< 路得記 4 >
1 波阿斯到了城門,坐在那裏,恰巧波阿斯所說的那至近的親屬經過。波阿斯說:「某人哪,你來坐在這裏。」他就來坐下。
Boas kɔɔ kuro no ɛpono ano kɔtenaa ase wɔ hɔ. Ɛberɛ a obusuani gyefoɔ nimpɔn a ɔkaa ne ho asɛm no baa hɔ no, Boas frɛɛ no kaa sɛ, “Mʼadamfo, mesrɛ wo bra na mepɛ sɛ me ne wo twetwe nkɔmmɔ.” Enti, wɔtenaa ase.
2 波阿斯又從本城的長老中揀選了十人,對他們說:「請你們坐在這裏。」他們就都坐下。
Na Boas frɛɛ kuro no mu ntuanofoɔ edu sɛ wɔmmɛtena ase sɛ adansefoɔ.
3 波阿斯對那至近的親屬說:「從摩押地回來的拿俄米,現在要賣我們族兄以利米勒的那塊地;
Na Boas ka kyerɛɛ obusuani gyefoɔ nimpɔn no sɛ, “Wonim Naomi a ɔfiri Moab baeɛ no. Ɔretɔn asase a na ɛyɛ yɛn busuani Elimelek dea no.
4 我想當贖那塊地的是你,其次是我,以外再沒有別人了。你可以在這裏的人面前和我本國的長老面前說明,你若肯贖就贖,若不肯贖就告訴我。」那人回答說:「我肯贖。」
Mesusu sɛ, ɛsɛ sɛ, me ne wo di ho nkɔmmɔ na sɛ wopɛ a, woagye. Sɛ wopɛ asase no a, tɔ no ha yi ara wɔ saa adansefoɔ yi anim. Na sɛ wompɛ nso a, ma mente no seesei ara, ɛfiri sɛ, sɛ woantumi annye a, me ne onipa a medi wʼakyi wɔ abusua no mu a ɛsɛ sɛ megye.” Na ɔbarima no buaa sɛ, “Mɛgye.”
5 波阿斯說:「你從拿俄米手中買這地的時候,也當娶死人的妻摩押女子路得,使死人在產業上存留他的名。」
Afei, Boas ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ wotɔ asase no firi Naomi nkyɛn a, na ɛsɛ sɛ woware Moabni okunafoɔ Rut no. Sɛ ɛba saa a, ɔbɛwo mma a ne kunu din bɛda wɔn so na asase no bɛtena abusua no mu.”
6 那人說:「這樣我就不能贖了,恐怕於我的產業有礙。你可以贖我所當贖的,我不能贖了。」
Ɛhɔ ara na abusua mu gyefoɔ nimpɔn no kaa sɛ, “Ɛnneɛ merentumi ntɔ asase no, ɛfiri sɛ, ɛbɛha mʼagyapadeɛ. Tɔ asase no na merentumi ntɔ.”
7 從前,在以色列中要定奪甚麼事,或贖回,或交易,這人就脫鞋給那人。以色列人都以此為證據。
Saa ɛberɛ no, na ɛyɛ Israel amanneɛ sɛ, sɛ obiara redane nʼadeɛ bi a watɔ no ɛkwan pa so ama obi foforɔ a, ɔworɔ ne mpaboa de ma ɔtɔfoɔ no. Wɔyɛ saa wɔ badwa mu de hyɛ adetɔ no mu den.
8 那人對波阿斯說:「你自己買吧!」於是將鞋脫下來了。
Enti, abusua gyefoɔ nimpɔn no worɔɔ ne mpaboa ka kyerɛɛ Boas sɛ, “Wo ara tɔ asase no.”
