< 詩篇 38 >

1 大衛的紀念詩。 耶和華啊,求你不要在怒中責備我, 不要在烈怒中懲罰我!
Dawid dwom. Adesrɛ. Awurade, nka mʼanim wɔ wʼabufuw mu na ntwe mʼaso wɔ wʼabufuwhyew mu.
2 因為,你的箭射入我身; 你的手壓住我。
Wo bɛmma hwirew me mu, na wo nsa adwerɛw me.
3 因你的惱怒,我的肉無一完全; 因我的罪過,我的骨頭也不安寧。
Wʼabufuwhyew no nti ahoɔden biara nni me mu; me bɔne nti, me nnompe ahodwow.
4 我的罪孽高過我的頭, 如同重擔叫我擔當不起。
Mʼafɔdi amene me te sɛ adesoa a mu yɛ duru dodo.
5 因我的愚昧, 我的傷發臭流膿。
Mʼakuru bɔn na aporɔw esiane me bɔne mu agyimisɛm nti.
6 我疼痛,大大拳曲, 終日哀痛。
Makotow na wɔabrɛ me ase; da mu nyinaa menantenantew twa agyaadwo.
7 我滿腰是火; 我的肉無一完全。
Mʼakyi dompe mu yaw boro so: ahoɔden biara nni me nipadua mu.
8 我被壓傷,身體疲倦; 因心裏不安,我就唉哼。
Mabrɛ na mapɛtɛw koraa. Me koma mu yaw ma misi apini.
9 主啊,我的心願都在你面前; 我的歎息不向你隱瞞。
Awurade, nea merehwɛ anim nyinaa da wʼanim; mʼapinisi nhintaw wo.
10 我心跳動,我力衰微, 連我眼中的光也沒有了。
Me koma bɔ kitirikitiri, na mʼahoɔden asa mpo mʼaniwa aduru sum.
11 我的良朋密友因我的災病都躲在旁邊站着; 我的親戚本家也遠遠地站立。
Mʼapirakuru nti me nnamfonom ne me yɔnkonom mmɛn me; mʼafipamfo twe wɔn ho fi me ho.
12 那尋索我命的設下網羅; 那想要害我的口出惡言, 終日思想詭計。
Wɔn a wɔpɛ sɛ wokum me no sum me mfiri, wɔn a wɔpɛ sɛ wɔhaw me no di me sɛe ho nkɔmmɔ da mu nyinaa wodwen nnaadaasɛm ho.
13 但我如聾子不聽, 像啞巴不開口。
Mete sɛ ɔsotifo a ɔnte asɛm, mete sɛ mum a ontumi nkasa.
14 我如不聽見的人, 口中沒有回話。
Mayɛ sɛ obi a ɔnte asɛm, nea nʼano ntumi mma mmuae.
15 耶和華啊,我仰望你! 主-我的上帝啊,你必應允我!
Awurade, meretwɛn wo; Awurade me Nyankopɔn, wubegye me so.
16 我曾說:恐怕他們向我誇耀; 我失腳的時候,他們向我誇大。
Mekae se, “Mma wɔn ani nnye; anaa wɔmma wɔn ho so bere a mʼanan awatiri no.”
17 我幾乎跌倒; 我的痛苦常在我面前。
Mereyɛ mahwe ase, na me yaw da so wɔ me mu.
18 我要承認我的罪孽; 我要因我的罪憂愁。
Meka me mfomso kyerɛ; me bɔne hyɛ me so.
19 但我的仇敵又活潑又強壯, 無理恨我的增多了。
Bebree na wɔyɛ mʼatamfo; wɔn a wɔtan me kwa no dɔɔso.
20 以惡報善的與我作對, 因我是追求良善。
Wɔn a wɔde bɔne tua me papa so ka no, bɔ me ahohora bere a mereyɛ papa.
21 耶和華啊,求你不要撇棄我! 我的上帝啊,求你不要遠離我!
Awurade nnyaw me. Me Nyankopɔn, nkɔ akyiri!
22 拯救我的主啊,求你快快幫助我!
Bra ntɛm bɛboa me, Awurade, mʼAgyenkwa. Wɔde ma dwonkyerɛfo no. Yedutun.

< 詩篇 38 >