< 尼希米記 5 >
1 百姓和他們的妻大大呼號,埋怨他們的弟兄猶大人。
Saa bere no mmarima no bi ne wɔn yerenom nwiinwii tiaa wɔn mfɛfo Yudafo no.
2 有的說:「我們和兒女人口眾多,要去得糧食度命」;
Wɔkae se, “Yɛwɔ mmusua a emu nnipa dɔɔso. Yehia sika a ɛdɔɔso kakra a yɛde bɛtɔ aduan adi anya ahoɔden.”
3 有的說:「我們典了田地、葡萄園、房屋,要得糧食充飢」;
Afoforo nso kae se, “Yɛde yɛn mfuw, bobe nturo ne yɛn afi asisi awowa sɛnea yebenya aduan wɔ ɔkɔm bere mu.”
4 有的說:「我們已經指着田地、葡萄園,借了錢給王納稅。
Afoforo nso kae se, “Yɛabɔ bosea a ɛne yɛn mfuw ne bobeturo bo yɛ pɛ de atua yɛn sonkahiri.
5 我們的身體與我們弟兄的身體一樣;我們的兒女與他們的兒女一般。現在我們將要使兒女作人的僕婢,我們的女兒已有為婢的;我們並無力拯救,因為我們的田地、葡萄園已經歸了別人。」
Yefi abusua koro mu, na yɛn mma te sɛ wɔn de. Nanso ɛsɛ sɛ yɛtɔn yɛn mma, de wɔn kɔ nkoasom mu ansa na yenya sika de ahwɛ yɛn ho. Yɛatɔn yɛn mmabea bi dedaw, na yentumi nyɛ ho hwee, efisɛ yɛde yɛn mfuw ne bobeturo asisi awowa ama afoforo.”
Metee wɔn anwiinwii no, me bo fuw yiye.
7 我心裏籌劃,就斥責貴冑和官長說:「你們各人向弟兄取利!」於是我招聚大會攻擊他們。
Medwenee saa asɛm no ho, na mekasa tiaa atitiriw ne adwumayɛfo no. Meka kyerɛɛ wɔn se, “Monam nsiho a mugye fi mo ara mo nkurɔfo bosea a wɔbɔ so no hyɛ wɔn so.” Na mefrɛɛ ɔmanfo nhyiamu kaa ho asɛm.
8 我對他們說:「我們盡力贖回我們弟兄,就是賣與外邦的猶大人;你們還要賣弟兄,使我們贖回來嗎?」他們就靜默不語,無話可答。
Nhyiamu no ase no, meka kyerɛɛ wɔn se, “Yɛn a yɛaka no, yɛrebɔ yɛn ho mmɔden sɛ yebetumi agye yɛn abusuafo Yudafo a ɛsɛ sɛ wɔtɔn wɔn ho ma ahɔho abosonsomfo no. Nanso moresan atɔn wɔn akɔ nkoasom mu bio. Da biara na ɛsɛ sɛ yegye wɔn ana?” Na wɔantumi anka asɛm biara anyi wɔn ho ano.
9 我又說:「你們所行的不善!你們行事不當敬畏我們的上帝嗎?不然,難免我們的仇敵外邦人毀謗我們。
Afei, mekɔɔ so kae se, “Nea moreyɛ no nye. Ɛsɛ sɛ monantew Onyamesuro mu, sɛnea atamfo aman no nnya kwan mfa mo nyɛ aserewde.
10 我和我的弟兄與僕人也將銀錢糧食借給百姓;我們大家都當免去利息。
Mʼankasa ne me nuanom mmarima ne mʼadwumayɛfo bɔ ɔmanfo no sika ne atoko bosea, nanso afei momma yennyae boseabɔ no.
