< 民數記 13 >
Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
2 「你打發人去窺探我所賜給以色列人的迦南地,他們每支派中要打發一個人,都要作首領的。」
“Soma akwansrafoɔ na wɔnkɔ Kanaan asase so—asase a mede rema; soma mmusuakuo dumienu no mu biara ntuanoni.”
3 摩西就照耶和華的吩咐從巴蘭的曠野打發他們去;他們都是以色列人的族長。
Enti Mose yɛɛ sɛdeɛ Awurade hyɛɛ no no. Ɔsomaa mmarima dumienu a wɔn nyinaa yɛ mmusuakuo ntuanofoɔ firi wɔn atenaeɛ wɔ Paran ɛserɛ so.
Saa mmusuakuo no ne wɔn mpanimfoɔ no edin na ɛdidi so yi: Ruben abusuakuo no ntuanoni ne Sakur babarima Samua;
Simeon abusuakuo no ntuanoni ne Hori babarima Safat;
Yuda abusuakuo no ntuanoni ne Yefune babarima Kaleb;
Isakar abusuakuo no ntuanoni ne Yosef babarima Igal;
Efraim abusuakuo no ntuanoni ne Nun babarima Hosea;
Benyamin abusuakuo no ntuanoni ne Rafu babarima Palti;
Sebulon abusuakuo no ntuanoni ne Sodi babarima Gadiel;
11 約瑟的子孫,屬瑪拿西支派的有穌西的兒子迦底。
Manase abusuakuo (a ɛyɛ Yosef abusuakuo no mu fa) no ntuanoni ne Susi babarima Gadi;
Dan abusuakuo no ntuanoni ne Gemali babarima Amiel;
Aser abusuakuo no ntuanoni ne Mikael babarima Setur;
Naftali abusuakuo no ntuanoni ne Wofsi babarima Nahbi
Gad abusuakuo no ntuanoni ne Maki babarima Geuel.
16 這就是摩西所打發、窺探那地之人的名字。摩西就稱嫩的兒子何希阿為約書亞。
Nnipa yi na Mose somaa wɔn ma wɔkɔsraa Kanaan asase no. Mose na ɔmaa Nun ba Hosea edin Yosua.
17 摩西打發他們去窺探迦南地,說:「你們從南地上山地去,
Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔ atifi fam wɔ Negeb bepɔ no so
18 看那地如何,其中所住的民是強是弱,是多是少,
na monhwɛ sɛdeɛ ɛhɔ asase no te; afei, monhwɛ wɔn a wɔte hɔ no nso tebea mu sɛ wɔwɔ ahoɔden anaa wɔyɛ mmerɛ, sɛ wɔdɔɔso anaa wɔsua
anaasɛ asase no mu wɔ sradeɛ anaasɛ nso sradeɛ nni mu, ne nkuro a ɛwɔ hɔ, sɛ ɛyɛ nkuraa anaa wɔabɔ ho ban,
20 又看那地土是肥美是瘠薄,其中有樹木沒有。你們要放開膽量,把那地的果子帶些來。」(那時正是葡萄初熟的時候。)
sɛ asase no yɛ asasebereɛ anaa asasenini anaasɛ nnua pii wɔ so. Monnsuro na momfa ɛhɔ nnɔbaeɛ no bi mmra.” Saa ɛberɛ no na wɔrete bobe atekane.
21 他們上去窺探那地,從尋的曠野到利合,直到哈馬口。
Enti wɔkɔsraa asase no firi Sin ɛserɛ so kɔsii Rehob a ɛbɛn Hamat no.
22 他們從南地上去,到了希伯崙;在那裏有亞衲族人亞希幔、示篩、撻買。(原來希伯崙城被建造比埃及的鎖安城早七年。)
Wɔrekɔ atifi fam no, wɔdii ɛkan faa Negeb bɛduruu Hebron. Ɛhɔ na wɔhunuu Anak asefoɔ a wɔfrɛ wɔn Ahiman, Sesai ne Talmai. Hebron yɛ kuro dada. Wɔkyekyeree saa kuro no ansa na wɔrekyekyere Soan a ɛwɔ Misraim no.
