< ⲚⲒⲔⲞⲢⲒⲚⲐⲒⲞⲤ Ⲁ ̅ 16 >

1 ⲁ̅ ⲉⲧⲃⲉⲡⲟⲩⲱϭⲥ̅ ⲇⲉ ⲉⲧϫⲓ ⲉϩⲟⲩⲛ ⲉⲛⲉⲧⲟⲩⲁⲁⲃ. ⲛ̅ⲑⲉ ⲉⲛⲧⲁⲓ̈ⲧⲟϣⲥ̅ ϩⲛ̅ⲛⲉⲕⲕⲗⲏⲥⲓⲁ ⲛ̅ⲧⲅⲁⲗⲁⲧⲓⲁ. ⲁⲣⲓⲥ ϩⲱⲧⲧⲏⲩⲧⲛ̅
Asɛm a ɛfa ɛtoɔ a wɔbɛyi de aboa Onyankopɔn asafo mma a wɔwɔ Yudea ho no nie: Ɛsɛ sɛ moyɛ deɛ meka mekyerɛɛ Galati asafo ahodoɔ sɛ wɔnyɛ no bi.
2 ⲃ̅ ⲕⲁⲧⲁⲥⲟⲩⲁ ⲙ̅ⲡⲥⲁⲃⲃⲁⲧⲟⲛ. ⲙⲁⲣⲉⲡⲟⲩⲁ ⲡⲟⲩⲁ ⲙ̅ⲙⲱⲧⲛ̅ ⲕⲱ ⲛ̅ⲧⲟⲟⲧϥ̅ ⲉϥⲥⲱⲟⲩϩ ⲉϩⲟⲩⲛ ⲙ̅ⲡⲉⲧϥ̅ⲛⲁϩⲉ ⲉⲣⲟϥ. ϫⲉⲕⲁⲁⲥ ⲁⲛ ⲉⲉⲓϣⲁⲛⲉⲓ ⲧⲟⲧⲉ ⲛⲧⲉⲟⲩⲱϭⲥ̅ ϣⲱⲡⲉ.
Kwasiada biara, sika a moanya no, momfa bi nsie baabi sɛdeɛ meba mo nkyɛn a, ɛremma monyi toɔ.
3 ⲅ̅ ϩⲟⲧⲁⲛ ⲇⲉ ⲉⲉⲓϣⲁⲛⲉⲓ ⲛⲉⲧⲉⲧⲛⲁⲇⲟⲕⲓⲙⲁⲍⲉ ⲙ̅ⲙⲟⲟⲩ. ⲛⲁⲓ̈ ⲉⲓ̈ⲉϫⲟⲟⲩⲥⲟⲩ ϩⲓⲧⲛ̅ⲛⲉⲡⲓⲥⲧⲟⲗⲏ ⲉϫⲓ ⲛ̅ⲧⲉⲧⲛ̅ⲭⲁⲣⲓⲥ ⲉⲑⲓⲉⲣⲟⲩⲥⲁⲗⲏⲙ.
Sɛ meba hɔ a, mɛtwerɛ adansedie krataa mede asoma nnipa a mopene so sɛ mensoma wɔn, na wɔabɛgye mo akyɛdeɛ no de akɔ Yerusalem.
4 ⲇ̅ ⲉϣⲱⲡⲉ ⲇⲉ ⲡⲉⲧⲉϣϣⲉ ⲡⲉ ⲉⲧⲣⲁⲃⲱⲕ ϩⲱ ⲥⲉⲛⲏⲩ ⲛⲙ̅ⲙⲁⲓ̈.
Sɛ ɛho hia sɛ me ne wɔn ba a, me ne wɔn bɛba.
5 ⲉ̅ ϯⲛⲏⲩ ⲇⲉ ϣⲁⲣⲱⲧⲛ̅ ⲉⲉⲓϣⲁⲛⲉⲓ ⲉⲃⲟⲗ ϩⲓⲧⲛ̅ⲧⲙⲁⲕⲉⲇⲟⲛⲓⲁ. ϯⲛⲏⲩ ⲅⲁⲣ ⲉⲃⲟⲗ ϩⲓⲧⲛ̅ⲧⲙⲁⲕⲉⲇⲟⲛⲓⲁ.
Sɛ mefiri Makedonia a na mɛba mo nkyɛn, ɛfiri sɛ, mɛfa hɔ.
