< 1 Timoteju 3 >
1 Vjerodostojna je riječ: teži li tko za nadgledništvom, časnu službu želi.
Ɛyɛ sɛnnahɔ sɛ, sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ asafopanin a, na wafa adwuma pa.
2 Treba stoga da nadglednik bude besprijekoran, jedne žene muž, trijezan, razuman, sređen, gostoljubiv, sposoban poučavati,
Asafopanin yɛ obi a mfomsoɔ nni ne ho. Ɛsɛ sɛ ne yere yɛ baako. Ɛsɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase na ɔhyɛ ne ho so yɛ ne biribiara pɛpɛɛpɛ. Ɛsɛ sɛ ɔgye ahɔhoɔ wɔ ne fie na ɔkyerɛkyerɛ nso.
3 ne vinu sklon, ne nasilan nego popustljiv, ne ratoboran, ne srebroljubac;
Ɛnsɛ sɛ ɔyɛ ɔsadweam anaa basabasa, na mmom, ɛsɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase na ɔpɛ asomdwoeɛ. Ɛnsɛ sɛ ɔyɛ sikaniberefoɔ.
4 da svojom kućom dobro upravlja i sinove drži u pokornosti sa svom ozbiljnošću -
Ɛsɛ sɛ ɔtumi hwɛ ne fiefoɔ so yie na ɔtumi ma ne mma yɛ ɔsetie de obuo ne anidie ma no.
5 a ne zna li netko svojom kućom upravljati, kako će se brinuti za Crkvu Božju? -
Na sɛ obi nnim sɛdeɛ ɔhwɛ ne fie so yie a, ɛbɛyɛ dɛn na ɔbɛtumi ahwɛ Onyankopɔn asafo so?
6 ne novoobraćenik da se ne bi uzoholio i pao pod osudu đavlovu.
Ɛnsɛ sɛ ɔyɛ obi a afei na wahunu Awurade; sɛ ɛba saa a, ne tirim bɛyɛ no dɛ na wayɛ ahomasoɔ ama wɔabu no atɛn sɛdeɛ wɔbuu ɔbonsam atɛn no.
7 A treba da ima i lijepo svjedočanstvo od onih vani, da ne bi u rug upao i zamku đavlovu.
Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔnnyɛ akyidifoɔ no mpo de anidie ma no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔrengu nʼanim ase na ɔbonsam afidie renyi no.
8 Ðakoni isto tako treba da budu ozbiljni, ne dvolični, ne odani mnogom vinu ni prljavu dobitku -
Ɛsɛ sɛ asafo mu aboafoɔ nso yɛ nnipa a wɔwɔ suban pa na wɔdi nokorɛ. Ɛnsɛ sɛ wɔnom nsã pii anaasɛ wɔyɛ aniberefoɔ.
9 imajući otajstvo vjere u čistoj savjesti.
Ɛsɛ sɛ wɔde adwenem fann gyina pintinn ma nokorɛ no ne gyidie no.
10 I neka se najprije iskušavaju, pa onda, budu li besprigovorni, neka obavljaju službu.
Ɛsɛ sɛ wɔsɔ wɔn hwɛ ansa, na sɛ wɔdi sɔhwɛ no so nkonim a, wɔasom.
11 Žene isto tako neka budu ozbiljne, ne klevetnice nego trijezne, vjerne u svemu.
Ɛsɛ sɛ wɔn yerenom nso wɔ suban pa a wɔnni nsekuro. Biribiara mu ɛsɛ sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase di nokorɛ.
12 đakoni neka budu jedne žene muževi, neka dobro upravljaju djecom i svojim kućama.
Ɛsɛ sɛ asafo no mu ɔboafoɔ no wɔ yere baako na afei ɔtumi hwɛ ne mma ne ne fiefoɔ yie.
13 Jer oni koji dobro obavljaju službu, stječu častan položaj i veliku smjelost u vjeri, vjeri u Isusu Kristu.
Wɔn a wɔsom yie no bɛnya nnyinaso pa, na wɔn gyidie a wɔwɔ wɔ Kristo Yesu mu no nso ayɛ nam.
14 Ovo ti pišem u nadi da ću ubrzo doći k tebi,
Saa nwoma a mede rebrɛ wo yi akyi no, mewɔ anidasoɔ sɛ ɛrenkyɛre biara mɛba wo nkyɛn.
15 a okasnim li, da znaš kako se treba vladati u kući Božjoj, koja je Crkva Boga živoga, stup i uporište istine.
Na sɛ mannuru wo nkyɛn ntɛm a, saa nwoma yi bɛma woahunu sɛdeɛ yɛbɔ yɛn bra wɔ Onyankopɔn fie. Efie a ɛyɛ Onyankopɔn teasefoɔ no asafo a ɛyɛ nokorɛ no nnyinasoɔ.
16 Da, po sveopćem uvjerenju, veliko je Otajstvo pobožnosti: On, očitovan u tijelu, opravdan u Duhu, viđen od anđela, propovijedan među narodima, vjerovan u svijetu, uznesen u slavu.
Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ, ahintasɛm a ɛwɔ nyamesom pa mu no krɔnn: Ɔbaeɛ onipa tebea mu, Honhom no buu no bem, na abɔfoɔ hunuu no, wɔkaa ne ho asɛm amanaman mu, na ewiase gyee no diiɛ, wɔfaa no kɔɔ ɔsoro animuonyam mu.