< 民數記 31 >
Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
2 「你要在米甸人身上報以色列人的仇,後來要歸到你列祖那裏。」
“Esiane sɛ Midianfo daadaa mo de mo kɔɔ abosonsom mu no nti, tɔ so were ma Israelfo no. Eyi akyi no wubewu na woakɔ wʼagyanom nkyɛn.”
3 摩西吩咐百姓說:「要從你們中間叫人帶兵器出去攻擊米甸,好在米甸人身上為耶和華報仇。
Mose ka kyerɛɛ nkurɔfo so se, “Munyi mo mmarima no mu bi na wɔnkɔ Awurade aweretɔ sa a ɔde tia Midianfo no.
4 從以色列眾支派中,每支派要打發一千人去打仗。」
Momfa Israel abusua biara mu nnipa apem nkɔ ɔsa no.”
5 於是從以色列千萬人中,每支派交出一千人,共一萬二千人,帶着兵器預備打仗。
Wɔyɛɛ saa nyaa mmarima mpem dumien siesie wɔn maa ɔko no; Israel abusuakuw biara maa mmarima apem.
6 摩西就打發每支派的一千人去打仗,並打發祭司以利亞撒的兒子非尼哈同去;非尼哈手裏拿着聖所的器皿和吹大聲的號筒。
Afei Mose ma wɔkɔe, nnipa apem baako a wofi abusuakuw biara mu. Ɔsɔfo Eleasar babarima Pinehas na odii wɔn anim kɔɔ ɔko no. Wɔrekɔ no, wɔde akronkronne a ɛwɔ kronkronbea hɔ ne ntorobɛnto a wɔbɛhyɛn de ama asraafo no nsɛnkyerɛnne kɔe.
7 他們就照耶和華所吩咐摩西的,與米甸人打仗,殺了所有的男丁。
Wɔne Midiafo no koe, na sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no wokum Midian mmarima no nyinaa.
8 在所殺的人中,殺了米甸的五王,就是以未、利金、蘇珥、戶珥、利巴,又用刀殺了比珥的兒子巴蘭。
Wɔn a wokum wɔn no bi ne Midian ahemfo baanum a wɔn din de Ewi, Rekem, Sur, Hur ne Reba. Beor babarima Balaam nso, wɔde afoa kum no.
9 以色列人擄了米甸人的婦女孩子,並將他們的牲畜、羊群,和所有的財物都奪了來,當作擄物,
Afei, Israel asraafo no kyekyeree Midian mmea ne mmofra nyinaa ne wɔn anantwi ne wɔn nguan fom nneɛma pii kaa ho sɛ asade.
Wɔtoo Midian no atenae, nkurow ne nkuraa nyinaa mu gya, hyew no pasaa.
Wɔfaa asade ne afowde a nnipa no ne mmoa ka ho.
12 將所擄的人,所奪的牲畜、財物,都帶到摩押平原,在約旦河邊與耶利哥相對的營盤,交給摩西和祭司以利亞撒,並以色列的會眾。
Wɔde nnommum no ne ɔko no mu nneɛma a wonyae no nyinaa brɛɛ Mose, ɔsɔfo Eleasar ne Israelfo a na wɔabɔ wɔn atenase wɔ Moab tataw so baabi a na ɛbɛn Asubɔnten Yordan a wotwa fi Yeriko baa hɔ no.
13 摩西和祭司以利亞撒,並會眾一切的首領,都出到營外迎接他們。
Mose ne ɔsɔfo Eleasar ne mpanyimfo a wotuatua nnipa no ano no fii atenae hɔ kohyiaa nkonimdifo no kwan.
14 摩西向打仗回來的軍長,就是千夫長、百夫長,發怒,
Nanso Mose bo fuw mpanyimfo a wotuatua nsraadɔm apem ne ɔha no ano a wofi ɔsa no bae no.
Obisaa wɔn se, “So moankunkum mmea no?
16 這些婦女因巴蘭的計謀,叫以色列人在毗珥的事上得罪耶和華,以致耶和華的會眾遭遇瘟疫。
Wɔn ne nnipa no a wotie Balaam nti wɔtwetwee Israelfo na amma wɔanni Awurade nokware kɔsom abosom wɔ bepɔw Peor so a enti ɛmaa ɔhaw ne abɛbrɛsɛ bebree baa Awurade nkurɔfo so no.
