< ⲚⲒⲔⲞⲢⲒⲚⲐⲒⲞⲤ Ⲃ ̅ 8 >

1 ⲁ̅ ⲧⲛ̅ⲧⲁⲙⲟ ⲇⲉ ⲙ̅ⲙⲱⲧⲛ̅ ⲛⲉⲥⲛⲏⲩ ⲉⲧⲉⲭⲁⲣⲓⲥ ⲙ̅ⲡⲛⲟⲩⲧⲉ ⲧⲁⲓ̈ ⲉⲛⲧⲁⲩⲧⲁⲁⲥ ϩⲛ̅ⲛⲉⲕⲕⲗⲏⲥⲓⲁ ⲛ̅ⲧⲙⲁⲕⲉⲇⲟⲛⲓⲁ.
Anuanom, yɛpɛ sɛ mohunu deɛ Onyankopɔn adom ayɛ wɔ Makedonia asɔre ahodoɔ mu.
2 ⲃ̅ ϫⲉ ϩⲛ̅ⲟⲩⲛⲟϭ ⲛ̅ⲇⲟⲕⲓⲙⲏ ⲛ̅ⲑⲗⲓⲯⲓⲥ ⲁⲡⲉϩⲟⲩⲟ ⲙ̅ⲡⲉⲩⲣⲁϣⲉ ⲙⲛ̅ⲧⲉⲩⲙⲛ̅ⲧϩⲏⲕⲉ ⲉⲧⲛⲁϣⲱⲥ ⲣ̅ϩⲟⲩⲟ ⲉϩⲟⲩⲛ ⲉⲧⲙⲛ̅ⲧⲣⲙ̅ⲙⲁⲟ ⲛ̅ⲧⲉⲩⲙⲛ̅ⲧϩⲁⲡⲗⲟⲩⲥ.
Wɔn ahokyere mu wɔn anigyeɛ boroo so, na wɔn hia mu mpo, woyii ayamyɛ kɛseɛ kyerɛeɛ.
3 ⲅ̅ ϫⲉ ϯⲣ̅ⲙⲛ̅ⲧⲣⲉ ϫⲉ ⲕⲁⲧⲁⲧⲉⲩϭⲟⲙ. ⲁⲩⲱ ⲡⲁⲣⲁⲧⲉⲩϭⲟⲙ ϩⲁⲡⲉⲩϩⲧⲟⲣ ⲟⲩⲁⲁⲧⲟⲩ.
Medi ho adanseɛ sɛ wɔmaa deɛ wɔbɛtumi ma ɛboroo so mpo. Wɔn ara firii wɔn pɛ mu
4 ⲇ̅ ⲉⲩⲥⲟⲡⲥ̅ ⲙ̅ⲙⲟⲛ ϩⲛ̅ⲟⲩⲛⲟϭ ⲛ̅ⲥⲟⲡⲥ̅ ⲉϫⲓ ⲛ̅ⲧⲉⲩⲭⲁⲣⲓⲥ ⲙⲛ̅ⲧⲕⲟⲓⲛⲱⲛⲓⲁ ⲛ̅ⲧⲇⲓⲁⲕⲟⲛⲓⲁ ⲉⲧϫⲓ ⲉϩⲟⲩⲛ ⲉⲛⲉⲧⲟⲩⲁⲁⲃ.
srɛɛ yɛn sɛ yɛmma wɔmfa sika no nkɔma Akristofoɔ a wɔwɔ Yudea no bi.
5 ⲉ̅ ⲉⲛⲕⲁⲧⲁⲑⲉ ⲁⲛ ⲉⲛⲧⲁⲛϩⲉⲗⲡⲓⲍⲉ. ⲁⲗⲗⲁ ⲁⲩⲧⲁⲁⲩ ⲛ̅ϣⲟⲣⲡ̅ ⲙ̅ⲡϫⲟⲉⲓⲥ. ⲁⲩⲱ ⲛⲁⲛ ϩⲓⲧⲙ̅ⲡⲟⲩⲱϣ ⲙ̅ⲡⲛⲟⲩⲧⲉ.