6 ⲋ̅ ⲙⲉϣⲁⲕ ⲇⲉ ϯⲛⲁϭⲱ ϩⲁⲧⲉⲧⲏⲩⲧⲛ̅. ⲏ̅ ⲛ̅ⲧⲁⲣ̅ⲧⲉⲡⲣⲱ. ϫⲉⲕⲁⲁⲥ ⲛ̅ⲧⲱⲧⲛ̅ ⲉⲧⲉⲧⲛⲉⲑⲡⲟⲓ̈ ⲉⲡⲙⲁ ⲉϯⲛⲁⲃⲱⲕ ⲉⲣⲟϥ.
Ebia, mɛdi nna kakra wɔ mo nkyɛn. Ebia, mɛdi awɔberɛ no wɔ mo nkyɛn. Ɛno akyi moaboa me ama makɔ baabiara a mepɛ sɛ mekɔ.
7 ⲍ̅ ⲛ̅ϯⲟⲩⲱϣ ⲅⲁⲣ ⲁⲛ ⲉⲛⲁⲩ ⲉⲣⲱⲧⲛ̅ ⲧⲉⲛⲟⲩ ⲉⲉⲓⲡⲁⲣⲁⲅⲉ. ϯⲙⲉⲉⲩⲉ ⲅⲁⲣ ⲉⲣ̅ⲟⲩⲟⲉⲓϣ ϩⲁⲧⲛ̅ⲧⲏⲩⲧⲛ̅ ⲉⲣϣⲁⲛⲡϫⲟⲉⲓⲥ ⲟⲩⲉϩⲥⲁϩⲛⲉ.
Mempɛ sɛ medi nna tiaa bi mo nkyɛn. Na mmom, mewɔ anidasoɔ sɛ, sɛ Awurade pɛ a, mɛtena mo nkyɛn akyɛre.
8 ⲏ̅ ϯϭⲉⲉⲧ ⲇⲉ ϩⲛ̅ⲉⲫⲉⲥⲟⲥ ϣⲁⲧⲡⲉⲛⲧⲏⲕⲟⲥⲧⲏ.
Nanso, mɛtena Efeso ha yi akɔsi Pentekoste da no.
9 ⲑ̅ ⲁⲩⲛⲟϭ ⲅⲁⲣ ⲛ̅ⲣⲟ ⲟⲩⲱⲛ ⲛⲁⲓ̈. ⲉϥⲉⲛⲉⲣⲅⲉⲓ. ⲁⲩⲱ ϩⲁϩ ⲛ̅ⲁⲛⲧⲓⲕⲓⲙⲉⲛⲟⲥ·
Ɛwom sɛ wɔn a wɔasɔre atia me dɔɔso deɛ, nanso akwan pa a mɛtumi mafa so madi dwuma pa wɔ ha.
10 ⲓ̅ ⲉⲣϣⲁⲛⲧⲓⲙⲟⲑⲉⲟⲥ ⲇⲉ ⲉⲓ ϯϩⲧⲏⲧⲛ̅ ϫⲉ ⲉϥⲉϣⲱⲡⲉ ⲁϫⲛ̅ϩⲟⲧⲉ ϩⲁⲧⲛ̅ⲧⲏⲩⲧⲛ̅. ⲡϩⲱⲃ ⲅⲁⲣ ⲙ̅ⲡϫⲟⲉⲓⲥ ⲡⲉⲧϥ̅ⲣ̅ϩⲱⲃ ⲉⲣⲟϥ ⲛ̅ⲧⲁϩⲉ.
Sɛ Timoteo ba mo nkyɛn wɔ ha a, monsom no hɔhoɔ, ɛfiri sɛ, ɔreyɛ Awurade adwuma sɛdeɛ meyɛ yi ara.
11 ⲓ̅ⲁ̅ ⲙ̅ⲡⲣ̅ⲧⲣⲉⲗⲁⲁⲩ ϭⲉ ⲥⲟϣϥ̅. ⲙⲁⲑⲡⲟϥ ⲇⲉ ϩⲛ̅ⲟⲩⲉⲓⲣⲏⲛⲏ ϫⲉ ⲉϥⲉⲉⲓ ϣⲁⲣⲟⲓ̈. ϯϭⲱϣⲧ̅ ⲅⲁⲣ ⲉⲃⲟⲗ ϩⲏⲧϥ̅ ⲙⲛ̅ⲛⲉⲥⲛⲏⲩ·
Obiara mmu no abomfiaa, na mmom, mommoa no na ɔntu ne kwan yi asomdwoeɛ mu na watumi asane abɛka me nsa, ɛfiri sɛ, merehwɛ ɔne anuanom no anim.