17 所以,你們要把一切的男孩和所有已嫁的女子都殺了。
Munkunkum mmarimaa no nyinaa. Na munkunkum mmea a wɔne mmarima adeda no nyinaa.
18 但女孩子中,凡沒有出嫁的,你們都可以存留她的活命。
Mmeawa nketewa a wɔne mmarima nnae no na munnyaa wɔn na mo ne wɔn ntena.
19 你們要在營外駐紮七日;凡殺了人的,和一切摸了被殺的,並你們所擄來的人口,第三日,第七日,都要潔淨自己,
“Ɛsɛ sɛ obiara a wakum obi, anaa ɔde ne nsa kaa nea wɔakum no no, fi atenae ha nkɔtena baabi nnanson. Munnwira mo ho ne mo nnommum no nnansa ne ne nnanson so.
20 也要因一切的衣服、皮物、山羊毛織的物,和各樣的木器,潔淨自己。」
Munnwira mo ntade ne biribiara a wɔde aboa nhoma, abirekyi nwi anaa dua ayɛ.”
21 祭司以利亞撒對打仗回來的兵丁說:「耶和華所吩咐摩西律法中的條例乃是這樣:
Afei, ɔsɔfo Eleasar ka kyerɛɛ mmarima a wɔkɔɔ ɔko no se, “Eyi ne mmara a Awurade ahyɛ a waka akyerɛ Mose:
Sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere, dade, sanyaa, sumpii
23 凡能見火的,你們要叫它經火就為潔淨,然而還要用除污穢的水潔淨它;凡不能見火的,你們要叫它過水。
ne biribiara a etumi etumi gyina ogya ano no ɛsɛ sɛ wɔde fa ogya mu sɛnea ɛho bɛtew. Eyi akyi, ɛsɛ sɛ wɔde ahodwira nsu dwira ho ma ɛtew ho. Nanso, biribiara a ɛrentumi nnyina ogya ano no de, wɔmfa nsu nnwira ho.
24 第七日,你們要洗衣服,就為潔淨,然後可以進營。」
Nnanson so no, ɛsɛ sɛ mohoro mo ntade na mo ho afi. Afei mubetumi asan aba atenae hɔ.”
Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
26 「你和祭司以利亞撒,並會眾的各族長,要計算所擄來的人口和牲畜的總數。
“Ɛsɛ sɛ wo ne ɔsɔfo Eleasar ne mmusua no mpanyimfo nyinaa kan asade a nnipa ne mmoa a mofaa wɔ ɔko no mu no.
27 把所擄來的分作兩半:一半歸與出去打仗的精兵,一半歸與全會眾。
Monkyɛ asade no mu abien pɛpɛɛpɛ mfa fa mma asraafo a wɔkɔɔ ɔko no na momfa fa a aka no mma nnipa a wɔaka no.
28 又要從出去打仗所得的人口、牛、驢、羊群中,每五百取一,作為貢物奉給耶和華。
Asraafo a wɔkoo no kyɛfa mu no, munyi ahannum biara so baako; sɛ ɛyɛ nnipa, anantwi, mfurum anaa nguan na momfa nsom Awurade.
29 從他們一半之中,要取出來交給祭司以利亞撒,作為耶和華的舉祭。
Fa saa kyɛfa yi ma ɔsɔfo Eleasar na onhim no afɔremuka no anim mfa mma Awurade.
30 從以色列人的一半之中,就是從人口、牛、驢、羊群、各樣牲畜中,每五十取一,交給看守耶和華帳幕的利未人。」
Afei Israelfo a wɔaka no kyɛfa no, munyi aduonum biara mu baako; sɛ ɛyɛ nnipa, anantwi, mfurum, nguanten anaa mmoa foforo biara no, momfa mma Lewifo a wɔhwɛ Awurade Ahyiae Ntamadan no so no.”
31 於是摩西和祭司以利亞撒照耶和華所吩咐摩西的行了。
Enti Mose ne ɔsɔfo Eleasar yɛɛ nea Awurade hyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no.