Wɔyɛ maa ɛboroo so. Deɛ ɛdi ɛkan no, wɔde wɔn ho maa Awurade. Afei, wɔfiri Onyankopɔn pɛ mu de wɔn ho maa yɛn nso.
6 ⲋ̅ ⲉⲧⲣⲉⲛⲡⲁⲣⲁⲕⲁⲗⲉⲓ ⲛ̅ⲧⲓⲧⲟⲥ. ϫⲉⲕⲁⲁⲥ ⲕⲁⲧⲁⲑⲉ ⲉⲛⲧⲁϥⲁⲣⲭⲓ ϫⲓⲛⲛ̅ϣⲟⲣⲡ̅ ⲛϥ̅ϫⲱⲕ ⲉⲃⲟⲗ ⲛ̅ⲧⲉⲉⲓϩⲉ ⲉϩⲟⲩⲛ ⲉⲣⲱⲧⲛ̅ ⲛ̅ⲧⲉⲓ̈ⲕⲉⲭⲁⲣⲓⲥ.
Enti, yɛka kyerɛɛ Tito a ɔhyɛɛ adwuma yi ase sɛ, ɔntoa so na ɔmmoa mo na moatumi awie saa ɔdɔ adwuma yi.
7 ⲍ̅ ⲁⲗⲗⲁ ⲛ̅ⲑⲉ ⲉⲧⲉⲧⲛ̅ⲟ ⲛ̅ϩⲟⲩⲟ ϩⲛ̅ϩⲱⲃ ⲛⲓⲙ. ϩⲛ̅ⲧⲡⲓⲥⲧⲓⲥ. ⲙⲛ̅ⲡϣⲁϫⲉ. ⲙⲛ̅ⲡⲥⲟⲟⲩⲛ. ⲙⲛ̅ⲥⲡⲟⲩⲇⲏ ⲛⲓⲙ. ⲁⲩⲱ ⲧⲉⲛⲁⲅⲁⲡⲏ ⲉⲧϣⲟⲟⲡ ⲉϩⲟⲩⲛ ⲉⲣⲱⲧⲛ̅ ϫⲉⲕⲁⲁⲥ ⲉⲧⲉⲧⲛⲉⲣ̅ϩⲟⲩⲟ ϩⲛ̅ⲧⲉⲓ̈ⲕⲉⲭⲁⲣⲓⲥ.
Moyɛ adefoɔ wɔ deɛ mowɔ nyinaa mu: ɔkasa mu ne nimdeɛ mu, mmoa a ɛyɛ mo pɛ sɛ moboa mu, ne ɔdɔ a mode dɔ yɛn mu. Enti, yɛpɛ sɛ mode ahofama som wɔ ɔdɔ mu.
8 ⲏ̅ ⲛⲉⲓ̈ϫⲱ ⲙ̅ⲙⲟⲥ ⲁⲛ ⲕⲁⲧⲁⲟⲩⲉϩⲥⲁϩⲛⲉ. ⲁⲗⲗⲁ ⲉⲃⲟⲗ ϩⲓⲧⲛ̅ⲧⲉⲥⲡⲟⲩⲇⲏ ⲛ̅ϩⲉⲛⲕⲟⲟⲩⲉ ⲉⲓ̈ⲇⲟⲕⲓⲙⲁⲍⲉ ϩⲱⲧⲧⲏⲩⲧⲛ̅ ⲛ̅ⲧⲙⲛ̅ⲧϩⲁⲕ ⲛ̅ⲧⲉⲧⲛ̅ⲁⲅⲁⲡⲏ.
Merenhyehyɛ mmara mma mo. Na mmom, mepɛ sɛ mede mo dɔ a mowɔ no toto afoforɔ deɛ ho hwɛ sɛ mo dɔ no yɛ ɔdɔ pa ara anaa.
