< 利未記 7 >
“‘Amanne a ɛfa afɔdi afɔrebɔ a ɛyɛ kronkron ho no ni:
2 人在那裏宰燔祭牲,也要在那裏宰贖愆祭牲;其血,祭司要灑在壇的周圍。
Wobekum aboa a wɔde no rebɔ afɔdi afɔre no wɔ beae a wokum aboa a wɔde no bɔ ɔhyew afɔre no na wɔde ne mogya no apete afɔremuka no ho ahyia.
Ɔsɔfo no de aboa no mu srade nyinaa, ne dua,
4 兩個腰子和腰子上的脂油,就是靠腰兩旁的脂油,並肝上的網子和腰子,一概取下。
nʼasaabo abien ne ne sisia srade ne ne bɔnwoma kotoku no nyinaa begu nkyɛn de abɔ saa afɔre no.
5 祭司要在壇上焚燒,為獻給耶和華的火祭,是贖愆祭。
Ɔsɔfo no bɛhyew no afɔremuka no so sɛ aduan afɔrebɔ a wɔde rema Awurade. Ɛyɛ afɔdi afɔre.
6 祭司中的男丁都可以吃這祭物;要在聖處吃,是至聖的。
Ɔbarima a ɔfra asɔfo abusua mu no mu tumi we nam no bi. Ɛsɛ sɛ wɔwe wɔ beae a ɛhɔ yɛ kronkron, efisɛ ɛyɛ afɔrebɔde a ɛho tew yiye.
7 贖罪祭怎樣,贖愆祭也是怎樣,兩個祭是一個條例。獻贖愆祭贖罪的祭司要得這祭物。
“‘Amanne koro no ara na wɔbɛfa so abɔ bɔne afɔre ne afɔdi afɔre no. Ɛyɛ ɔsɔfo a ɔyɛɛ mpata maa wɔn no de.
8 獻燔祭的祭司,無論為誰奉獻,要親自得他所獻那燔祭牲的皮。
Ɔsɔfo a odii ɔhyew afɔrebɔ no ho dwuma no betumi afa aboa no ho nwoma no.
9 凡在爐中烤的素祭和煎盤中做的,並鐵鏊上做的,都要歸那獻祭的祭司。
Sɛ asɔfo a wɔbɔ atoko ho afɔre ma Awurade no wie saa afɔrebɔ no a, wɔde atoko no nkae bɛma wɔn. Sɛ afɔrebɔde no, wɔto o, wɔkyew o, wɔnoa o, amanne koro no ara ase na ɛhyɛ.
10 凡素祭,無論是油調和的是乾的,都要歸亞倫的子孫,大家均分。」
Atoko afɔrebɔ biara a aka no, sɛ wɔde ngo fra anaa wɔamfa ngo amfra a, ɛyɛ Aaron mmabarima nyinaa dea.
“‘Amanne a ɛfa asomdwoe afɔre sononko a wɔbɔ ma Awurade no ho no ni:
12 他若為感謝獻上,就要用調油的無酵餅和抹油的無酵薄餅,並用油調勻細麵做的餅,與感謝祭一同獻上。
“‘Sɛ ɛyɛ asomdwoe afɔre a, wɔmfa brodo a mmɔkaw nni mu a wɔde ngo afra nka ho. Saa ara na wɔmfa brodo ntrantraa bi a wɔde ngo agu so ne asikresiam mfrafrae a wɔde afra ngo nka saa afɔrebɔde no ho.
13 要用有酵的餅和為感謝獻的平安祭,與供物一同獻上。
Wɔmfa brodo a emu piw a wɔde mmɔkaw afra nka saa aseda asomdwoe afɔre yi ho.
14 從各樣的供物中,他要把一個餅獻給耶和華為舉祭,是要歸給灑平安祭牲血的祭司。
Wɔde saa afɔrebɔde yi bi begyina afɔremuka no anim na wɔahim wɔ afɔremuka no anim akɔ fa aba fa de akyerɛ sɛ wɔde ama Awurade. Afei, wɔbɛdan afɔrebɔde no ama ɔsɔfo a ɔpete aboa a wɔde no bɛbɔ afɔre no mogya a ɔboa dwumadi no.
15 為感謝獻平安祭牲的肉,要在獻的日子吃,一點不可留到早晨。
Sɛ wɔde aboa no bɔ Awurade afɔre de ma no sɛ asomdwoe afɔrebɔ de kyerɛ sɛ ɛyɛ anisɔ ne asedade a, ɛsɛ sɛ wɔwe ne nam da no ara. Ɛnsɛ sɛ bi ka ma ade kye so.
16 若所獻的是為還願,或是甘心獻的,必在獻祭的日子吃,所剩下的第二天也可以吃。
“‘Na sɛ obi de afɔrebɔde bi ba a ɛnyɛ asomdwoe afɔre na mmom, sɛ ɛyɛ bɔhyɛ anaa efi ne koma mu na ɔde rebrɛ Awurade de a, nea ɛbɛka biara wɔ afɔrebɔ no akyi no, sɛ ade kye so a, wotumi we.
Afɔrebɔ nam biara a ebedi nnansa no de, wɔnhyew.
18 第三天若吃了平安祭的肉,這祭必不蒙悅納,人所獻的也不算為祭,反為可憎嫌的,吃這祭肉的,就必擔當他的罪孽。
Sɛ obi we nea adi nnansa no bi a, Awurade rennye afɔrebɔde no; na ɛrenni mu sɛ afɔrebɔde, na onipa a ɔde bae sɛ wɔmfa mmɔ saa afɔre no rennya so mfaso biara. Ɔsɔfo a ɔbɛwe no nso bedi ho fɔ, efisɛ ɛyɛ akyiwade ma Awurade; na onipa a ɔbɛwe saa nam no, ɛsɛ sɛ oyi ne ho ano wɔ saa bɔne no ho.