23 他們到了以實各谷,從那裏砍了葡萄樹的一枝,上頭有一掛葡萄,兩個人用槓抬着,又帶了些石榴和無花果來。(
Afei, wɔbaa baabi a seesei wɔfrɛ hɔ “Eskol” a aseɛ ne “Siaka”, ɛfiri sɛ, wɔhunuu bobe siaka bebree wɔ hɔ! Wɔtwaa siaka baako a nnipa baanu na wɔwuraa no dua soaeɛ. Ɛnna wɔfaa ateaa ne borɔdɔma aba sɛ adekyerɛdeɛ de kɔeɛ.
24 因為以色列人從那裏砍來的那掛葡萄,所以那地方叫做以實各谷。)
Saa ɛberɛ no, Israelfoɔ no too subɔnhwa hɔ edin sɛ “Eskol” a asekyerɛ ne “Siaka”, ɛfiri sɛ, wɔhunuu bobe no siaka pii wɔ hɔ.
Adaduanan akyi, wɔfirii wɔn akwantuo no mu baeɛ.
26 到了巴蘭曠野的加低斯,見摩西、亞倫,並以色列的全會眾,回報摩西、亞倫,並全會眾,又把那地的果子給他們看;
Wɔkaa deɛ wɔkɔhunuiɛ nyinaa kyerɛɛ Mose ne Aaron ne nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa ne wɔn a wɔwɔ Paran ɛserɛ so wɔ Kades na wɔde aduaba a wɔde baeɛ no kyerɛeɛ.
27 又告訴摩西說:「我們到了你所打發我們去的那地,果然是流奶與蜜之地;這就是那地的果子。
Asɛm a wɔbɛkaeɛ ne sɛ, “Yɛduruu asase a wosomaa yɛn sɛ yɛnkɔsra so no so, na nokwasɛm, ɛyɛ ɔman a ɛyɛ fɛ—asase a ɛwoɔ ne nufosuo sen wɔ so. Aduaba a yɛde baeɛ yi di ho adanseɛ.
28 然而住那地的民強壯,城邑也堅固寬大,並且我們在那裏看見了亞衲族的人。
Nanso na nnipa a wɔtete hɔ no yɛ den. Wɔn nkuro no soso na wɔabɔ ho ban nso. Yɛhunuu Anak asefoɔ akantinka nso wɔ hɔ.
29 亞瑪力人住在南地;赫人、耶布斯人、亞摩利人住在山地;迦南人住在海邊並約旦河旁。」
Amalekfoɔ te anafoɔ ɛnna Hetifoɔ, Yebusifoɔ ne Amorifoɔ nso tete mmepɔ so. Ɛnna Kanaanfoɔ nso tete ntam ɛpo no ne Yordan subɔnhwa ntam.”
30 迦勒在摩西面前安撫百姓,說:「我們立刻上去得那地吧!我們足能得勝。」
Na ɛberɛ a nnipa no gyina Mose anim no, Kaleb sane hyɛɛ wɔn nkuran sɛ, “Momma yɛmforo nkɔ hɔ prɛko pɛ na yɛnkɔgye wɔn nsam, ɛfiri sɛ, yɛbɛtumi adi wɔn so nkonim.”
31 但那些和他同去的人說:「我們不能上去攻擊那民,因為他們比我們強壯。」
Akwansrafoɔ no bi kaa sɛ, “Nanso ɛnyɛ ahoɔdenfoɔ sei na ɛsɛ sɛ yɛne wɔn di asie. Wɔbɛtɔre yɛn ase!”
32 探子中有人論到所窺探之地,向以色列人報惡信,說:「我們所窺探、經過之地是吞吃居民之地,我們在那裏所看見的人民都身量高大。
Akwansrafoɔ no mu fa kɛseɛ no ara asɛm a wɔkaeɛ no maa Israelfoɔ no aba mu buiɛ. Wɔkaa sɛ, “Akofoɔ bebree wɔ asase no so na ɛhɔ nnipa nso yɛ ahoɔdenfoɔ,
33 我們在那裏看見亞衲族人,就是偉人;他們是偉人的後裔。據我們看,自己就如蚱蜢一樣;據他們看,我們也是如此。」
na yɛhunuu Anakfoɔ no bi a ɛfiri awoɔ ntoatoasoɔ mu wɔyɛ abrane no. Sɛ yɛne wɔn gyina hɔ a, na yɛayɛ te sɛ mmɛbɛ wɔ yɛn ani so. Na saa nso na yɛyɛɛ wɔ wɔn ani soɔ.”