9 ⲑ̅ ⲧⲉⲧⲛ̅ⲉⲓⲙⲉ ⲅⲁⲣ ⲉⲧⲭⲁⲣⲓⲥ ⲙ̅ⲡⲉⲛϫⲟⲉⲓⲥ ⲓ̅ⲥ̅ ϫⲉ ⲁϥⲣ̅ϩⲏⲕⲉ ⲉⲧⲃⲉⲧⲏⲩⲧⲛ̅ ⲉⲩⲣⲙ̅ⲙⲁⲟ ⲡⲉ. ϫⲉⲕⲁⲁⲥ ϩⲱⲧⲧⲏⲩⲧⲛ̅ ⲉⲧⲉⲧⲛⲉⲣ̅ⲣⲙ̅ⲙⲁⲟ ϩⲛ̅ⲧⲙⲛ̅ⲧϩⲏⲕⲉ ⲙ̅ⲡⲉⲧⲙ̅ⲙⲁⲩ·
Monim adom a na yɛn Awurade Yesu Kristo wɔ. Ɔdefoɔ a na ɔyɛ no nyinaa akyi, mo enti, ɔyɛɛ ne ho ohiani sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔnam ne hia no so bɛma mo ayɛ adefoɔ.
10 ⲓ̅ ϯϯ ⲇⲉ ⲛ̅ⲟⲩⲅⲛⲱⲙⲏ ⲛⲏⲧⲛ̅ ⲙ̅ⲡⲁⲓ̈ ⲡⲁⲓ̈ ⲅⲁⲣ ⲡⲉⲧⲣ̅ⲛⲟϥⲣⲉ ⲛⲏⲧⲛ̅. ⲛⲁⲓ̈ ⲙ̅ⲡ(ⲉ)ⲓⲣⲉ ⲙ̅ⲙⲁⲧⲉ ⲁⲛ. ⲁⲗⲗⲁ ⲡⲕⲉⲟⲩⲱϣ ⲁⲧⲉⲧⲛ̅ⲁⲣⲭⲓ ⲙ̅ⲙⲟϥ ϫⲓⲛⲥⲛⲟⲩϥ.
Mʼadwene a mewɔ wɔ asɛm no ho nie: Afe ni, mo na modii ɛkan yɛɛ ayɛ na mofiri mo pɛ mu na momaeɛ.
11 ⲓ̅ⲁ̅ ⲧⲉⲛⲟⲩ ⲇⲉ ϫⲉⲕⲡⲕⲉⲉⲓⲣⲉ ⲉⲃⲟⲗ. ϫⲉⲕⲁⲁⲥ ⲕⲁⲧⲁⲑⲉ ⲙ̅ⲡⲟⲩⲣⲟⲧ ⲙ̅ⲡⲟⲩⲱϣ. ⲧⲁⲓ̈ ⲧⲉ ⲑⲉ ⲙ̅ⲡⲕⲉϫⲱⲕ ⲉⲃⲟⲗ ϩⲙ̅ⲡⲉⲧⲉⲟⲩⲛⲧⲏⲧⲛϥ̅.
Monkɔ so na monwie dwuma no di. Momma mo ho mpere mo sɛ mobɛwie sɛdeɛ mosusuiɛ sɛ mobɛyɛ.
12 ⲓ̅ⲃ̅ ⲉϣϫⲉⲡⲟⲩⲣⲟⲧ ⲅⲁⲣ ⲕⲏ ⲉϩⲣⲁⲓ̈ ⲕⲁⲧⲁⲡⲉⲧⲉⲟⲩⲛⲧⲁϥⲥϥ̅. ϥϣⲏⲡ ⲕⲁⲧⲁⲡⲉⲧⲉⲙⲛⲧⲁϥⲥϥ̅ ⲁⲛ.
Sɛ wo ho pere wo sɛ wobɛma a, Onyankopɔn nam deɛ wowɔ so bɛgye, na ɛnyɛ deɛ wonnie so.
