< 詩篇 98 >

1 一篇詩。 你們要向耶和華唱新歌! 因為他行過奇妙的事; 他的右手和聖臂施行救恩。
Dwom. Monto dwom foforo mma Awurade, efisɛ wayɛ anwonwade bebree; ne nsa nifa ne ne basa kronkron no anya nkwagye ama no.
2 耶和華發明了他的救恩, 在列邦人眼前顯出公義;
Awurade ama wɔahu ne nkwagye na wada ne trenee adi akyerɛ amanaman no.
3 記念他向以色列家所發的慈愛,所憑的信實。 地的四極都看見我們上帝的救恩。
Wakae nʼadɔe ne ne nokware a odi kyerɛɛ Israelfo no; asase ano nyinaa ahu yɛn Nyankopɔn nkwagye.
4 全地都要向耶和華歡樂; 要發起大聲,歡呼歌頌!
Asase nyinaa mommɔ ose mma Awurade, momfa nnwonto nni ahurusi;
5 要用琴歌頌耶和華, 用琴和詩歌的聲音歌頌他!
Momfa sanku nto dwom mma Awurade, sanku ne nnwonto nnyigyei,
6 用號和角聲, 在大君王耶和華面前歡呼!
momfa torobɛnto ne adwennini mmɛn, nteɛ mu ahosɛpɛw so wɔ Awurade, yɛn hene no anim.
7 願海和其中所充滿的澎湃; 世界和住在其間的也要發聲。
Momma po ne abɔde a ɛwɔ mu nyinaa nhuru so; asase ne wɔn a wɔte so nyinaa.
8 願大水拍手; 願諸山在耶和華面前一同歡呼;
Momma nsubɔnten mmɔ wɔn nsam, mmepɔw nka mmom nto ahurusi nnwom;
9 因為他來要審判遍地。 他要按公義審判世界, 按公正審判萬民。
ma wɔnto nnwom wɔ Awurade anim, efisɛ ɔreba abebu wiase atɛn. Ɔde trenee bebu wiase atɛn na ɔde pɛpɛyɛ abu nnipa atɛn.

< 詩篇 98 >