9 波阿斯對長老和眾民說:「你們今日作見證,凡屬以利米勒和基連、瑪倫的,我都從拿俄米手中置買了;
Na Boas ka kyerɛɛ ɔman no ntuanofoɔ no ne ɛdɔm a wɔatwa ahyia hɔ no sɛ, “Ɛnnɛ matɔ Elimelek, Kilion ne Mahlon agyapadeɛ a ɛwɔ Naomi nsam, na moyɛ ɛho adansefoɔ.
10 又娶了瑪倫的妻摩押女子路得為妻,好在死人的產業上存留他的名,免得他的名在本族本鄉滅沒。你們今日可以作見證。」
Menam asase no tɔ so afa Rut a ɔyɛ Moabni a ɔyɛ Mahlon kunafoɔ no sɛ me yere. Ɛno enti, sɛ ɔwo ɔbabarima a, ɔbɛfa ne kunu a wawu no abusua din na wafa abusua agyapadeɛ a ɛwɔ ne kurom ha nso. Ɛnnɛ, mo nyinaa moyɛ adansefoɔ.”
11 在城門坐着的眾民和長老都說:「我們作見證。願耶和華使進你家的這女子,像建立以色列家的拉結、利亞二人一樣。又願你在以法他得亨通,在伯利恆得名聲。
Afei, ntuanofoɔ no ne ɔmanfoɔ no nyinaa sɔre gyinaeɛ kaa sɛ, “Yɛyɛ adansefoɔ! Awurade mmoa mma ɔbaa a afei na ɔreba wo fie no nyɛ sɛ Rahel ne Lea a wɔn mu na Israel aman nyinaa firi no. Wobɛyɛ kɛse wɔ Efrata na woagye edin wɔ Betlehem.
12 願耶和華從這少年女子賜你後裔,使你的家像她瑪從猶大所生法勒斯的家一般。」
Na Awurade mfa ababaawa yi so mma wo asefoɔ a wɔbɛyɛ sɛ yɛn agya Peres a ɔyɛ Tamar ne Yuda babarima no.”
13 於是,波阿斯娶了路得為妻,與她同房。耶和華使她懷孕生了一個兒子。
Enti, Boas waree Rut de no kɔɔ ne fie. Afei, ɔkɔɔ ne ho na Awurade ma ɔnyinsɛnee na ɔwoo ɔbabarima.
14 婦人們對拿俄米說:「耶和華是應當稱頌的!因為今日沒有撇下你,使你無至近的親屬。願這孩子在以色列中得名聲。
Na kuro no mu mmaa ka kyerɛɛ Naomi sɛ, “Animuonyam nka Awurade sɛ ɛnnɛ ɛda yi, wama woanya abusua gyefoɔ! Ɔmmɛyɛ okunini wɔ Israel.
15 他必提起你的精神,奉養你的老,因為是愛慕你的那兒婦所生的。有這兒婦比有七個兒子還好!」
Akokoaa yi mma wo nsi wo mmabaawaberɛ mu na ɔnhwɛ wo wɔ wo mmerewabɔ mu. Ɛfiri sɛ ɔyɛ wʼase a ɔdɔ wo na ɔsene mmammarima nson ma wo no babarima.”
Na Naomi faa akɔkoaa no, na ɔhwɛɛ no te sɛ ɔno ankasa yafunu ba.
17 鄰舍的婦人說:「拿俄米得孩子了!」就給孩子起名叫俄備得。這俄備得是耶西的父,耶西是大衛的父。
Na mmaa a wɔne no bɔ fipam kaa sɛ, “Afei deɛ Naomi anya ɔbabarima bio.” Na wɔtoo no din Obed. Ɔno na ɔbɛyɛɛ Yisai agya ne Dawid nana.
Tete agya Peres awoɔ ntoatoasoɔ nie: Peres woo Hesron.
Hesron woo Ram, ɛnna Ram woo Aminadab.
Aminadab woo Nahson, ɛnna Nahson woo Salmon.
Salmon woo Boas, ɛnna Boas woo Obed.
Obed woo Yisai, ɛnna Yisai woo Dawid.