogyinaa nʼafa wɔ Asɔredan no mu, sɛnea Mose a ɔyɛ Onyankopɔn nipa no mmara no kyerɛ no. Lewifo no de mogya afɔrebɔde no brɛɛ asɔfo no, maa wɔn nso pete guu afɔremuka no so.
17 Kako ih bijaše mnogo u zboru koji se nisu posvetili, leviti su klali pashalne jaganjce za sve koji nisu bili čisti, da bi ih posvetili Jahvi.
Esiane sɛ na ɔmanfo no mu bebree nnwiraa wɔn ho nti, Lewifo no na wokunkum wɔn Twam nguantenmma no maa wɔn, nam so tew ho maa Awurade.
18 Najveći se dio naroda, mnogi od Efrajimova i Manašeova, Jisakarova i Zebulunova plemena, nije očistio te je jeo Pashu nepropisno. Ali se za njih pomolio Ezekija govoreći: “Blagi Jahve neka očisti od grijeha svakoga
Na wɔn a wofi Efraim, Manase, Isakar ne Sebulon no mu fa kɛse no ara nnwira wɔn ho de, nanso ɔhene Hesekia bɔɔ mpae maa wɔn, na wɔmaa wɔn kwan ma wodii Twam aduan no bi a na anka etia Onyankopɔn mmara. Hesekia bɔɔ mpae se, “Awurade a ɔyɛ mmɔborɔhunufo no mfa nnipa a
19 tko je upravio srce da traži Boga Jahvu, Boga svojih otaca, ako i nije čist kako dolikuje Svetištu!”
wɔasi wɔn adwene pi sɛ wobedi Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn akyi no bɔne nkyɛ wɔn, mpo, sɛ wonnwiraa wɔn ho yiye mmaa afahyɛ no a.”
20 Jahve je uslišio Ezekiju i oprostio narodu.
Na Awurade tiee Hesekia na ɔsaa ɔmanfo no yare.
21 Tako su Izraelovi sinovi koji su se zatekli u Jeruzalemu svetkovali Blagdan beskvasnih kruhova sedam dana s velikim veseljem, a leviti i svećenici hvalili Jahvu iz dana u dan uz glazbala za Jahvinu slavu.
Enti ɔmanfo a wɔwɔ Yerusalem no de nnanson dii Apiti Afahyɛ no anigye so. Da biara, Lewifo ne asɔfo no too nnwom maa Awurade de nnwontode a ano yɛ den memmaa ho.
22 Ezekija je hrabrio levite koji su pokazivali divnu privrženost Jahvi. Jeli su svečanu žrtvu sedam dana, žrtvujući žrtve pričesnice i slaveći Jahvu, Boga svojih otaca.
Hesekia hyɛɛ Lewifo no nkuran wɔ ɔkwan pa a wɔfa so som Awurade no ho. Na afahyɛ no kɔɔ so nnanson. Wɔbɔɔ asomdwoe afɔre, na ɔmanfo kaa wɔn bɔne kyerɛɛ Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn.
23 Potom je sav zbor vijećajući odlučio da svetkuje još sedam dana; svetkovali su još sedam dana s veseljem.
Bagua no nyinaa yɛɛ wɔn adwene sɛ, wɔbɛtoa so adi afahyɛ no nnanson bio enti wɔde anigye toaa so nnaawɔtwe.
24 Judejski kralj Ezekija darovao je zboru tisuću mladih junaca i sedam tisuća grla sitne stoke; a knezovi darivali zboru tisuću mladih junaca i deset tisuća grla sitne stoke; tada se posvetilo mnogo svećenika.
Ɔhene Hesekia maa ɔmanfo no anantwinini apem ne nguan mpem ason sɛ wɔmfa mmɔ afɔre, na mpanyimfo no nso maa anantwinini apem ne nguan mpem du. Bere koro no ara mu, asɔfo no bebree dwiraa wɔn ho.
25 Tako se proveselio sav judejski zbor, i svećenici i leviti, i sav zbor što je bio došao iz Izraela, i došljaci koji bijahu došli iz zemlje izraelske, i stanovnici u Judeji.
Yuda bagua nyinaa a asɔfo, Lewifo ne wɔn a wofi Israel asase so nyinaa, ananafo a wobedii afahyɛ no ne wɔn a na wɔte Yuda nyinaa ani gyei.
26 Bilo je veliko veselje u Jeruzalemu, jer od vremena Davidova sina Salomona, izraelskoga kralja, nije bilo tako u Jeruzalemu.
Anigye kɛse baa kuropɔn no mu, efisɛ na Yerusalem nhuu afahyɛ a ɛte sɛɛ bi da, efi Salomo ɔhene Dawid babarima no bere so.
27 Onda su ustali svećenici i leviti te blagoslovili narod: njihov je glas bio uslišan, a njihova je molitva doprla do Božjega svetog Prebivališta na nebu.
Na asɔfo no ne Lewifo no sɔre hyiraa ɔmanfo no, na Onyankopɔn tiee wɔn, efisɛ wɔn mpaebɔ duu ɔsoro, nʼatenae wɔ kronkronbea hɔ.