12 ⲓ̅ⲃ̅ ⲉⲧⲃⲉⲁⲡⲟⲗⲗⲱ ⲇⲉ ⲡⲥⲟⲛ ⲁⲓ̈ⲡⲁⲣⲁⲕⲁⲗⲉⲓ ⲙ̅ⲙⲟϥ ⲉⲙⲁⲧⲉ ϫⲉ ⲉϥⲉⲉⲓ ϣⲁⲣⲱⲧⲛ̅. ⲁⲩⲱ ⲙⲉϣⲁⲕ ⲙ̅ⲡⲧⲱϣ ⲁⲛ ⲡⲉ ⲉⲧⲣⲉϥⲉⲓ ⲧⲉⲛⲟⲩ. ϥⲛⲏⲩ ⲇⲉ ⲉϥϣⲁⲛϩⲉ ⲉⲡⲟⲩⲟⲉⲓϣ.
Ɛfa onua Apolo ho nso, metaa hyɛ no nkuran sɛ ɔne anuanom a aka no ntaa nsra mo, nanso ɔnyɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛba seesei ara. Sɛ ɔnya ɛkwan deɛ a, ɔbɛba.
13 ⲓ̅ⲅ̅ ⲣⲟⲉⲓⲥ ⲁϩⲉⲣⲁⲧⲧⲏⲩⲧⲛ̅ ϩⲛ̅ⲧⲡⲓⲥⲧⲓⲥ. ϫⲣⲟ ⲛ̅ⲧⲉⲧⲛ̅ϭⲙ̅ϭⲟⲙ.
Monnwɛn, momma mo gyidie mu nyɛ den; mo bo nyɛ duru na monnya ahoɔden.
14 ⲓ̅ⲇ̅ ⲛⲉⲧⲛ̅ϩⲃⲏⲩⲉ ⲧⲏⲣⲟⲩ ⲙⲁⲣⲟⲩϣⲱⲡⲉ ϩⲛ̅ⲟⲩⲁⲅⲁⲡⲏ·
Momfa ɔdɔ nyɛ mo nnwuma nyinaa.
15 ⲓ̅ⲉ̅ ϯⲡⲁⲣⲁⲕⲁⲗⲉⲓ ⲇⲉ ⲙ̅ⲙⲱⲧⲛ̅ ⲛⲁⲥⲛⲏⲩ ⲧⲉⲧⲛ̅ⲥⲟⲟⲩⲛ ⲙ̅ⲡⲏⲉⲓ ⲛ̅ⲥⲧⲉⲫⲁⲛⲁ ϫⲉ ⲡϣⲟⲣⲡ̅ ⲡⲉ ϩⲛ̅ⲧⲁⲭⲁⲓ̈ⲁ. ⲁⲩⲱ ⲁⲩⲕⲁⲁⲩ ⲉϩⲣⲁⲓ̈ ⲉⲧⲇⲓⲁⲕⲟⲛⲓⲁ ⲛ̅ⲛⲉⲧⲟⲩⲁⲁⲃ.
Monim Stefana ne ne fiefoɔ ho asɛm. Wɔyɛ nnipa a wɔdane bɛyɛɛ Akristofoɔ ɛkan wɔ Hela na wɔde wɔn ho ama Onyankopɔn adwumayɛfoɔ. Mesrɛ mo, me nuanom,
16 ⲓ̅ⲋ̅ ϫⲉⲕⲁⲁⲥ ϩⲱⲧⲧⲏⲩⲧⲛ̅ ⲉⲧⲉⲧⲛⲉϩⲩⲡⲟⲧⲁⲥⲥⲉ ⲛ̅ⲛⲁⲓ̈ ⲛ̅ⲧⲉⲉⲓⲙⲓⲛⲉ. ⲙⲛ̅ⲟⲩⲟⲛ ⲛⲓⲙ ⲉⲧⲟ ⲛ̅ϣⲃⲣ̅ⲣ̅ϩⲱⲃ. ⲁⲩⲱ ⲉⲧϩⲟⲥⲉ.
sɛ monni nnipa a wɔte saa ne wɔn a wɔdi saa dwuma no bi na wɔne wɔn som no akyi.
17 ⲓ̅ⲍ̅ ϯⲣⲁϣⲉ ⲇⲉ ⲉϫⲛ̅ⲧⲡⲁⲣϩⲟⲩⲥⲓⲁ ⲛ̅ⲥⲧⲉⲫⲁⲛⲁ. ⲙⲛ̅ⲫⲟⲣⲧⲟⲩⲛⲁⲧⲟⲥ. ⲙⲛ̅ⲁⲭⲁⲓ̈ⲕⲟⲥ. ϫⲉ ⲛⲁⲓ̈ ⲛⲉⲛⲧⲁⲩϫⲉⲕⲡⲉⲧⲛ̅ϣⲱⲱⲧ ⲉⲃⲟⲗ.