19 「挨了污穢物的肉就不可吃,要用火焚燒。至於平安祭的肉,凡潔淨的人都要吃;
“‘Nam biara a ɛka biribi a wɔntew ho no, wɔnnwe; wɔnhyew. Nam biara a aka de, obiara a ne ho tew wɔ ho kwan sɛ ɔwe.
20 只是獻與耶和華平安祭的肉,人若不潔淨而吃了,這人必從民中剪除。
Ɔsɔfo biara a ne ho ntew na obedi asomdwoe afɔre no bi no, wobetwa no asu, efisɛ wagu ade kronkron ho fi.
21 有人摸了甚麼不潔淨的物,或是人的不潔淨,或是不潔淨的牲畜,或是不潔可憎之物,吃了獻與耶和華平安祭的肉,這人必從民中剪除。」
Obiara a ɔde ne nsa bɛka biribi a ɛho ntew no, sɛ ɛyɛ onipa anaa aboa na oguu ho fi na obedii asomdwoe afɔrebɔde no bi no, wobetwa no asu, efisɛ wagu ade kronkron ho fi.’”
Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
23 「你曉諭以色列人說:牛的脂油、綿羊的脂油、山羊的脂油,你們都不可吃。
“Ka kyerɛ Israelfo no se wonnni srade, sɛ efi anantwi, nguan anaa mmirekyi mu.
24 自死的和被野獸撕裂的,那脂油可以做別的使用,只是你們萬不可吃。
Sɛ ɔyare bi bɔ aboa bi na owu anaasɛ mmoa bɔne bi taataa aboa foforo bi kum no a, wonnni ne srade na mmom, wɔmfa nyɛ ade foforo.
25 無論何人吃了獻給耶和華當火祭牲畜的脂油,那人必從民中剪除。
Obiara a obedi srade a efi afɔrebɔde a wɔbɔ no ogya so de ma Awurade no, ɛsɛ sɛ wotwa no asu.
26 在你們一切的住處,無論是雀鳥的血是野獸的血,你們都不可吃。
Munnni mogya—sɛ ɛyɛ nnomaa anaa ntɔteboa.
Obiara a ɔbɛyɛ saa no, ɛsɛ sɛ wotwa no asu.”
Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
29 「你曉諭以色列人說:獻平安祭給耶和華的,要從平安祭中取些來奉給耶和華。
“Ka kyerɛ Israelfo se obiara a ɔpɛ sɛ ɔbɔ Awurade asomdwoe afɔre no, ɔno ara nkita mmra.
30 他親手獻給耶和華的火祭,就是脂油和胸,要帶來,好把胸在耶和華面前作搖祭,搖一搖。
Ɔmfa afɔrebɔde a ɛyɛ srade ne ne yan a wobehim wɔ afɔremuka no anim de ama Awurade no mmra.
31 祭司要把脂油在壇上焚燒,但胸要歸亞倫和他的子孫。
Afei, ɔsɔfo no bɛhyew srade no wɔ afɔremuka no so na ne yan no de, Aaron ne ne mmabarima bɛfa.
Ɛsɛ sɛ mode mo asomdwoe afɔrebɔde no srɛ nifa no ma ɔsɔfo no sɛ mo fam de.
33 亞倫子孫中,獻平安祭牲血和脂油的,要得這右腿為分;
Na Aaron mmabarima no mu nea ɔde mogya ne srade a efi afɔrebɔde no mu no bɛba afɔremuka no so no na ɔbɛfa srɛ nifa no.
34 因為我從以色列人的平安祭中,取了這搖的胸和舉的腿給祭司亞倫和他子孫,作他們從以色列人中所永得的分。」
Mahyɛ sɛ wɔmfa ne yan no ne ne srɛ no mma sɛ akyɛde a efi Israelfo nkyɛn a wɔde rebrɛ Aaron mmabarima. Bere biara, wɔmfa saa afɔrebɔde no kyɛfa yi no mma Aaron ne ne mmabarima.”
35 這是從耶和華火祭中,作亞倫受膏的分和他子孫受膏的分,正在摩西叫他們前來給耶和華供祭司職分的日子,
Wɔn akatua ne no: Ɔhyew afɔrebɔ no, wɔde bɛto nkyɛn na wɔde ama wɔn a wɔayi wɔn sɛ Awurade asɔfo a ɛyɛ Aaron ne ne mmabarima no.
36 就是在摩西膏他們的日子,耶和華吩咐以色列人給他們的。這是他們世世代代永得的分。
Efisɛ da a Awurade sraa wɔn ngo no, ɔhyɛɛ sɛ Israelfo mfa saa kyɛfa no mma wɔn; ɛyɛ wɔn kyɛfa daa daa wɔ awo ntoatoaso ɛbɛba nyinaa mu.
37 這就是燔祭、素祭、贖罪祭、贖愆祭,和平安祭的條例,並承接聖職的禮,
Eyinom ne amanne a ɛfa ɔhyew afɔrebɔ, atoko afɔrebɔ, bɔne afɔrebɔ, afɔdi afɔrebɔ, ahotew afɔrebɔ ne asomdwoe afɔrebɔ ho.
38 都是耶和華在西奈山所吩咐摩西的,就是他在西奈曠野吩咐以色列人獻供物給耶和華之日所說的。
Awurade de saa mmara yi maa Mose wɔ Sinai Bepɔw so sɛ ɔno nso mfa mma Israelfo no, sɛnea ɛbɛyɛ a wobehu ɔkwan a ɛsɛ sɛ wɔfa so bɔ wɔn afɔre ahorow no de ma Onyankopɔn wɔ Sinai sare so hɔ.