< 彌迦書 3 >

1 我說:雅各的首領, 以色列家的官長啊,你們要聽! 你們不當知道公平嗎?
Afei mekaa sɛ, “Montie, mo Yakob ntuanofoɔ, mo sodifoɔ a mowɔ Israel efie. Ɛsɛ sɛ mohunu deɛ ɛyɛ atɛntenenee,
2 你們惡善好惡, 從人身上剝皮, 從人骨頭上剔肉,
Mo a mokyiri deɛ ɛyɛ na modɔ bɔne moworɔ me nkurɔfoɔ wedeɛ na motete ɛnam no firi wɔn nnompe ho;
3 吃我民的肉, 剝他們的皮, 打折他們的骨頭, 分成塊子像要下鍋, 又像釜中的肉。
mowe me nkurɔfoɔ nam, mowae wɔn wedeɛ, bubu wɔn nnompe mu nketenkete; motwitwa wɔn sɛ ɛnam a mode regu kwansɛn mu.”
4 到了遭災的時候, 這些人必哀求耶和華, 他卻不應允他們。 那時他必照他們所行的惡事向他們掩面。
Afei wɔbɛsu afrɛ Awurade, nanso ɔrennye wɔn so. Saa ɛberɛ no ɔde nʼanim bɛsie wɔn, bɔne a wɔayɛ enti.
5 論到使我民走差路的先知- 他們牙齒有所嚼的, 他們就呼喊說:平安了! 凡不供給他們吃的, 他們就預備攻擊他- 耶和華如此說:
Deɛ Awurade seɛ nie: “Adiyifoɔ a wɔdaadaa me nkurɔfoɔ no deɛ, obi ma wɔn biribi di a wɔpae mu ka asomdwoeɛ nsɛm, na sɛ wɔamma wɔn biribi anni a, adiyifoɔ no siesie wɔn ho sɛ wɔbɛtu wɔn so sa.
6 你們必遭遇黑夜,以致不見異象; 又必遭遇幽暗,以致不能占卜。 日頭必向你們沉落, 白晝變為黑暗。
Enti adeɛ bɛsa mo a morennya anisoadehunu, esum bɛduru mo a morennya ahintasɛm biara. Owia bɛtɔ ama adiyifoɔ no, na adekyeɛ bɛdane esum ama wɔn.
7 先見必抱愧, 占卜的必蒙羞, 都必摀着嘴唇, 因為上帝不應允他們。
Adepɛmuhunufoɔ ani bɛwu na wɔbɛgu nsamanfrɛfoɔ anim ase. Wɔn nyinaa bɛkatakata wɔn anim, ɛfiri sɛ mmuaeɛ biara mfiri Onyankopɔn hɔ mma.”
8 至於我,我藉耶和華的靈, 滿有力量、公平、才能, 可以向雅各說明他的過犯, 向以色列指出他的罪惡。
Nanso me deɛ tumi ahyɛ me ma, Awurade Honhom ahyɛ me ma tenenee ne ahoɔden a mede bɛpae mu aka Yakob amumuyɛ ne Israel bɔne.
9 雅各家的首領、以色列家的官長啊, 當聽我的話! 你們厭惡公平, 在一切事上屈枉正直;
Montie, mo Yakob efie ntuanofoɔ, mo a moyɛ Israel sodifoɔ, a mokyiri atɛntenenee na mokyea deɛ ɛtene nyinaa;
10 以人血建立錫安, 以罪孽建造耶路撒冷。
Mo a mode mogyahwiegu kyekyeree Sion ne awurukasɛm kyekyeree Yerusalem.
11 首領為賄賂行審判; 祭司為雇價施訓誨; 先知為銀錢行占卜。 他們卻倚賴耶和華,說: 耶和華不是在我們中間嗎? 災禍必不臨到我們。
Nʼadikanfoɔ no gye adanmudeɛ ansa na wabu atɛn, nʼasɔfoɔ gye sika ansa na wɔakyerɛkyerɛ, nʼadiyifoɔ de nkɔmhyɛ ayɛ sikapɛ. Nanso wɔdan Awurade, na wɔka sɛ, “Awurade nni yɛn ntam anaa? Ɔhaw biara remma yɛn so.”
12 所以因你們的緣故, 錫安必被耕種像一塊田, 耶路撒冷必變為亂堆; 這殿的山必像叢林的高處。
Na mo enti, wɔbɛfuntum Sion te sɛ afuo, Yerusalem bɛyɛ mmubuiɛ, na asɔredan no kokoɔ bɛyɛ sɛ nkɔfie a nkyɛkyerɛ afu wɔ so.

< 彌迦書 3 >