Mʼani gye Stefana, Fortunato ne Akaiko ba a wɔbaeɛ no ho. Wɔbɛsii mo anan
18 ⲓ̅ⲏ̅ ⲁⲩϯⲙ̅ⲧⲟⲛ ⲅⲁⲣ ⲙ̅ⲡⲁⲡ̅ⲛ̅ⲁ̅. ⲙⲛ̅ⲡⲱⲧⲛ̅. ⲥⲟⲩⲛⲛⲁⲓ̈ ϭⲉ ⲛ̅ⲧⲉⲉⲓⲙⲓⲛⲉ·
na wɔama mʼani agye sɛdeɛ wɔmaa mo ani gyeeɛ no ara pɛ. Ɛsɛ sɛ yɛkae nnipa a wɔte saa no.
19 ⲓ̅ⲑ̅ ⲥⲉϣⲓⲛⲉ ⲉⲣⲱⲧⲛ̅ ⲛ̅ϭⲓⲛⲉⲕⲕⲗⲏⲥⲓⲁ ⲛ̅ⲧⲁⲥⲓⲁ. ⲥⲉϣⲓⲛⲉ ⲉⲣⲱⲧⲛ̅ ⲉⲙⲁⲧⲉ ϩⲙ̅ⲡϫⲟⲉⲓⲥ ⲛ̅ϭⲓⲁⲕⲩⲗⲁ ⲙⲛ̅ⲡⲣⲓⲥⲕⲁ ⲙⲛ̅ⲧⲥⲟⲟⲩϩⲥ̅ ⲉⲧϩⲙ̅ⲡⲉⲩⲏⲉⲓ·
Asafo a wɔwɔ Asia no kyea mo. Akwila ne Priska ne asafo a wɔhyia wɔn fie no nso kyea mo.
20 ⲕ̅ ⲥⲉϣⲓⲛⲉ ⲉⲣⲱⲧⲛ̅ ⲛ̅ϭⲓⲛⲉⲥⲛⲏⲩ ⲧⲏⲣⲟⲩ. ⲁⲥⲡⲁⲍⲉ ⲛ̅ⲛⲉⲧⲛ̅ⲉⲣⲏⲩ ϩⲛ̅ⲟⲩⲡⲓ ⲉⲥⲟⲩⲁⲁⲃ.
Anuanom a wɔwɔ ha no kyea mo. Momfa ɔdɔ nkyeakyea mo ho mo ho.
21 ⲕ̅ⲁ̅ ⲡⲁⲥⲡⲁⲥⲙⲟⲥ ⲉⲛⲧⲁⲓ̈ⲥϩⲁⲉⲓϥ ⲛ̅ⲧⲁϭⲓϫ ⲡⲁⲩⲗⲟⲥ.
Me ara me nsa ano atwerɛ nie: Me Paulo, mekyea mo.
22 ⲕ̅ⲃ̅ ⲡⲉⲧⲉⲛϥ̅ⲙⲉ ⲁⲛ ⲙ̅ⲡⲉⲛϫⲟⲉⲓⲥ ⲙⲁⲣⲉϥϣⲱⲡⲉ ⲛ̅ⲁⲛⲁⲑⲉⲙⲁ ⲙⲁⲣⲁⲛⲁⲑⲁ.
Obiara a ɔnnɔ Awurade no, nnome mmra ne so. Marana-ta “Yɛn Awurade bra!”
23 ⲕ̅ⲅ̅ ⲧⲉⲭⲁⲣⲓⲥ ⲙ̅ⲡⲉⲛϫⲟⲉⲓⲥ ⲓ̅ⲥ̅ ⲛⲙ̅ⲙⲏⲧⲛ̅.
Awurade Yesu adom mmra mo so.
24 ⲕ̅ⲇ̅ ⲧⲁⲁⲅⲁⲡⲏ ⲛⲙ̅ⲙⲏⲧⲛ̅ ⲧⲏⲣⲧⲛ̅ ϩⲙ̅ⲡⲉⲭ̅ⲥ̅ ⲓ̅ⲥ̅· ⲧⲉⲡⲣⲟⲥ· ·ⲕⲟⲣⲓⲛⲑⲓⲟⲩⲥ· ⲁ̅·
Me dɔ nka mo nyinaa wɔ Kristo Yesu mu. Amen.

< ⲚⲒⲔⲞⲢⲒⲚⲐⲒⲞⲤ Ⲁ ̅ 16 >