13 ⲓ̅ⲅ̅ ϫⲉⲕⲁⲁⲥ ⲅⲁⲣ ⲁⲛ ⲉⲣⲉⲟⲩⲙ̅ⲧⲟⲛ ϣⲱⲡⲉ ⲛ̅ϩⲟⲓ̈ⲛⲉ. ⲛ̅ⲧⲉⲟⲩⲑⲗⲓⲯⲓⲥ ϣⲱⲡⲉ ⲛⲏⲧⲛ̅. ⲁⲗⲗⲁ ϩⲛ̅ⲟⲩϣⲱϣ
Merennye nkurɔfoɔ adesoa mmɛgu mo so na mmom, ɛsiane sɛ mowɔ bebree saa ɛberɛ yi mu no enti, ɛyɛ fɛ sɛ moboa wɔn a wɔnni bi no.
14 ⲓ̅ⲇ̅ ϩⲙ̅ⲡⲉⲉⲓⲟⲩⲟⲉⲓϣ ⲧⲉⲛⲟⲩ ⲛ̅ⲧⲉⲡⲉⲧⲛ̅ϩⲟⲩⲟ ϣⲱⲡⲉ ⲉⲡϣⲱⲱⲧ ⲛ̅ⲛⲏ ϫⲉⲕⲁⲁⲥ ϩⲱⲱϥ ⲉⲣⲉⲡⲉϩⲟⲩⲟ ⲛ̅ⲛⲏ ϣⲱⲡⲉ ⲉⲡⲉⲧⲛ̅ϣⲱⲱⲧ ϫⲉ ⲉⲣⲉⲟⲩϣⲱϣ ϣⲱⲡⲉ.
Na sɛ ɛba sɛ biribi ho hia mo na sɛ wɔwɔ bi a, wɔaboa mo. Yei ma mo nyinaa yɛ pɛ.
15 ⲓ̅ⲉ̅ ⲕⲁⲧⲁⲑⲉ ⲉⲧⲥⲏϩ ϫⲉ ⲡⲁⲡϩⲟⲩⲟ ⲙ̅ⲡϥ̅ⲣ̅ϩⲟⲩⲟ ⲁⲩⲱ ⲡⲁⲡⲕⲟⲩⲓ̈ ⲙ̅ⲡϥ̅ⲥⲃⲟⲕ·
Sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Wɔn a wɔnyaa pii no, ebi anka, ɛnna wɔn a wɔnyaa kakra bi no nso, ɛsoo wɔn.”
16 ⲓ̅ⲋ̅ ⲡⲉϩⲙⲟⲧ ⲇⲉ ⲙ̅ⲡⲛⲟⲩⲧⲉ ϣⲏⲡ ⲡⲁⲓ̈ ⲉⲧϯ ⲛ̅ϯⲥⲡⲟⲩⲇⲏ ⲛ̅ⲟⲩⲱⲧ ϩⲁⲣⲱⲧⲛ̅ ϩⲙ̅ⲡϩⲏⲧ ⲛ̅ⲧⲓⲧⲟⲥ.
Yɛda Onyankopɔn ase sɛ wama Tito mo ho anigyeɛ, sɛdeɛ me nso mʼani gye mo ho no bi.
17 ⲓ̅ⲍ̅ ϫⲉ ⲡⲉⲛⲥⲟⲡⲥ̅ ⲙⲉⲛ ⲁϥϫⲓⲧϥ̅. ⲉϥⲟ ⲇⲉ ⲛ̅ⲥⲡⲟⲩⲇⲁⲓⲟⲥ ⲛ̅ϩⲟⲩⲟ ⲁϥⲉⲓ ⲉⲃⲟⲗ ϣⲁⲣⲱⲧⲛ̅ ⲉϩⲛⲁϥ.
Ɛnyɛ sɛ ɔpenee yɛn abisadeɛ so nko, na mmom, ɔno ankasa firii ne pɛ mu pɛɛ sɛ ɔboa enti na ɔsii nʼadwene pi sɛ ɔbɛba mo nkyɛn no.
