< 1 Timoteju 4 >

1 Duh izričito govori da će u posljednja vremena neki otpasti od vjere i prikloniti se prijevarnim duhovima i zloduhovskim naucima.
Honhom no si no pi sɛ, akyire yi, nnipa bi bɛgyae gyidie no mu sɔ. Wɔbɛdi atorɔ ahonhom ne ahonhommɔne nkyerɛkyerɛ akyi.
2 A sve to pod utjecajem himbe lažljivaca otupjele savjesti
Saa nkyerɛkyerɛ yi firi nyaatwomfoɔ nnaadaa a wɔyɛ adwenewuiɛfoɔ sɛ dadeɛ a wɔato wɔ ogya mu no.
3 koji zabranjuju ženiti se i nameću uzdržavati se od jela što ih je Bog stvorio da ih sa zahvalnošću uzimaju oni koji vjeruju i znaju istinu.
Saa nnipa no kyerɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ sɛ obi ware na nnuane bi nso wɔ hɔ a, ɛnyɛ sɛ onipa di. Nanso, Onyankopɔn bɔɔ saa nnuane no sɛ, sɛ agyidifoɔ a wɔahunu nokorɛ no nsa ka na wɔbɔ so mpaeɛ a, wɔtumi di.
4 Doista, svako je Božje stvorenje dobro i ne valja odbaciti ništa što se uzima sa zahvalnošću
Biribiara a Onyankopɔn abɔ no yɛ. Ɛnsɛ sɛ wɔpo biribiara, na mmom, ɛsɛ sɛ wɔbɔ mpaeɛ gu ne nyinaa so.
5 jer se posvećuje riječju Božjom i molitvom.
Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn asɛm no ne mpaeɛbɔ te ho.
6 To izlaži braći i bit ćeš dobar poslužitelj Krista Isusa, hranjen riječima vjere i dobroga nauka za kojim postojano ideš.
Sɛ woma anuanom no saa nkyerɛkyerɛ yi a, na ɛkyerɛ sɛ woyɛ Kristo ɔsomfoɔ pa a wɔnam nokorɛ ne gyidie ne nkyerɛkyerɛ pa so atete wo.
7 Svjetovne pak i bablje priče odbijaj! Vježbaj se u pobožnosti!
Nsɛe wo berɛ wɔ atorɔsɛm ne mmerewa anansesɛm ho. Bɔ onyamesompa ho mmɔden.
8 Uistinu, tjelesno vježbanje malo čemu koristi, a pobožnost je svemu korisna jer joj je obećan život - sadašnji i budući.
Ɛwom sɛ honam mu mmɔdemmɔ ho hia deɛ, nanso honhom mu mmɔdemmɔ ho hia akwan nyinaa mu, ɛfiri sɛ, ɛhyɛ yɛn ɛnnɛ asetena ne daakye asetena ho bɔ.
9 Vjerodostojna je to riječ i vrijedna da se posve prihvati.
Yei yɛ nokwasɛm a ɛsɛ sɛ wɔgye tom na wɔgye di.
10 Ta za to se trudimo i borimo jer se pouzdajemo u Boga živoga koji je Spasitelj svih ljudi, ponajpače vjernika.
Ɛno enti na ɛsɛ sɛ yɛpere na yɛyɛ adwuma denden, ɛfiri sɛ, yɛde yɛn anidasoɔ ahyɛ Onyankopɔn teasefoɔ a ɔyɛ nnipa nyinaa Agyenkwa no mu, ne titire wɔn a wɔgye asɛm no di no.
11 Zapovijedaj to i naučavaj!
Yeinom na ɛsɛ sɛ moka ho asɛm wɔ mo nkyerɛkyerɛ no mu.
12 Nitko neka ne prezire tvoje mladosti, nego budi uzor vjernicima u riječi, u vladanju, u ljubavi, u vjeri, u čistoći.
Mma obiara ho kwan mma ɔmmfa wo sɛ wonnyiniiɛ enti ɔbɛbu wo abomfiaa. Wo kasa mu, wo suban mu, wo dɔ mu, wo gyidie mu ne wo kronnyɛ mu no, ɛsɛ sɛ woyɛ nhwɛso pa.
13 Dok ne dođem, posveti se čitanju, poticanju, poučavanju.
Nya adagyeɛ kenkan Atwerɛsɛm no na ka Asɛmpa no na kyerɛkyerɛ ansa na maba.
14 Ne zanemari milosnog dara koji je u tebi, koji ti je dan po proroštvu zajedno s polaganjem ruku starješinstva.
Honhom mu akyɛdeɛ a mpanimfoɔ nam nkɔmhyɛ so de wɔn nsa guu wo so a wonyaeɛ no, nnyaa mu.
15 Oko toga nastoj, sav u tom budi da tvoj napredak bude svima očit.
Sɔ saa nneɛma no mu yie. Fa wo ho nyinaa ma wɔn sɛdeɛ ɛbɛma obiara ahunu wo nkɔsoɔ.
16 Pripazi na samog sebe i na poučavanje! Ustraj u tome! Jer to vršeći, spasit ćeš i sebe i one koji te slušaju.
Hwɛ wo ho so yie na hwɛ wo nkyerɛkyerɛ nso so. Kɔ so yɛ saa nneɛma yi nyinaa, ɛfiri sɛ, sɛ woyɛ saa a, wobɛgye wo ho ne wɔn a wɔtie wo no nkwa.

< 1 Timoteju 4 >