< 詩篇 126 >

1 上行之詩。 當耶和華將那些被擄的帶回錫安的時候, 我們好像做夢的人。
Ɔsoroforo dwom. Bere a Awurade de Sion fi nnommum san bae no, yɛyɛɛ sɛ wɔn a wɔsosoo adae.
2 我們滿口喜笑、 滿舌歡呼的時候, 外邦中就有人說: 耶和華為他們行了大事!
Ɔserew hyɛɛ yɛn anom ma, anigye nnwom hyɛɛ yɛn tɛkrɛma so ma. Na wɔkaa wɔ amanaman no mu se, “Awurade ayɛ nneɛma akɛse ama wɔn.”
3 耶和華果然為我們行了大事, 我們就歡喜。
Awurade ayɛ nneɛma akɛse ama yɛn, na anigye ahyɛ yɛn ma.
4 耶和華啊,求你使我們被擄的人歸回, 好像南地的河水復流。
Awurade, san fa yɛn siade ma yɛn, te sɛ nsuwansuwa a ɛwɔ Negeb no.
5 流淚撒種的, 必歡呼收割!
Wɔn a wodua no nusu mu no de anigye nnwom betwa.
6 那帶種流淚出去的, 必要歡歡樂樂地帶禾捆回來!
Wɔn a wɔde osu fi adi so aba a wɔrekodua no, de anigye nnwom bɛsan aba a wɔsoso nnɔbae afiafi.

< 詩篇 126 >