18 ⲓ̅ⲏ̅ ⲁⲛⲧⲛ̅ⲛⲟⲟⲩ ⲇⲉ ⲛⲙ̅ⲙⲁϥ ⲙ̅ⲡⲥⲟⲛ ⲡⲁⲓ̈ ⲉⲧⲉⲣⲉⲡⲉϥⲧⲁⲉⲓⲟ ϣⲟⲟⲡ ϩⲙ̅ⲡⲉⲩⲁⲅⲅⲉⲗⲓⲟⲛ ϩⲓⲧⲛ̅ⲛⲉⲕⲕⲗⲏⲥⲓⲁ ⲧⲏⲣⲟⲩ.
Yɛresoma onua bi a wɔbu no wɔ asɔre ahodoɔ no nyinaa mu wɔ asɛnka no ho no aka ne ho.
19 ⲓ̅ⲑ̅ ⲟⲩⲙⲟⲛⲟⲛ ⲇⲉ ⲁⲗⲗⲁ ⲁⲩⲣ̅ⲡⲕⲉⲛⲉϩϥ̅ ⲉⲃⲟⲗ ϩⲓⲧⲛ̅ⲛⲉⲕⲕⲗⲏⲥⲓⲁ ⲉⲧⲣⲉϥⲉⲓ ⲉⲃⲟⲗ ⲛⲙ̅ⲙⲁⲛ ϩⲙ̅ⲡⲉⲓ̈ϩⲙⲟⲧ ⲉⲧⲟⲩⲇⲓⲁⲕⲟⲛⲓ ⲙ̅ⲙⲟϥ ⲉⲃⲟⲗ ϩⲓⲧⲟⲟⲧⲛ̅ ⲛ̅ⲛⲁϩⲣⲙ̅ⲡⲉⲟⲟⲩ ⲙ̅ⲡϫⲟⲉⲓⲥ ⲙⲛ̅ⲡⲉⲛⲟⲩⲣⲟⲧ.
Ɛno akyi, asɔre ahodoɔ no ayi onua yi sɛ ɔne yɛn ntutu akwan wɔ mmerɛ a yɛredi ɔdɔ ho dwuma de ahyɛ Awurade animuonyam yi no, na yɛmfa nkyerɛ nso sɛ yɛpɛ sɛ yɛboa.
20 ⲕ̅ ⲉⲛⲥⲓϩⲉ ⲙ̅ⲙⲟⲛ ⲙ̅ⲡⲁⲓ̈ ⲙⲏⲡⲱⲥ ⲛ̅ⲧⲉⲟⲩⲁ ⲧⲉϭⲟⲩⲧⲱⲗⲙ̅ ⲉⲣⲟⲛ ϩⲙ̅ⲡⲉⲉⲓⲧⲁϫⲣⲟ ⲉⲧⲟⲩⲇⲓⲁⲕⲟⲛⲓ ⲙ̅ⲙⲟϥ ⲉⲃⲟⲗ ϩⲓⲧⲟⲟⲧⲛ̅·
Yɛhwɛ yɛn ho so yie sɛ asɛm biara remma kwan a yɛbɛfa so de saa akyɛdeɛ yi adi dwuma no ho.
21 ⲕ̅ⲁ̅ ⲧⲛ̅ϥⲓ ⲅⲁⲣ ⲙ̅ⲡⲣⲟⲟⲩϣ ⲛ̅ϩⲉⲛⲡⲉⲧⲛⲁⲛⲟⲩⲟⲩ ⲙ̅ⲡⲉⲙⲧⲟ ⲉⲃⲟⲗ ⲙ̅ⲡϫⲟⲉⲓⲥ ⲙ̅ⲙⲁⲧⲉ ⲁⲛ. ⲁⲗⲗⲁ ⲙ̅ⲡⲉⲙⲧⲟ ⲉⲃⲟⲗ ⲛ̅ⲛ̅ⲕⲉⲣⲱⲙⲉ.