11 如今我勸你們將他們的田地、葡萄園、橄欖園、房屋,並向他們所取的銀錢、糧食、新酒,和油,百分之一的利息都歸還他們。」
Nnɛ yi ara, ɛsɛ sɛ mode wɔn mfuw, bobeturo, ngodua mfuw ne wɔn afi ma wɔn. Muntua nsiho a mugyee wɔn wɔ sika, atoko, nsa ne ngo bosea a mobɔɔ wɔn no mma wɔn.”
12 眾人說:「我們必歸還,不再向他們索要,必照你的話行。」我就召了祭司來,叫眾人起誓,必照着所應許的而行。
Na wobuae se, “Yɛde biribiara bɛma na yɛremmisa biribiara mfi nnipa no nkyɛn bio. Yɛbɛyɛ nea woka no.” Afei, mefrɛɛ asɔfo no, na memaa atitiriw no ne adwumayɛfo no kaa ntam sɛ wobedi wɔn bɔhyɛ so.
13 我也抖着胸前的衣襟,說:「凡不成就這應許的,願上帝照樣抖他離開家產和他勞碌得來的,直到抖空了。」會眾都說:「阿們!」又讚美耶和華。百姓就照着所應許的去行。
Meporow me batakari mu mu kae se, “Sɛ mubu bɔ a moahyɛ no so a, Onyankopɔn mporow mo mfi mo afi mu ne mo agyapade ho!” Bagua no gyee so se, “Amen.” Na wɔkamfoo Awurade. Na nnipa no dii wɔn bɔhyɛ so.
14 自從我奉派作猶大地的省長,就是從亞達薛西王二十年直到三十二年,共十二年之久,我與我弟兄都沒有吃省長的俸祿。
Bio, mfe dumien a ɛyɛ ɔhene Artasasta ahenni mfe aduonu kosi mfe aduasa abien so a meyɛɛ amrado wɔ Yuda no, me ne mʼadwumayɛfo nnyee yɛn akɔnhamabɔde da.
15 在我以前的省長加重百姓的擔子,每日索要糧食和酒,並銀子四十舍客勒,就是他們的僕人也轄制百姓;但我因敬畏上帝不這樣行。
Eyi ne nsonoe kɛse a ɛda yɛne amradofo a wodii kan no ntam, efisɛ wɔde asodi kɛse too ɔmanfo no so. Na daa wogye nnuan ne nsa ka dwetɛ a ɛkari gram ahannan ne aduosia ho fi nnipa no hɔ. Mpo, wɔn aboafo faa ho didii ɔmanfo no ho. Nanso esiane suro a na misuro Onyankopɔn no nti, mamfa saa kwan no so.
16 並且我恆心修造城牆,並沒有置買田地;我的僕人也都聚集在那裏做工。
Mikum me ho maa ɔfasu no ho adwumayɛ, na mampɛ sɛ menya asase biara. Mehwɛɛ sɛ mʼadwumayɛfo nyinaa de wɔn bere bɛyɛ adwuma wɔ fasu no ho.
17 除了從四圍外邦中來的猶大人以外,有猶大平民和官長一百五十人在我席上吃飯。
Mammisa hwee, nso na bere biara mema Yudafo adwumayɛfo ɔha aduonum didi wɔ me didipon so a, ahɔho a wofifi nsase foforo so no nka ho.
18 每日預備一隻公牛,六隻肥羊,又預備些飛禽;每十日一次,多預備各樣的酒。雖然如此,我並不要省長的俸祿,因為百姓服役甚重。
Nneɛma a na ɛho hia me da biara a ɛyɛ mʼankasa me ka no yɛ nantwi baako, nguan akɛse asia ne nkokɔ bebree. Na nnafua du biara, na ɛsɛ sɛ yenya nsa ahorow nyinaa bi. Nanso mannye amrado akɔnhamabɔde biara, efisɛ na ɔmanfo no wɔ ahokyere mu dedaw.
19 我的上帝啊,求你記念我為這百姓所行的一切事,施恩與我。
Me Nyankopɔn, kae nea mayɛ ama nnipa yi, na hyira me.