32 除了兵丁所奪的財物以外,所擄來的:羊六十七萬五千隻;
Asade a ɛkae a akofo no fae no dodow yɛ nguan mpem ahansia ne aduɔson anum;
anantwi mpem aduɔson abien;
mfurum mpem aduosia baako;
ne mmeawa mpem aduasa abien.
36 出去打仗之人的分,就是他們所得的那一半,共計羊三十三萬七千五百隻,
Nneɛma no fa a wɔde maa asraafo no dodow ni: Nguan mpem ahaasa aduasa ason ne ahannum
a wɔde mu ahansia aduɔson anum som Awurade;
38 牛三萬六千隻,從其中歸耶和華為貢物的,有七十二隻;
Anantwi mpem aduasa asia a wɔde mu aduɔson abien som Awurade;
39 驢三萬零五百匹,從其中歸耶和華為貢物的,有六十一匹;
mfurum mpem aduasa ne ahannum a wɔde emu aduosia baako som Awurade;
40 人一萬六千口,從其中歸耶和華的,有三十二口。
mmeawa mpem dunsia; wɔde wɔn mu aduasa abien som Awurade.
41 摩西把貢物,就是歸與耶和華的舉祭,交給祭司以利亞撒,是照耶和華所吩咐摩西的。
Kyɛfa a wɔde Awurade no nyinaa no wɔde maa ɔsɔfo Eleasar sɛnea Awurade kyerɛɛ Mose sɛ ɔnyɛ no ara pɛ.
42 以色列人所得的那一半,就是摩西從打仗的人取來分給他們的。(
Asade no a Israelfo no nyaa no na edidi so yi:
nguan mpem ahaasa aduasa ason ne ahannum,
anantwi mpem aduasa asia,
mfurum Mpem aduasa ne ahannum ne
47 無論是人口是牲畜,摩西每五十取一,交給看守耶和華帳幕的利未人,是照耶和華所吩咐摩西的。
Nnipa no kyɛfa a wonyae no, Mose yiyii nnommum ne mmoa aduonum biara mu baako de maa Lewifo a wɔhwɛ Awurade Ahyiae Ntamadan so no. Wɔyɛɛ eyi nyinaa sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no.
48 帶領千軍的各軍長,就是千夫長、百夫長,都近前來見摩西,
Afei, asraafo no so mpanyimfo baa Mose nkyɛn
49 對他說:「僕人權下的兵已經計算總數,並不短少一人。
bɛka kyerɛɛ no se, “Yɛabu nnipa a yɛde wɔn kɔɔ ɔko no nyinaa ano akyerɛ wo na ɔbaako koraa anyera.
50 如今我們將各人所得的金器,就是腳鍊子、鐲子、打印的戒指、耳環、手釧,都送來為耶和華的供物,好在耶和華面前為我們的生命贖罪。」
Ɛno nti, yefi nea yenyaa no ɔko no mu no bi mu rebɛda Awurade ase. Yɛn asedade no yɛ sika nnwinne, nkapo, nkaa, asokaa ne kɔnmuade. Eyinom bɛyɛ mpata ama yɛn kra wɔ Awurade anim.”
51 摩西和祭司以利亞撒就收了他們的金子,都是打成的器皿。
Mose ne ɔsɔfo Eleasar gyee saa akyɛde yi a ɛyɛ sikakɔkɔɔ ne nnwinne no fii asraafo mpanyimfo no nkyɛn.
52 千夫長、百夫長所獻給耶和華為舉祭的金子共有一萬六千七百五十舍客勒。
Ne nyinaa mu sikakɔkɔɔ a asahene no de bae sɛ akyɛde a wɔde rebrɛ Awurade no ano si nkaribo kilogram ɔha ne aduɔkron.
Na asraafo no afa ɔko no mu nneɛma a wonyae no bi.
54 摩西和祭司以利亞撒收了千夫長、百夫長的金子,就帶進會幕,在耶和華面前作為以色列人的紀念。
Enti Mose ne Eleasar gyee akyɛde no fii asraafo mpanyimfo no hɔ, na wɔde sikakɔkɔɔ no baa Ahyiae Ntamadan no mu sɛ ɛnyɛ nkae ade mma Awurade sɛ Israelfo yɛ ne dea.