Yɛn botaeɛ ne sɛ, yɛbɛyɛ deɛ ɛyɛ wɔ Awurade ne nnipa anim.
22 ⲕ̅ⲃ̅ ⲁⲛⲧⲛ̅ⲛⲟⲟⲩ ⲇⲉ ⲛⲙ̅ⲙⲁⲩ ⲙ̅ⲡⲉⲛⲕⲉⲥⲟⲛ ⲡⲁⲓ̈ ⲉⲛⲧⲁⲛⲇⲟⲕⲓⲙⲁⲍⲉ ⲙ̅ⲙⲟϥ ϩⲛ̅ϩⲁϩ ⲛ̅ⲥⲟⲡ ⲉⲩⲥⲡⲟⲩⲇⲁⲓⲟⲥ ⲡⲉ. ⲧⲉⲛⲟⲩ ⲇⲉ ⲛ̅ϩⲟⲩⲉⲥⲡⲟⲩⲇⲁⲓⲟⲥ. ϩⲛ̅ⲟⲩⲛⲁϩⲧⲉ ⲇⲉ ⲉⲛⲁϣⲱϥ ⲉϩⲟⲩⲛ ⲉⲣⲱⲧⲛ̅.
Enti, yɛresoma onipa foforɔ bi aka Tito ne osuani baako no ho. Yɛasɔ no akwan ahodoɔ bebree so ahwɛ na yɛahunu sɛ ɛyɛ ne pɛ sɛ ɔboa. Na seesei ne ho pere no sɛ ɔbɛboa ɛfiri sɛ wanya mo mu ahotosoɔ.
23 ⲕ̅ⲅ̅ ⲉⲓⲧⲉ ϩⲁⲧⲓⲧⲟⲥ ⲡⲁⲕⲟⲓⲛⲱⲛⲟⲥ ⲡⲉ. ⲁⲩⲱ ⲛ̅ϣⲃⲣ̅ⲣ̅ϩⲱⲃ ⲉϩⲟⲩⲛ ⲉⲣⲱⲧⲛ̅ ⲉⲓⲧⲉ ⲛⲉⲛⲥⲛⲏⲩ ⲛ̅ⲁⲡⲟⲥⲧⲟⲗⲟⲥ ⲛⲉ ⲛ̅ⲛⲉⲕⲕⲗⲏⲥⲓⲁ. ⲡⲉⲟⲟⲩ ⲙ̅ⲡⲉⲭ̅ⲥ̅.
Tito deɛ, ɔyɛ me ɔboafoɔ a ɔne me yɛ adwuma de boa mo na anuanom a wɔne no rekɔ no deɛ, wɔyɛ asɔre ahodoɔ ananmusifoɔ a wɔhyɛ Kristo animuonyam.
24 ⲕ̅ⲇ̅ ⲡⲟⲩⲱⲛϩ̅ ϭⲉ ⲉⲃⲟⲗ ⲛ̅ⲧⲉⲧⲛ̅ⲁⲅⲁⲡⲏ ⲁⲩⲱ ⲡⲉⲛϣⲟⲩϣⲟⲩ ⲉⲧⲛ̅ⲉⲓⲣⲉ ⲙ̅ⲙⲟϥ ϩⲁⲣⲱⲧⲛ̅. ⲟⲩⲟⲛϩⲟⲩ ⲉⲣⲟⲟⲩ ⲙ̅ⲡⲉⲙⲧⲟ ⲉⲃⲟⲗ ⲛ̅ⲛⲉⲕⲕⲗⲏⲥⲓⲁ·
Momma wɔnhunu ɔdɔ a modɔ wɔn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, asafo no nyinaa bɛhunu sɛ hoa a yɛde mo hoahoa yɛn ho no yɛ nokorɛ.

< ⲚⲒⲔⲞⲢⲒⲚⲐⲒⲞⲤ Ⲃ ̅ 8 >